5 Mose 33 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 33:1-29

Mose Hyira Mmusuakuw No

1Eyi ne nhyira a Onyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfo no ansa na ɔrewu:

2Ose, “Awurade fi Sinai bae

ofi Seir baa wɔn so;

ɔhran fi Paran bepɔw so.

Ɔde akronkronfo pii bae

fi anafo fam ne mmepɔw nsian so.

3Nokware ni, wo na wodɔ nnipa no,

akronkronfo nyinaa wɔ wo nsam.

Wɔn nyinaa kotow wo nan ase,

na wonya nkyerɛkyerɛ fi wo hɔ,

4mmara a Mose de maa yɛn no;

Yakob nkurɔfo agyapade.

5Ɔyɛɛ ɔhene wɔ Yeshurun

bere a nnipa no ntuanofo hyiae,

wɔne Israel mmusuakuw no.

6“Ma Ruben nya nkwa na onwu,

na mma ne nkurɔfo so nhuan.”

7Na ɔkaa eyi faa Yuda ho:

“Tie, Awurade, tie Yuda sufrɛ;

fa no brɛ ne nkurɔfo.

Ɔde nʼankasa nsa bɔ ne ho ban.

Ao, yɛ ne boafo tia nʼatamfo!”

8Asɛm a ɔka faa Lewi abusuakuw ho:

Awurade, wode ade kronkron

ama wʼasomfo nokwafo Lewifo.

Wosɔɔ wɔn hwɛe wɔ Masa

wɔne wɔn koe wɔ Meriba asu ho.

9Lewifo tiee wʼasɛm

bɔɔ wʼapam no ho ban.

Wodii wo nokware

sen sɛnea wodii wɔn awofo,

abusuafo ne wɔn mma nokware.

10Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no.

Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfo.

Wɔde aduhuam bɛba wʼanim

Abɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka so.

11Hyira Lewifo, Ao Awurade

na ma wɔn nsa ano nnwuma nsɔ wʼani.

Bubu wɔn atamfo;

bɔ wɔn atamfo hwe fam a wɔnsɔre bio.”

12Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuw ho:

“Ma Awurade dɔ nnye ntin wɔ Benyamin nkurɔfo mu,

efisɛ ɔbɔ wɔn ho ban daa nyinaa,

na nea Awurade dɔ no no nhome wɔ ne nwini ase daa.”

13Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuw ho:

Awurade mfa ne sorosoro bosu a ɛsom bo

ne bun mu nsu a efi asase ase no,

nhyira wɔn nsase.

14Ɔmfa ne nnepa efi owia mu ba

ne adonne a ebetumi apue afi ɔsram so;

15ne nnɔbae pa a efi tete mmepɔw mu

ne nea abu so wɔ nkoko a etim hɔ daa mu

16ne akyɛde a ɛso nni a efi asase ne ne mayɛ mu,

ne adom a efi nea na ɔte nwura a ɛhyew mu no.

Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef ti so,

nea ɔyɛ ne nuanom mu ɔheneba no anintɔn mu.

17Yosef sɛ nantwinini a ɔyɛ abakan wɔ ahenni mu.

Ne ahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn.

Ɔde bɛwowɔ aman no,

wɔn a wɔwɔ asase ano no mpo.

Eyinom ne Efraim mpem du du no;

eyinom ne Manase mpempem no.”

18Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuw ho:

“Sebulon asefo, munni anigye wɔ mo adifi mu.

Isakar asefo, munni anigye wɔ mo ntamadan mu.

19Wɔbɛfrɛ nnipa ahorow akɔ bepɔw no so

kɔbɔ trenee afɔre wɔ hɔ;

wobefi po mu adenya mmoroso mu ato pon

afi ademude a ahintaw wɔ nwea mu.”

20Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuw ho:

“Nhyira nka obi a ɔtrɛw Gad mantam mu!

Gad te hɔ sɛ gyata

a ɔretetew abasa anaa eti.

21Gad nkurɔfo paw asase pa no maa wɔn ho;

ɔkannifo kyɛfa na wɔde maa wɔn.

