5 Mose 31 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 31:1-30

Yosua Di Mose Ade

1Bere a Mose kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfo wiee no, 2ɔkaa bio se, “Mprempren madi mfe ɔha ne aduonu, nti merentumi nni mo anim bio. Awurade aka akyerɛ me sɛ merentwa Asubɔnten Yordan. 3Nanso Awurade, mo Nyankopɔn no, ankasa bedi mo anim atwa. Ɔbɛsɛe aman a wɔte hɔ na mobɛfa wɔn asase no. Yosua ne onipa foforo a obedi mo anim sɛnea Awurade hyɛɛ mo bɔ no. 4Awurade bɛsɛe aman aman a wɔte asase no so no sɛnea ɔsɛee Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifo ahemfo no. 5Awurade de nnipa a wɔte hɔ no bɛhyɛ mo nsa na ɛsɛ sɛ mo ne wɔn di no sɛnea mahyɛ mo no. 6Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Munnsuro wɔn! Awurade, mo Nyankopɔn no, bedi mo anim. Ɔrenni mo huammɔ na ɔrennyaw mo nso.”

7Afei, Mose frɛɛ Yosua ka kyerɛɛ no wɔ Israelfo no nyinaa anim se, “Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a Awurade kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so; na wo na wobɛkyɛ ama wɔn. 8Awurade na ɔredi wʼanim. Ɔbɛka wo ho; ɔrenni wo huammɔ na ɔrennyaw wo nti nsuro na mma wo koma ntu!”

Mmara No Kenkan

9Afei, Mose kyerɛw mmara yi too hɔ; ɔde maa Lewifo asɔfo a wɔsoaa Awurade apam adaka no ne Israel mpanyimfo nyinaa. 10Mose hyɛɛ wɔn se, “Mfe ason biara awiei, Asese Afahyɛ mu no, wɔmfa obiara ka a ɔde no nkyɛ no. 11Israelfo nyinaa nhyia wɔ Awurade mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛkyerɛ no, na moakenkan saa mmara yi wɔ wɔn anim ama wɔate. 12Frɛ nnipa no nyinaa, mmarima, mmea, mmofra ne ahɔho a wɔte mo nkurow so nso sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte na wobesua sɛ, ɛsɛ sɛ wosuro Awurade, mo Nyankopɔn no, na wobedi mmara no so pɛpɛɛpɛ 13na ama wɔn mma a wonnim mmara no ate na wɔasua sɛnea ɛsɛ sɛ wosuro Awurade, mo Nyankopɔn no, mmere dodow a mote asase a moretwa Yordan akɔfa sɛ agyapade no so.”

Wɔka Israel Asoɔden Ho Asɛm

14Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Wo wu bere aso. Frɛ Yosua na fa no kɔ Ahyiae Ntamadan no mu, faako a mede nʼadwuma bɛhyɛ ne nsa no.” Enti Mose ne Yosua kɔdaa wɔn ho adi wɔ Ahyiae Ntamadan no mu.

15Na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ omununkum fadum mu, na omununkum no gyinaa ntamadan no abobow ano. 16Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ɛrenkyɛ wubewu na woakɔka wʼagyanom ho, na ɛrenkyɛ na saa nnipa yi de wɔn ho bɛma anyame hɔho a wɔwɔ asase a wɔrekɔ so no so no. Wobegyaw me na wɔabu apam a me ne wɔn hyehyɛɛ no so. 17Na saa da no, me bo befuw wɔn na mapo wɔn; mede mʼanim behintaw wɔn na wɔbɛsɛe wɔn. Ɔhaw a emu yɛ den ahorow pii bɛba wɔn so ama wɔabisa se, ‘So ɛnsɛ sɛ saa ɔhaw yi ba, esiane sɛ Onyankopɔn nni yɛn nkyɛn bio no nti?’ 18Saa bere no mede mʼanim behintaw wɔn esiane wɔn bɔne ahorow a wɔayɛ wɔ anyame afoforo a wɔsom no nti.

19“Afei, monkyerɛw saa dwom yi mu nsɛm mfa na monkyerɛ Israelfo no, na wɔnto sɛnea ɛbɛyɛ adansede ama me na mede atia wɔn. 20Mede wɔn bɛba asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so sɛnea mekaa ntam hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Na wodidi mee yɛ akɛse a, afei, wɔbɛdan wɔn ani akɔsom anyame afoforo apo me, nam so abu mʼapam no so. 21Afei, ɔhaw ne akwanside bebree ba wɔn so a, dwom yi bedi adanse atia wɔn, efisɛ wɔn asefo werɛ remfi da. Minim nea wotumi yɛ koraa ansa na mede wɔn bɛba asase a maka ho ntam ahyɛ bɔ no so.” 22Enti Mose kyerɛw dwom no guu hɔ saa da no na ɔkyerɛɛ Israelfo no.

