Asɔredan No Animuonyam
1Ɛda a ɛtɔ so aduonu baako wɔ bosome a ɛtɔ so nson no, Awurade de asɛm faa Odiyifoɔ Hagai so sɛ: 2“Ka yei kyerɛ Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado ne Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ a wɔwɔ asase no so hɔ no. Bisa wɔn sɛ, 3‘Mo a mo aka yi mu hwan na ɔhunuu saa fie yi animuonyam sɛdeɛ na ɛteɛ kane no? Ɛte mo sɛn ɛnnɛ? Ɛnyɛ mo sɛ ɛnsɛ hwee seesei anaa? 4Enti, Serubabel, nya akokoɔduru seesei.’ Saa na Awurade seɛ, ‘Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua, nya akokoɔduru. Mo nnipa a mowɔ asase no so seesei no, monnya akokoɔduru. Awurade na ɔseɛ. Monnya akokoɔduru na monnyɛ adwuma, ɛfiri sɛ, meka mo ho.’ Saa na Asafo Awurade ka. 5‘Yei ne apam a me ne mo yɛeɛ ɛberɛ a mofirii Misraim. Me Honhom ka mo ho. Ɛno enti monnsuro.’
6“Yei ne asɛm a Asafo Awurade seɛ. ‘Ɛrenkyɛre biara, mɛwoso ɔsoro ne asase bio. Mɛwoso ɛpo hahanaa ne asase kesee nso. 7Mɛwoso aman nyinaa, na aman nyinaa anidasoɔ bɛba, na mede animuonyam bɛhyɛ saa fie ha ma.’ Saa na Asafo Awurade seɛ. 8‘Dwetɛ no yɛ me dea. Na sikakɔkɔɔ yɛ me dea.’ Sei na Asafo Awurade seɛ. 9‘Saa fie yi animuonyam bɛkorɔn asene nʼanimuonyam a atwam no.’ Saa na Asafo Awurade ka. ‘Na mɛma asomdwoeɛ aba ha.’ Me, Asafo Awurade na makasa.”
Ɔsetie Mu Nhyira Ho Bɔhyɛ
10Ɔhene Dario adedie mfeɛ mmienu mu, ɔbosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu ɛnan, Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Odiyifoɔ Hagai. 11“Asɛm a Asafo Awurade ka nie: ‘Mommisa asɔfoɔ no deɛ mmara no ka. 12Sɛ ɛnam kronkron bi hyɛ obi atadeɛ mmuano mu, na sɛ ɛho kɔ ka burodo anaa abɔmu, nsã anaa ngo anaa aduane foforɔ bi a, ɛno nso bɛyɛ kronkron anaa?’ ”
Asɔfoɔ no buaa sɛ: “Dabi.”
13Na Hagai bisaa sɛ, “Na sɛ obi nso de ne ho ka efunu de gu ne ho fi, na ɔde ne ho twitwiri nneɛma a wɔabobɔ din yi bi ho a, na wɔagu ho fi anaa?”
Na asɔfoɔ no buaa sɛ, “Aane.”
14Afei, Hagai kaa sɛ, “ ‘Saa ara na nnipa no ne saa ɔman yi teɛ.’ Saa na Awurade seɛ. ‘Biribiara a wɔyɛ ne biribiara a wɔde ba no ho agu fi.
15“ ‘Enti, ɛfiri ɛnnɛ, monnwene saa adeɛ yi ho yie. Monkae sɛdeɛ na nneɛma teɛ, ansa na moreto Awurade asɔredan no fapem no. 16Ɛberɛ a modwene sɛ mobɛnya mfudeɛ susukora aduonu no, monyaa edu pɛ. Ɛberɛ a mode mo ani buu sɛ mobɛnya gyare aduonum afiri nsakyibea no, monyaa aduonu pɛ. 17Memaa yadeɛ a ɛsɛe mfudeɛ, ɛbɔ ne ampariboɔ bɛsɛee mo nsa ano nnwuma nyinaa. Nanso, moampɛ sɛ mobɛsane aba me nkyɛn. Saa na Awurade seɛ. 18Ɛfiri ɔbosome a ɛtɔ so nkron, da a ɛtɔ so aduonu ɛnan yi, monnwene da a wɔtoo Awurade asɔredan fapem no ho yie. 19Aba bi aka asan no so anaa? Ɛbɛsi ɛnnɛ, bobe, borɔdɔma, ateaa ne ngo dua aso wɔn aba anaa?
“ ‘Ɛfiri saa da yi rekorɔ no, mɛhyira mo.’ ”
Ɛbɔ A Wɔahyɛ Serubabel
20Awurade asɛm baa Hagai nkyɛn ne mprenu so wɔ ɔbosome no da a ɛtɔ aduonu ɛnan: 21“Ka kyerɛ Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado no sɛ, merebɛwoso ɔsoro ne asase. 22Mɛbutu ahennwa, na masɛe ananafoɔ ahemman no tumi. Mɛdane wɔn nteaseɛnam ne wɔn a wɔka no abutu. Apɔnkɔ akafoɔ no bɛhwehwe ase na wɔakunkum wɔn ho.
23“ ‘Ɛda no’ Asafo Awurade ka sɛ, ‘Mɛfa wo, Sealtiel babarima, me ɔsomfoɔ Serubabel, mɛfa wo sɛ nsɔano kawa, ɛfiri sɛ mayi wo.’ Me Asafo Awurade, na makasa.”
