5 Mose 32 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 32:1-52

1Monyɛ aso, mo ɔsoro na mɛkasa;

tie, wo asase, nsɛm a efi mʼanom.

2Ma me nkyerɛkyerɛ ntɔ sɛ osu;

na me nsɛm nsian sɛ obosu,

sɛ osu a ɛpete gu sare foforo so,

sɛ osu mmoroso wɔ afifide foforo so.

3Mɛbɔ Awurade din.

O, monkamfo yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ!

4Ɔne Ɔbotan no, ne nnwuma so nni,

na nʼakwan nyinaa ye.

Onyankopɔn nokwafo a ɔnyɛ mfomso,

Ɔtreneeni ne ɔnokwafo ne no.

5Porɔwee adidi wɔn mu na wɔnyɛ ne mma;

wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo aniwufo.

6Saa ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so tua Awurade ka ni ana,

mo nkwaseafo ne adwenharefo?

Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfo no?

Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinaso?

7Monkae tete nna;

munnwen tete awo ntoatoaso no ho.

Mummisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo.

Mummisa mo mpanyimfo na wɔbɛkyerɛ mo ase.

8Bere a Ɔsorosoroni no maa amanaman no agyapade,

na ɔkyekyɛɛ adesamma nyinaa mu no,

ɔtotoo ahye maa nnipa no

sɛnea Israelmma no dodow te.

9Efisɛ Israelfo yɛ Awurade kyɛfa;

Yakob yɛ nʼagyapade wɔde maa no.

10Ohuu no wɔ sare asase so,

asase kesee a hwee nni so so.

Ɔde no sie hwɛɛ ne so;

ɔbɔɔ ne ho ban sɛ nʼaniwa kurutiayisi,

11sɛ ɔkɔre a ɔhwanyan ne berebuw mu

na ɔbɔ mfamfia fa ne mma ho,

na ɔtrɛw ne ntaban mu buma no,

soaa no kɔɔ no.

12Awurade nkutoo na ɔkyerɛɛ no kwan;

na ananafo nyame biara nka ne ho.

13Ɔma no nantew faa asase no nkoko so;

na ɔde mfuw so nnuaba bɔɔ no akɔnhama;

Ɔde ɔbotan mu wo

ne ngo a efi abohemaa mu,

14nyɛmmoa mu nufusu ne srade,

nguamma ne mmirekyi a wɔadɔ srade,

Basan adwennini a wɔpaw

ne atoko muhumuhu siesiee no.

Monom nsa papa a efi bobe mu.

15Yeshurun dɔɔ srade na onyaa ahoɔden;

aduan ma wɔyɛɛ duru, yɛɛ pemee.

Wɔtoo Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn no asaworam;

wɔpoo wɔn Nkwagye Botan no.

16Wɔma ɔtwee ninkunu wɔ wɔn ananafo anyame no ho

na wɔde wɔn abosom a okyi no hyɛɛ no abufuw.

17Wɔbɔɔ afɔre maa atoro anyame a wɔnyɛ Onyankopɔn,

anyame a na wonnim wɔn,

anyame a wɔbaa nnansa yi ara,

anyame a na mo agyanom nsuro wɔn.

18Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no.

Mo werɛ fii Onyankopɔn a ɔwoo mo no.

19Awurade huu eyi na ɔpoo wɔn

efisɛ ne mmabarima ne ne mmabea hyɛɛ no abufuw.

20Ɔkae se, “Mede mʼanim behintaw wɔn

na wɔahu sɛnea wɔn awiei bɛyɛ

Efisɛ, wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo;

mma a wonni nokware.

21Wɔde nea ɛnyɛ Onyame ahyɛ me ninkutwe

na wɔde wɔn ahoni ahuhuw no ahyɛ me abufuw.

Mɛma wɔn ani abere nnipa a wɔnyɛ me nkurɔfo.

Mɛma ɔman a wonni ntease no ahyɛ wɔn abufuw.

22Efisɛ mʼabufuwhyew befita ogya mu,

nea ɛhyew kɔka awufo a wɔwɔ asase ase no.

Ɛbɛsɛe asase ne so nnɔbae

na ɛpaapae mmepɔw fapem.

23“Mɛhɔre amanehunu ahorow no siw wɔ wɔn so

na matow me bɛmma awowɔ wɔn.

24Mede ɔkɔm kɛse,

atiridiinini ne owuyare a ɛsɛe ade;

mɛsoma nkekammoa se aba wɔn so;

nhurutoa a wɔtow si wɔ mfutuma mu no ano bɔre.

25Afoa bɛma wɔahwere wɔn mma wɔ abɔnten so;

wɔn afi mu, ehu bɛtɔ wɔn so.