23Afei, Awurade hyɛɛ Nun babarima Yosua sɛ, “Yɛ den na yɛ nnam, efisɛ wo na wode Israelfo no bɛba asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ no so na mʼankasa mɛka mo ho.”

24Bere a Mose kyerɛw mmara nsɛm no nyinaa fi mfiase kosii awiei no guu nhoma mu wiei no, 25ɔde saa ahyɛde yi maa Lewifo a na wɔsoa Awurade apam adaka no: 26“Momfa saa Mmara Nhoma yi nkɔto Awurade, mo Nyankopɔn, apam adaka no nkyɛn. Ɛhɔ na ɛbɛda sɛ adansede a etia Israelfo. 27Efisɛ minim sɛnea moyɛ atuatewfo ne asoɔden. Mpo, me ne mo da so wɔ hɔ yi, moatew Awurade so atua. Na me wu akyi no, atua bɛn na morentew! 28Momfrɛ mo mpanyimfo nyinaa ne mo mmusuakuw ntuanofo nyinaa sɛnea metumi akasa akyerɛ wɔn na mafrɛ ɔsoro ne asase de adi adanse atia wɔn. 29Minim sɛ me wu akyi no, mobɛsɛe koraa na moaman afi ɔkwan a makyerɛ mo sɛ momfa so no so. Mmere a ɛreba no, amanehunu bɛba mo so, efisɛ monam bɔne a mobɛyɛ wɔ Awurade anim no so no bɛhwanyan nʼabufuw.”

Mose Dwom

30Enti Mose kaa dwom no mu nsɛm nyinaa fi ti kosi ti kyerɛɛ Israelfo a wɔahyia hɔ no.

Asante Twi Contemporary Bible

5 Mose 31:1-30

Yosua Di Mose Adeɛ

1Ɛberɛ a Mose kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfoɔ wieeɛ no, 2ɔkaa bio sɛ, “Seesei madi mfeɛ ɔha ne aduonu enti, merentumi nni mo anim bio. Awurade aka akyerɛ me sɛ merentwa Asubɔnten Yordan. 3Nanso Awurade, mo Onyankopɔn, ankasa bɛdi mo anim atwa. Ɔbɛsɛe aman a wɔte hɔ na mobɛfa wɔn asase no. Yosua ne onipa foforɔ a ɔbɛdi mo anim sɛdeɛ Awurade hyɛɛ mo bɔ no. 4Awurade bɛsɛe amanaman a wɔte asase no so no sɛdeɛ ɔsɛee Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo no. 5Awurade de nnipa a wɔte hɔ no bɛhyɛ mo nsa na mo ne wɔn bɛdi no sɛdeɛ mɛhyɛ mo no. 6Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Monnsuro wɔn! Awurade, mo Onyankopɔn, bɛdi mo anim. Ɔrenni mo hwammɔ na ɔrennya mo nso.”

7Afei, Mose frɛɛ Yosua ka kyerɛɛ no Israelfoɔ no nyinaa anim sɛ, “Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a Awurade kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so; na wo na wobɛkyɛ ama wɔn. 8Awurade na ɔredi wʼanim. Ɔbɛka wo ho; ɔrenni wo hwammɔ na ɔrennya wo, enti nsuro na mma wʼakoma ntu!”

Mmara No Akenkan

9Afei, Mose twerɛɛ mmara yi too hɔ; ɔde maa asɔfoɔ a wɔyɛ Lewi mmammarima a wɔsoaa Awurade apam adaka no ne Israel mpanimfoɔ nyinaa. 10Mose hyɛɛ wɔn sɛ, “Mfeɛ nson biara awieeɛ, Asese Afahyɛ mu no, wɔmfa obiara ka a ɔde no nkyɛ no. 11Israelfoɔ nyinaa nhyia wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim wɔ baabi a ɔbɛkyerɛ no, na moakan saa mmara yi wɔ wɔn anim ama wɔate. 12Frɛ nnipa no nyinaa, mmarima, mmaa, mmɔfra ne ahɔhoɔ a wɔte mo nkuro so nso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛte na wɔbɛsua sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsuro Awurade, mo Onyankopɔn, na wɔbɛdi mmara no so pɛpɛɛpɛ, 13na ama wɔn mma a wɔnnim mmara no ate na wɔasua sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wɔsuro Awurade, mo Onyankopɔn, mmerɛ dodoɔ a mote asase a moretwam afa Yordan akɔfa sɛ agyapadeɛ so no.”

