5 Mose 32 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 32:1-52

1Monyɛ aso, mo ɔsoro na mɛkasa;

tie, wo asase, nsɛm a efi mʼanom.

2Ma me nkyerɛkyerɛ ntɔ sɛ osu;

na me nsɛm nsian sɛ obosu,

sɛ osu a ɛpete gu sare foforo so,

sɛ osu mmoroso wɔ afifide foforo so.

3Mɛbɔ Awurade din.

O, monkamfo yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ!

4Ɔne Ɔbotan no, ne nnwuma so nni,

na nʼakwan nyinaa ye.

Onyankopɔn nokwafo a ɔnyɛ mfomso,

Ɔtreneeni ne ɔnokwafo ne no.

5Porɔwee adidi wɔn mu na wɔnyɛ ne mma;

wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo aniwufo.

6Saa ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so tua Awurade ka ni ana,

mo nkwaseafo ne adwenharefo?

Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfo no?

Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinaso?

7Monkae tete nna;

munnwen tete awo ntoatoaso no ho.

Mummisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo.

Mummisa mo mpanyimfo na wɔbɛkyerɛ mo ase.

8Bere a Ɔsorosoroni no maa amanaman no agyapade,

na ɔkyekyɛɛ adesamma nyinaa mu no,

ɔtotoo ahye maa nnipa no

sɛnea Israelmma no dodow te.

9Efisɛ Israelfo yɛ Awurade kyɛfa;

Yakob yɛ nʼagyapade wɔde maa no.

10Ohuu no wɔ sare asase so,

asase kesee a hwee nni so so.

Ɔde no sie hwɛɛ ne so;

ɔbɔɔ ne ho ban sɛ nʼaniwa kurutiayisi,

11sɛ ɔkɔre a ɔhwanyan ne berebuw mu

na ɔbɔ mfamfia fa ne mma ho,

na ɔtrɛw ne ntaban mu buma no,

soaa no kɔɔ no.

12Awurade nkutoo na ɔkyerɛɛ no kwan;

na ananafo nyame biara nka ne ho.

13Ɔma no nantew faa asase no nkoko so;

na ɔde mfuw so nnuaba bɔɔ no akɔnhama;

Ɔde ɔbotan mu wo

ne ngo a efi abohemaa mu,

14nyɛmmoa mu nufusu ne srade,

nguamma ne mmirekyi a wɔadɔ srade,

Basan adwennini a wɔpaw

ne atoko muhumuhu siesiee no.

Monom nsa papa a efi bobe mu.

15Yeshurun dɔɔ srade na onyaa ahoɔden;

aduan ma wɔyɛɛ duru, yɛɛ pemee.

Wɔtoo Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn no asaworam;

wɔpoo wɔn Nkwagye Botan no.

16Wɔma ɔtwee ninkunu wɔ wɔn ananafo anyame no ho

na wɔde wɔn abosom a okyi no hyɛɛ no abufuw.

17Wɔbɔɔ afɔre maa atoro anyame a wɔnyɛ Onyankopɔn,

anyame a na wonnim wɔn,

anyame a wɔbaa nnansa yi ara,

anyame a na mo agyanom nsuro wɔn.

18Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no.

Mo werɛ fii Onyankopɔn a ɔwoo mo no.

19Awurade huu eyi na ɔpoo wɔn

efisɛ ne mmabarima ne ne mmabea hyɛɛ no abufuw.

20Ɔkae se, “Mede mʼanim behintaw wɔn

na wɔahu sɛnea wɔn awiei bɛyɛ

Efisɛ, wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo;

mma a wonni nokware.

21Wɔde nea ɛnyɛ Onyame ahyɛ me ninkutwe

na wɔde wɔn ahoni ahuhuw no ahyɛ me abufuw.

Mɛma wɔn ani abere nnipa a wɔnyɛ me nkurɔfo.

Mɛma ɔman a wonni ntease no ahyɛ wɔn abufuw.

22Efisɛ mʼabufuwhyew befita ogya mu,

nea ɛhyew kɔka awufo a wɔwɔ asase ase no.

Ɛbɛsɛe asase ne so nnɔbae

na ɛpaapae mmepɔw fapem.

23“Mɛhɔre amanehunu ahorow no siw wɔ wɔn so

na matow me bɛmma awowɔ wɔn.

24Mede ɔkɔm kɛse,

atiridiinini ne owuyare a ɛsɛe ade;

mɛsoma nkekammoa se aba wɔn so;

nhurutoa a wɔtow si wɔ mfutuma mu no ano bɔre.