Mmerante ne mmabaa,

mmofra ne nkwakoraa ase bɛhyew.

26Mekae se mɛbɔ wɔn ahwete

na mapepa wɔn din afi nnipa adwene mu.

27Nanso misuroo ɔtamfo fɛwdi,

anyɛ a na ɔtamfo ante ase aka se,

‘Yɛn nsa adi nkonim;

Ɛnyɛ Awurade na ɔyɛɛ eyinom nyinaa.’ ”

28Israel yɛ ɔman a wonni adwene.

Obi nni wɔn mu a ɔwɔ nhumu.

29Sɛ anka wɔyɛ anyansafo na wɔbɛte eyi ase,

na wɔahu nea wɔn awiei bɛyɛ ɛ!

30Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem,

na baanu bɛma mpem du aguan,

gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn

gye sɛ Awurade ayi wɔn ama.

31Efisɛ wɔn botan nte sɛ yɛn Botan,

sɛnea yɛn atamfo mpo gye to mu no.

32Wɔn bobe fi Sodom bobe mu

na efi Gomora mfuw mu.

Awuduru ahyɛ wɔn bobe aba mma,

na bɔnwoma ahyɛ wɔn kasiaw amaama.

33Wɔn bobesa yɛ awɔ ano bɔre;

aprammiri ano bɔrewerɛmfo.

34“So menkoraa eyi mmoroso,

na mensɔw ano wɔ mʼademude mu ana

35Mɛtɔ were; metua so ka.

Wɔn nan bɛwatiri bere a ɛsɛ mu;

wɔn atoyerɛnkyɛm no abɛn

na wɔn sɛe taa wɔn.”

36Awurade bebu ne nkurɔfo atɛn

na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho,

bere a wahu sɛ wɔn ahoɔden asa,

na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehye.

37Obebisa se, “Afei wɔn anyame no wɔ he,

ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn guankɔbea,

38anyame a wodii wɔn afɔrebɔde mu srade

na wɔnom wɔn ɔnom afɔrebɔ mu nsa no?

Ma wɔnsɔre mmɛboa mo!

Ma womegye mo!

39“Afei, munhu sɛ, me ara me ne no!

Onyame biara nni hɔ sɛ me!

Me na mikum na mema nkwa:

Me na mipira, na mɛkyekye,

na obi rentumi nnye mfi me nsam.

40Mema me nsa so kyerɛ ɔsoro de nidi sua sɛ:

Sɛ mete ase daa yi,

41sɛ mesew me afoa a ɛpa yerɛwyerɛw no

na mifi atemmu mu so mu kuaw a,

mɛtɔ mʼatamfo so were

na matua wɔn a wokyi me ka.

42Mɛma me bɛmma anom mogya abow,

na mʼafoa adi ɔhonam,

atɔfo ne nnommumfo mogya,

atamfo ntuanofo no ti.”

43Mo aman, mo ne ne nkurɔfo nni ahurusi,

efisɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were;

ɔbɛtɔ were wɔ nʼatamfo so

na wapata ama nʼasase ne ne nkurɔfo.

44Mose ne Nun babarima Hosea ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no. 45Mose woroo saa dwom no mu nsɛm no kyerɛɛ Israelfo no wiee no, 46ɔka kaa ho se, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo koma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso, sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi saa mmara yi mu nsɛm nyinaa so pɛpɛɛpɛ. 47Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi a wɔde rema mo kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ mudi so a, mubenyin akyɛ wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔfa no so.”

Mose Wu

48Da no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 49“Kɔ Moab, kɔ mmepɔw a ɛwɔ asu no apuei no so, na foro Nebo bepɔw a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfo sɛ wɔn agyapade no. 50Bepɔw a woaforo no so hɔ na wobɛkɔ akɔka wʼagyanom ho, sɛnea wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔw so kɔkaa nʼagyanom ho no. 51Efisɛ mo baanu dii me huammɔ wɔ Israelfo mu wɔ Meriba ne Kades asu ho wɔ Sin sare so. Moanni me kronkronyɛ ho adanse ankyerɛ Israelfo no wɔ hɔ. 52Ɛno nti, mubehu asase no afi akyiri, nanso morenkɔ asase a mede rema Israelfo no so.”

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 32:1-52

1Monyɛ aso, Ao ɔsoro na mɛkasa!

Tie, Ao asase, nsɛm a ɛfiri mʼanom.

2Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ agu mo so sɛ nsuo;

me kasa bɛgu sɛ obosuo.

