1Ɛberɛ a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di ɔhene wɔ Israel no, Awurade de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn.
Hosea Yere Ne Ne Mma
2Ɛberɛ a Awurade dii ɛkan kasa faa Hosea so no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔware odwamanfoɔ,1.2 Kɔware odwamanfoɔ—Yei ne bɔne kɛseɛ a Onyankopɔn nam Hosea so bɔɔ Israelfoɔ kwaadu. na wo ne no nwo, ɛfiri sɛ ɔman no di adwamammɔ ho fɔ na wɔnam so atete wɔ ne Onyankopɔn ntam.” 3Enti, ɔwaree Diblaim babaa Gomer, na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima maa no.
4Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “To ne din Yesreel,1.4 Yesreel. Asekyerɛ ne “Onyankopɔn na ɔdua.” ɛfiri sɛ, merebɛtwe ɔhene Yehu fie aso, de atua awudie a ɔdii wɔ Yesreel no so ka. Na mede Israel ahennie bɛba awieeɛ. 5Saa ɛda no, mɛbubu Israel tadua wɔ Yesreel bɔnhwa no mu.”
6Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea sɛ, “To ne din Lo-ruhama ɛfiri sɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfoɔ mma bio, na meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn koraa. 7Nanso, mɛyi me dɔ akyerɛ Yudafoɔ. Me Awurade wɔn Onyankopɔn, mede me tumi bɛgye wɔn afiri wɔn atamfoɔ nsam a meremfa tadua, akofena anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ.”
8Ɛberɛ a Gomer twaa Lo-ruhama nufoɔ akyi no, ɔwoo ɔba barima foforɔ. 9Na Awurade kaa sɛ, “To ne din Lo-ami, ɛfiri sɛ monnyɛ me nkurɔfoɔ na mennyɛ mo Onyankopɔn.
10“Nanso, Israelfoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔntumi nkane wɔn. Beaeɛ a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no, wɔbɛka sɛ, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefoɔ mma.’ 11Na Yudafoɔ ne Israelfoɔ bɛka abɔ mu bio, na wɔbɛyi ɔkwankyerɛfoɔ baako ama wɔn, na wɔn nyinaa bɛsane afiri nnommum no mu aba. Saa ɛda no bɛyɛ da kɛseɛ ama Yesreel.”
1Bere a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di hene wɔ Israel no, Awurade de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn.
Hosea Yere Ne Ne Mma
2Bere a Awurade dii kan kasa faa Hosea so no, ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔware oguamanfo,1.2 Kɔware oguamanfo—Eyi ne bɔne kɛse a Onyankopɔn nam Hosea so bɔɔ Israelfo kwaadu. na wo ne no nwo, efisɛ ɔman no di aguamammɔ ho fɔ na wɔnam so atetew wɔne Onyankopɔn ntam.” 3Enti, ɔwaree Diblaim babea Gomer, na onyinsɛn woo ɔbabarima maa no.
4Na Awurade ka kyerɛɛ no se, “To ne din Yesreel,1.4 Yesreel. Nkyerɛase ne “Onyankopɔn na odua.” efisɛ, merebɛtwe ɔhene Yehufi aso, de atua awu a odii wɔ Yesreel no so ka. Na mede Israel ahenni bɛba awiei. 5Saa da no, mebubu Israel tadua wɔ Yesreel bon no mu.”
6Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea se, “To ne din Lo-ruhama efisɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfo bio, na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn koraa. 7Nanso meyi me dɔ akyerɛ Yudafo. Me Awurade wɔn Nyankopɔn, mede me tumi begye wɔn afi wɔn atamfo nsam a meremfa tadua, afoa anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo.”
8Bere a Gomer twaa Lo-ruhama nufu akyi no, ɔwoo ɔba barima foforo. 9Na Awurade kae se, “To ne din Lo-ami, efisɛ monnyɛ me nkurɔfo na mennyɛ mo Nyankopɔn.
10“Nanso Israelfo bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan wɔn. Faako a wɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monnyɛ me nkurɔfo’ no, wɔbɛka se, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefo no mma.’ 11Na Yudafo ne Israelfo bɛka abɔ mu bio, na wobeyi ɔkwankyerɛfo baako ama wɔn, na wɔn nyinaa bɛsan afi nnommum no mu aba. Saa da no bɛyɛ da kɛse ama Yesreel.”