Ɔhaw mu mpaebɔ
1Awurade, ntwe m’aso wɔ w’abufuwhyew mu. 2 O Awurade, mabrɛ; hu me mmɔbɔ. Ma me ahoɔden; m’ahoɔden nyinaa asa. 3 Na me nipadua nyinaa wɔ ɔhaw mu. O Awurade, mentwɛn nkosi da bɛn ansa na woaboa me?
4 Bra na begye me nkwa, Awurade; w’ahummɔbɔ mu, yi me fi owu mu. 5 Obi nkae wo wɔ asaman; hena na wofi asaman bɛba abɛkamfo wo? 6 Awerɛhow ama mayɛ mmerɛw. Daa anadwo me nusu fɔw me kɛtɛ ma me sumii nso fɔw.
7 M’ani so yɛ me kusuu. Osu a m’atamfo ama masu nti, m’ani akyi ayɛ duru.
8 Mo nnebɔneyɛfo, montwe mo ho mfi me ho! Awurade tie me su. 9 Otie me su, boa me, na obetie me mpaebɔ nso. 10 M’atamfo anim begu ase wɔ wɔn nkogu mu, na wɔapam wɔn wɔ basabasayɛ mu.