Me nsɛm bɛtɔ sɛ osuo a ɛgu ɛserɛ foforɔ so,

te sɛ nsuo a ɛpete afifideɛ foforɔ so.

3Mɛbɔ Awurade din;

Animuonyam wɔ yɛn Onyankopɔn.

4Ɔyɛ Ɔbotan; nʼadwuma yɛ pɛ;

Biribiara a ɔyɛ nam ne kwan so, na ɛyɛ.

Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔnyɛ mfomsoɔ;

Ɔteneneeni ne nokwafoɔ ne no.

5Nanso wɔayɛ amumuyɛsɛm atia no;

sɛ wɔyɛ saa a, na wɔyɛ ne mma anaa?

Wɔyɛ adaadaafoɔ ne nkyirimma kɔntɔnkye.

6Saa na ɛsɛ sɛ mo ne Awurade di no?

Mo nkwaseafoɔ ne adwenemherɛfoɔ.

Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfoɔ?

Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinasoɔ?

7Monkae tete nna;

monnwene awoɔ ntoatoasoɔ a atwam ho.

Mommisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo.

Mommisa mo mpanimfoɔ na wɔbɛka akyerɛ mo.

8Ɛberɛ a Ɔsorosoroni kyekyɛɛ nsase maa amanaman,

na ɔkyekyɛɛ adasamma mu no,

ɔtotoo ahyeɛ maa nnipa no

sɛdeɛ Israelfoɔ no ano sie.

9Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ yɛ Awurade dea;

Yakob yɛ nʼagyapadeɛ sononko.

10Ɔhunuu wɔn wɔ ɛserɛ asase so

Asase kesee a hwee nni so so.

Ɔtwaa wɔn ho hyiaeɛ, hwɛɛ wɔn so;

Wɛn wɔn sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo.

11Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne mma,

na ɔbɔ mpɛmpɛn fa wɔn ho,

saa ara na ɔtrɛɛ ne ntaban mu bumaa wɔn,

sɔɔ wɔn mu den de wɔn tu kɔɔ soro.

12Awurade nko na ɔkyerɛ wɔn ɛkwan.

Wɔtenaa ase a wɔnni ananafoɔ anyame biara.

13Ɔma wɔnante faa nkokoɔ so;

Ɔma wɔdi mfuo so nnɔbaeɛ;

ɔde abotan mu woɔ,

ne ngo a ɛfiri abohemaa mu siesie wɔn.

14Ɔde anantwie nufosuo mu sradeɛ ne nnwan nufosuo,

nnwan ne mmirekyie mu sradeɛ ma wɔdiiɛ.

Ɔde Basan nnwennini ne nnwan a wɔadɔre,

ne atokoɔ papa maa wɔn.

Monom bobesa papa a ɛfiri bobe mu.

15Nanso, ankyɛre Yeshurun dɔree sradeɛ yɛɛ ahomasoɔ;

nnipa no mu yɛɛ duru, yɛɛ abrane, yɛɛ pemee!

Afei, wɔpaa Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn;

wɔammu wɔn Botan a ɔyɛ wɔn nkwagyeɛ no.

16Wɔkanyane ne ninkunutwe, ɛfiri sɛ wɔsomm anyame foforɔ;

wɔyɛɛ akyiwadeɛ pii de hyɛɛ no abufuo.

17Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ahonhom fi, anyame huhuo,

anyame a na wɔnnim wɔn dada,

anyame a wɔbaa nnansa yi ara,

anyame a na wɔn agyanom nsuro wɔn.

18Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no.

Mo werɛ firii Onyankopɔn a ɔwoo mo no.

19Awurade hunuu yei na wɔn ho yɛɛ no nwunu.

Ɔno ankasa mmammarima ne ne mmammaa hyɛɛ no abufuo.

20Ɔkaa sɛ, “Mɛgya wɔn hɔ;

Mɛma wɔn awieeɛ aba!

Ɛfiri sɛ, wɔyɛ awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye;

mma a wɔnni nokorɛ.

21Wɔde anyame foforɔ som akanyane me ninkuntwe;

wɔde anyame huhuo ahyɛ me abufuo.

Afei, mɛhyira aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ama wɔn ani abere;

mɛhyira aman amanmufoɔ a wɔnni nteaseɛ ahyɛ wɔn abufuo.

22Mʼabufuo dɛre sɛ ogya,

na ɛhye kɔsi damena mu.

Ɛsɛe asase ne so nnɔbaeɛ nyinaa

na ɛpaapae mmepɔ fapem.

23“Mɛhɔre amanehunu wɔ wɔn so

na mato me bɛmma awowɔ wɔn.