Wɔka Israel Asoɔden Ho Asɛm

14Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wo owuo berɛ aso. Frɛ Yosua na fa no kɔ ntomadan no mu na mede nʼadwuma bɛhyɛ ne nsa wɔ hɔ.” Enti Mose ne Yosua kɔdaa wɔn ho adi wɔ ntomadan no mu.

15Na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ fadum omununkum mu wɔ ntomadan kronkron no aboboano. 16Awurade ka kyerɛɛ Mose “Ɛrenkyɛre, wobɛwu na woakɔka wʼagyanom ho. Wo wuo akyi no, saa nnipa yi bɛfiti aseɛ asom anyame ahɔhoɔ, anyame a wɔwɔ asase a wɔrekɔ so no. Wɔbɛpa me na wɔabu apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no so. 17Ɛba saa a, mʼabufuo bɛdɛre atia wɔn. Mɛpa wɔn, na mede mʼanim asie wɔn na wɔbɛsɛe wɔn. Ɔhaw a emu yɛ den bɛba wɔn so ama wɔaka sɛ, ‘Saa ɔhaw yi twa sɛ ɛba, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nni yɛn nkyɛn bio.’ 18Saa ɛberɛ no mede mʼanim bɛsie wɔn ɛsiane wɔn bɔne ahodoɔ a wɔayɛ afa anyame foforɔ a wɔsom no ho enti.

19“Afei, montwerɛ saa dwom yi mu nsɛm mfa na monkyerɛ Israelfoɔ no, na wɔnto sɛdeɛ ɛbɛyɛ adansedeɛ ama me, na mede atia wɔn. 20Mede wɔn bɛba asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so sɛdeɛ mekaa ntam hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Na wɔdidi mee yɛ akɛseɛ a, afei, wɔbɛdane wɔn ani akɔsom anyame afoforɔ apo me, na wɔnam so abu mʼapam no so. 21Afei, ɔhaw ne akwansideɛ bebree ba wɔn so a, ɛdwom yi bɛtia wɔn, ɛfiri sɛ, wɔn asefoɔ werɛ remfiri da. Menim deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa koraa na mede wɔn bɛba asase a maka ho ntam ahyɛ bɔ no so.” 22Enti, Mose twerɛɛ dwom no guu hɔ saa ɛda no, na ɔkyerɛɛ Israelfoɔ no.

23Afei, Awurade hyɛɛ Nun babarima Yosua sɛ, “Yɛ den na yɛ nnam, ɛfiri sɛ, wo na wode Israelfoɔ bɛba asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ no so, na mʼankasa mɛka mo ho.”

24Ɛberɛ a Mose twerɛɛ mmaransɛm no nyinaa guu nwoma mu wieeɛ no, 25ɔde saa ɔhyɛ nsɛm yi maa Lewifoɔ a wɔsoaa Awurade apam adaka no: 26“Momfa saa Mmara Nwoma yi nkɔto Awurade, mo Onyankopɔn, apam adaka no nkyɛn. Ɛhɔ na ɛbɛda sɛ adansedeɛ a ɛtia Israelfoɔ. 27Ɛfiri sɛ, menim sɛdeɛ moyɛ atuatefoɔ ne asoɔden. Mpo, me ne mo da so wɔ hɔ yi, moate Awurade so atua. Na me wuo akyi no, atua bɛn na morente! 28Momfrɛ mo mpanimfoɔ nyinaa ne mo mmusuakuo ntuanofoɔ nyinaa sɛdeɛ mɛtumi akasa akyerɛ wɔn na mafrɛ ɔsoro ne asase de adi adanseɛ atia wɔn. 29Menim sɛ me wuo akyi, mobɛsɛe koraa na moapae afiri ɛkwan a makyerɛ mo sɛ momfa so no so. Mmerɛ a ɛreba no mu, amanehunu bɛba mo so, ɛfiri sɛ, monam bɔne a mobɛyɛ wɔ Awurade anim no so bɛhyɛ no abufuhyeɛ.”

Mose Dwom

30Enti, Mose kaa dwom no mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ a wɔahyia wɔ hɔ no.