25Afoa bɛma wɔahwere wɔn mma wɔ abɔnten so;

wɔn afi mu, ehu bɛtɔ wɔn so.

Mmerante ne mmabaa,

mmofra ne nkwakoraa ase bɛhyew.

26Mekae se mɛbɔ wɔn ahwete

na mapepa wɔn din afi nnipa adwene mu.

27Nanso misuroo ɔtamfo fɛwdi,

anyɛ a na ɔtamfo ante ase aka se,

‘Yɛn nsa adi nkonim;

Ɛnyɛ Awurade na ɔyɛɛ eyinom nyinaa.’ ”

28Israel yɛ ɔman a wonni adwene.

Obi nni wɔn mu a ɔwɔ nhumu.

29Sɛ anka wɔyɛ anyansafo na wɔbɛte eyi ase,

na wɔahu nea wɔn awiei bɛyɛ ɛ!

30Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem,

na baanu bɛma mpem du aguan,

gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn

gye sɛ Awurade ayi wɔn ama.

31Efisɛ wɔn botan nte sɛ yɛn Botan,

sɛnea yɛn atamfo mpo gye to mu no.

32Wɔn bobe fi Sodom bobe mu

na efi Gomora mfuw mu.

Awuduru ahyɛ wɔn bobe aba mma,

na bɔnwoma ahyɛ wɔn kasiaw amaama.

33Wɔn bobesa yɛ awɔ ano bɔre;

aprammiri ano bɔrewerɛmfo.

34“So menkoraa eyi mmoroso,

na mensɔw ano wɔ mʼademude mu ana

35Mɛtɔ were; metua so ka.

Wɔn nan bɛwatiri bere a ɛsɛ mu;

wɔn atoyerɛnkyɛm no abɛn

na wɔn sɛe taa wɔn.”

36Awurade bebu ne nkurɔfo atɛn

na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho,

bere a wahu sɛ wɔn ahoɔden asa,

na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehye.

37Obebisa se, “Afei wɔn anyame no wɔ he,

ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn guankɔbea,

38anyame a wodii wɔn afɔrebɔde mu srade

na wɔnom wɔn ɔnom afɔrebɔ mu nsa no?

Ma wɔnsɔre mmɛboa mo!

Ma womegye mo!

39“Afei, munhu sɛ, me ara me ne no!

Onyame biara nni hɔ sɛ me!

Me na mikum na mema nkwa:

Me na mipira, na mɛkyekye,

na obi rentumi nnye mfi me nsam.

40Mema me nsa so kyerɛ ɔsoro de nidi sua sɛ:

Sɛ mete ase daa yi,

41sɛ mesew me afoa a ɛpa yerɛwyerɛw no

na mifi atemmu mu so mu kuaw a,

mɛtɔ mʼatamfo so were

na matua wɔn a wokyi me ka.

42Mɛma me bɛmma anom mogya abow,

na mʼafoa adi ɔhonam,

atɔfo ne nnommumfo mogya,

atamfo ntuanofo no ti.”

43Mo aman, mo ne ne nkurɔfo nni ahurusi,

efisɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were;

ɔbɛtɔ were wɔ nʼatamfo so

na wapata ama nʼasase ne ne nkurɔfo.

44Mose ne Nun babarima Hosea ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no. 45Mose woroo saa dwom no mu nsɛm no kyerɛɛ Israelfo no wiee no, 46ɔka kaa ho se, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo koma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso, sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi saa mmara yi mu nsɛm nyinaa so pɛpɛɛpɛ. 47Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi a wɔde rema mo kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ mudi so a, mubenyin akyɛ wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔfa no so.”

Mose Wu

48Da no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 49“Kɔ Moab, kɔ mmepɔw a ɛwɔ asu no apuei no so, na foro Nebo bepɔw a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfo sɛ wɔn agyapade no. 50Bepɔw a woaforo no so hɔ na wobɛkɔ akɔka wʼagyanom ho, sɛnea wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔw so kɔkaa nʼagyanom ho no. 51Efisɛ mo baanu dii me huammɔ wɔ Israelfo mu wɔ Meriba ne Kades asu ho wɔ Sin sare so. Moanni me kronkronyɛ ho adanse ankyerɛ Israelfo no wɔ hɔ. 52Ɛno nti, mubehu asase no afi akyiri, nanso morenkɔ asase a mede rema Israelfo no so.”