Bere a nkurɔfo no mpanyimfo hyiae no,

wɔyɛɛ Awurade atɛntrenee apɛde no,

ne nʼatemmu a ɛfa Israelfo ho no.”

22Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuw ho:

“Dan yɛ gyata ba a,

ɔrepue afi Basan.”

23Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuw ho:

“Naftali wɔ adom bebree

na Awurade nhyira ayɛ wo ma;

ɔtare no anafo fam bɛyɛ wo kyɛfa.”

24Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuw ho:

“Mma no mu nea wɔahyira no koraa ne Aser;

wɔmma ne nuanom mpɛ nʼasɛm,

na ɔmfa ngo nguare nʼanan ase.

25Wʼapon ho nkyerewa nyɛ dade ne kɔbere mfrafrae;

wʼahoɔden ne wo nkwanna bɛsae so.

26“Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Nyankopɔn;

a ɔnam ɔsorosoro ne nʼahenni mu mununkum

so ba bɛboa wo.

27Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo guankɔbea;

nea ɛwɔ ase no ne abasa a ɛwɔ hɔ daa no.

Ɔbɛpam wʼatamfo afi wʼanim;

ɔbɛka se, ‘Sɛe wɔn!’

28Enti, Israel bɛtena ase dwoodwoo;

Yakob benya bammɔ

wɔ asase a atoko ne nsa foforo wɔ so,

faako a ɔsoro bosu gugu.

29Nhyira nka mo, Israel!

Hena na ɔte sɛ mo,

nnipa a Awurade agye mo nkwa.

Ɔyɛ mo nkatabo ne boafo

ne mo anuonyam afoa!

Mo atamfo bɛkotow mo anim,

na moatiatia wɔn sorɔnsorɔmmea.”

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 33:1-29

Mose Hyira Mmusuakuo No

1Yei ne nhyira a Onyankopɔn onipa Mose de hyiraa Israelfoɔ no ansa na ɔrewu: 2Ɔkaa sɛ,

Awurade firi Sinai ba bɛpuee

yɛn so firii Seir;

ɔhran firii Paran bepɔ so.

Ɔde akronkronfoɔ pii ba firii

anafoɔ fam ne mmepɔ nsianeɛ so.

3Nokorɛ mu, wo wodɔ wo nnipa no,

akronkronfoɔ nyinaa wɔ wo nsam.

Wɔkoto wo nan ase,

na wɔnya nkyerɛkyerɛ firi wo hɔ;

4mmara a Mose de maa yɛn no:

Yakob nkurɔfoɔ agyapadeɛ.

5Awurade yɛɛ ɔhene wɔ Yeshurun

ɛberɛ a nnipa no ntuanofoɔ hyiaa

Israel mmusuakuo no.

6“Ma Ruben nya nkwa. Mma nʼase ntɔre.

Na ne mmarima nso, mma wɔn so nhwan.”

7Asɛm a Mose ka faa Yuda abusuakuo ho nie:

“Tie Ao Awurade, tie Yuda sufrɛ

fa no brɛ ne nkurɔfoɔ.

Ɔde nʼankasa ahoɔden bɔ ne ho ban.

Yɛ ne ɔboafoɔ na tia nʼatamfoɔ!”

8Asɛm a Mose ka faa Lewi abusuakuo ho nie:

“Ao Awurade, wode ade kronkron

ama wʼasomfoɔ nokwafoɔ Lewifoɔ.

Wosɔɔ wɔn hwɛɛ wɔ Masa

wone wɔn koeɛ wɔ Meriba asuo ho.

9Lewifoɔ tiee wʼasɛm

bɔɔ wʼapam no ho ban.

Wɔdii wo nokorɛ

sene sɛdeɛ wɔdii wɔn awofoɔ,

wɔn abusuafoɔ ne wɔn mma nokorɛ.

10Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no.

Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfoɔ.

Wɔde aduhwam bɛba wʼanim

Abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so.

11Hyira Lewifoɔ, Ao Awurade

na ma wɔn nnwuma nyinaa nsɔ wʼani.