24Mede ɛkɔm kɛseɛ,

huraeɛnini ne owuyadeɛ bɛba wɔn so.

Wɔde wiram mmoa se

ne awɔ a wɔn ano wɔ borɔ a wɔwea fam bɛha wɔn.

25Mmɔntene so no wɔbɛwuwu akofena ano,

na afie mu, ehu bɛtɔ wɔn so.

Mmeranteɛ ne mmabaawa

mmɔfra ne mpanin nyinaa.

26Meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛbɔ wɔn ahwete

ama wɔn nkaeɛ ayera.

27Nanso, mesuroo ɔtamfoɔ fɛdie,

sɛ ebia atiafoɔ rente aseɛ na wɔaka sɛ,

‘Yɛn tumi adi nkonim!

Ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ!’ ”

28Israel yɛ ɔman a wɔnni adwene.

Nnipa no yɛ nkwaseafoɔ, na wɔnni nteaseɛ.

29Ao, sɛ wɔnim nyansa a, anka wɔbɛte yei ase!

Ao, anka wɔbɛhunu wɔn hyɛberɛ!

30Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem,

na baanu bɛma ɔpedu adwane,

gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn.

Gye sɛ Awurade ayi wɔn ama.

31Na wɔn botan nte sɛ yɛn Botan,

sɛdeɛ wɔhunu no.

32Wɔn bobe nyini firi Sodom bobe mu

firi Gomora bobe nturom.

Wɔn bobe aba yɛ awuduro

na wɔn siaka nso yɛ nwono.

33Wɔn bobesa yɛ awɔ ano borɔ;

aprammire ano borɔ kɔdiawuo.

34“Merekora saa nneɛma yi nyinaa,

asɔ ano de asie mʼadekoradan mu.

35Mɛtɔ awere; wɔn a ɛfata wɔn no, ɛbɛtua wɔn so ka.

Ɛrenkyɛre wɔn nan bɛwatiri.

Wɔn amanehunu da no bɛduru,

na wɔn hyɛberɛ bɛto wɔn.”

36Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn

na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho,

Ɛberɛ a wahunu sɛ wɔn ahoɔden asa,

na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehyeɛ.

37Ɔbɛbisa sɛ, “Afei wɔn anyame no wɔ he,

ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn dwanekɔbea no,

38anyame a wɔdii wɔn afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ no

na wɔnom wɔn afɔrebɔdeɛ mu nsã no?

Ma saa anyame no nsɔre mmɛboa mo!

Ma wɔnyɛ mo dwanekɔbea!

39“Afei, monhunu sɛ, me ara me ne no!

Onyame biara nni hɔ sɛ me!

Me na mekum na mema nkwa:

Me na mepira, na mesa;

obi ntumi nnye wo mfiri me nsam.

40Afei, mepagya me nsa kyerɛ soro

Ka sɛ: Sɛ mete ase yi,

41Sɛ mese mʼakofena a ɛpa yerɛ yerɛ ano

na mefiri atemmuo ase a,

mɛtɔ mʼatamfoɔ so awere

na matua wɔn a wɔtan me so ka.

42Mɛma me bɛmma anom mogya abo,

na mʼakofena asɛe honam,

atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya,

ne atamfoɔ ntuanofoɔ tiri.”

43Ao ɔsorosoro, mo ne no nni ahurisie,

ɛfiri sɛ, ɔbɛtɔ nʼasomfoɔ mogya so were.

Ɔbɛtɔ nʼatamfoɔ so awere

na wadwira nʼasase ne ne nkurɔfoɔ ho.

44Mose ne Nun babarima Hosea baeɛ bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no. 45Mose wiee saa dwom no mu nsɛm no ka no, 46ɔka kaa ho sɛ, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo akoma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdi emu asɛm biara so sɛ mmara. 47Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ modi so a, mo nkwa nna bɛware wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔtena so no so.”

Mose Owuo

48Ɛda no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 49“Kɔ Moab, kɔ mmepɔ a ɛwɔ asuo no apueeɛ no so, na foro Nebo bepɔ a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ no. 50Ɛhɔ na wobɛwu wɔ bepɔ no so, na woakɔka wʼagyanom ho, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔ so kɔkaa nʼagyanom ho no. 51Ɛfiri sɛ, mo baanu dii me hwammɔ wɔ Israelfoɔ mu wɔ Meriba ne Kades asuo ho wɔ Sin ɛserɛ so. Moanni me kronkronyɛ ho adanseɛ ankyerɛ Israelfoɔ no wɔ hɔ. 52Ɛno enti, mobɛhunu asase no afiri akyiri, nanso mo nan rensi asase a mede rema Israelfoɔ no so.”