Bubu wɔn atamfoɔ nnwonku;

bɔ wɔn atamfoɔ hwe fam a wɔnsɔre bio.”

12Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuo ho nie:

Awurade dɔ Benyamin nkurɔfoɔ

na wɔnya banbɔ wɔ ne mu.

Ɔtwa wɔn ho hyia ɛberɛ biara

na ɔbɔ wɔn ho ban firi ɔhaw biara mu.”

13Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuo ho nie:

Awurade nhyira wɔn nsase;

ɔmfa ne bosuo pa a ɛfiri sorosoro

ne nsuo a ɛfiri asase ase pɛɛ no,

14ne nnepa a ɛnyini wɔ owia mu

ne adonneɛ a ɛba ɔbosome biara mu;

15ne nnɔbaeɛ pa a ɛfiri tete mmepɔ mu

ne deɛ abu so wɔ nkokoɔ a ɛtim hɔ daa mu

16ne akyɛdeɛ amapa dodoɔ a ɛfiri asase mu,

ne adom a ɛfiri deɛ ɔpuee wɔ ogya a ɛrederɛ no mu.

Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef so

nhyɛ no ahenkyɛ wɔ ne nuanom mu.

17Yosef wɔ ahoɔden ne tumi sɛ nantwie ba.

Nʼahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn.

Ɔde bɛwowɔ akyirikyiri aman,

apamo wɔn akɔ asase ano.

Yei ne me nhyira a

mede rema Efraim bebrebe

ne Manase mpempem no.”

18Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuo ho nie:

“Sebulon asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo akwantuo biara mu.

Isakar asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo fie ntomadan mu.

19Wɔfrɛ nnipa no kɔ bepɔ no so

kɔbɔ afɔdeɛ a ɛdi mu wɔ hɔ.

Wɔnya mfasoɔ firi ɛpo mu nnepa

ne ademudeɛ a ahinta wɔ anwea mu.”

20Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuo ho nie:

“Nhyira nka obi a ɔtrɛ Gad mantam mu!

Gad ayɛ krado sɛ gyata

a ɔrebɛtu abasa anaa wate etire.

21Gad nkurɔfoɔ gyee asase pa no maa wɔn ho;

ɔkannifoɔ kyɛfa na wɔde maa wɔn.

Ɛberɛ a nkurɔfoɔ no mpanimfoɔ hyiaeɛ no,

wɔde Awurade atɛntenenee yɛɛ adwuma,

na wɔdii mmara a wɔde maa Israelfoɔ no so.”

22Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuo ho nie:

“Dan yɛ gyata ba a

ɔrehurihuri firi Basan.”

23Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuo ho nie:

“Ao Naftali, wowɔ adom bebree

na Awurade nhyira ayɛ wo ma;

atɔeɛ fam ne anafoɔ fam bɛyɛ wo kyɛfa.”

24Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuo ho nie:

“Aser nnya animuonyam wɔ ne nuanom anim;

ne nuanom mfa anidie mma no;

wɔmfa ngo nsra ne nan ho.

25Wʼapono ho nkyerewa nyɛ dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ;

Awurade mmɔ wo ho ban wo nkwa nna nyinaa.

26“Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Onyankopɔn;

Ɔnam ɔsorosoro bɛboa wo,

ɔde ne tumi nante omununkum mu.

27Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo dwanekɔbea;

nʼabasa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo.

Ɔbɛpam wʼatamfoɔ afiri wʼanim;

Ɔno na ɔteaam sɛ, ‘Sɛe wɔn!’

28Enti, Israel bɛtena ase asomdwoeɛ mu;

Yakob a wanya nkɔsoɔ bɛnya banbɔ

wɔ asase a aduane ne nsã wɔ so,

na ɔsoro tɔ bosuo gu so.

29Nhyira nka mo, Ao Israel!

Hwan na ɔte sɛ mo,

nnipa a Awurade agye mo nkwa.

Ɔyɛ mo akokyɛm ne mo ɔboafoɔ

ne mo nkonimdie akofena!

Mo atamfoɔ bɛkoto mo anim,

na moatiatia wɔn so.”