Ekitiibwa ekyasuubizibwa eky’Ennyumba Empya
1Awo ku lunaku olw’amakumi abiri mu olumu mu mwezi ogw’omusanvu, ekigambo kya Mukama ne kijjira nnabbi Kaggayi nti, 2“Yogera ne Zerubbaberi mutabani wa Seyalutyeri, ow’essaza lya Yuda ne Yoswa mutabani wa Yekozadaaki kabona asinga obukulu, n’abantu abaasigalawo, obabuuze nti, 32:3 a Ezr 3:12 b Zek 4:10‘Ani mu mmwe akyasigaddewo eyalaba ku kitiibwa ky’ennyumba eno? Ebafaananira etya kaakano? Tebafaananira ng’eteriimu kaabuntu? 42:4 a 1By 28:20; Zek 8:9; Bef 6:10 b 2Sa 5:10; Bik 7:9Kale nno guma omwoyo, ggwe Zerubbaberi, bw’ayogera Mukama; guma omwoyo, ggwe Yoswa mutabani wa Yekozadaaki kabona asinga obukulu; mugume omwoyo mmwe mwenna abantu ab’omu nsi,’ bw’ayogera Mukama, ‘Mukole, kubanga ndi wamu nammwe,’ bw’ayogera Mukama ow’Eggye. 52:5 a Kuv 29:46 b Nek 9:20; Is 63:11‘Kino kye nalagaana nammwe bwe mwali muva mu Misiri, ng’Omwoyo wange anaabeeranga nammwe. Temutya.’
62:6 a Is 10:25 b Beb 12:26*“Bw’atyo bw’ayogera Mukama ow’Eggye nti, ‘Mu bbanga eritali ly’ewala ndikankanya eggulu n’ensi, n’ennyanja n’olukalu. 72:7 Is 60:7Ndikankanya amawanga gonna, n’amawanga gonna ge njagala galijja, ne nzijuza ennyumba eno ekitiibwa,’ bw’ayogera Mukama ow’Eggye. 8‘Effeeza yange, ne zaabu yange,’ bw’ayogera Mukama ow’eggye. 92:9 Zab 85:9‘Ekitiibwa eky’ennyumba eriwo kaakano, kirisinga ekitiibwa ky’eri eyasooka era mu kifo kino ndizzaawo emirembe,’ bw’ayogera Mukama ow’Eggye.”
Okubuulirira n’Okusuubiza
102:10 nny 1Awo ku lunaku olw’amakumi abiri mu ennya olw’omwezi ogw’omwenda mu mwaka ogwokubiri ogw’okufuga kwa Daliyo, ekigambo kya Mukama ne kijjira nnabbi Kaggayi nti, 112:11 Lv 10:10-11; Ma 17:8-11; Mal 2:7“Bw’atyo bw’ayogera Mukama ow’Eggye nti, ‘Buuza bakabona etteeka kye ligamba. 122:12 Lv 6:27; Mat 23:19Omuntu bw’asitulira ennyama eyatukuzibwa mu kirenge eky’ekyambalo kye, ekirenge ne kikoma ku mugaati oba ku supu, oba ku wayini, oba ku mafuta oba ku mmere endala yonna, bitukuzibwa?’ ”
Bakabona ne baddamu nti, “Nedda.”
132:13 Lv 22:4-6Awo Kaggayi n’abuuza nti, “Omuntu atali mulongoofu olw’omulambo, bw’akoma ku bintu ebyo, bifuuka ebitali birongoofu?”
Bakabona ne baddamu nti, “Bifuuka ebitali birongoofu.”
142:14 Is 1:13Kaggayi n’addamu nti, “Kale nno bwe batyo bwe bali abantu bano n’eggwanga lino. Buli kye bakola ne buli kye bawaayo ng’ekiweebwayo, si kirongoofu,” bw’ayogera Mukama.
152:15 a Kag 1:5 b Ezr 3:10 c Ezr 4:24“ ‘Kale nno, mweddeko okuva ku lunaku lwa leero, mujjukire ebiseera biri bwe byali, nga n’ejjinja erimu terinnateekebwa ku linnaalyo mu yeekaalu ya Mukama. 162:16 Kag 1:6Omuntu yenna bwe yatuukanga ku ntuumu eyandibadde ey’ebipimo amakumi abiri, yassangawo ebipimo kkumi. Omuntu yenna bwe yalaganga mu ssogolero okusenamu lita amakumi ataano, yasangangamu amakumi abiri. 172:17 a Kag 1:11 b Ma 28:22; 1Bk 8:37; Am 4:9 c Am 4:6Nakolimira emirimu gyonna egy’emikono gyammwe n’okugengewala n’obukuku, n’omuzira, naye ne mutakyuka kudda gye ndi,’ bw’ayogera Mukama. 182:18 Zek 8:9Okuva olunaku lwa leero, olw’amakumi abiri mu ennya mu mwezi ogw’omwenda, mujjukire olunaku lwe baazimba omusingi gwa yeekaalu ya Mukama. Mwebuuze nti, 19Wakyaliwo ensigo eyasigala mu tterekero? Mulabe, emiti gino egimenyeddwa, ogw’omuzabbibu n’ogw’omutiini, n’ogw’omukomamawanga, n’ogw’omuzeeyituuni tegibalangako bibala.
“ ‘Naye okuva ne leero ndibawa omukisa.’ ”
20Awo ekigambo kya Mukama ne kijjira Kaggayi omulundi ogwokubiri ku lunaku olw’amakumi abiri mu ennya olw’omwezi ogwo nga kigamba nti, 212:21 Ezr 5:2“Tegeeza Zerubbaberi gavana wa Yuda nti ndikankanya eggulu n’ensi. 222:22 a Dan 2:44 b Mi 5:10 c Bal 7:22Ndisulika entebe ez’obwakabaka ne nzigyawo obuyinza bw’obwakabaka obunnaggwanga. Ndiwamba amagaali n’abavuzi baago, n’embalaasi na buli abazeebagala, balittibwa baganda baabwe.
232:23 Is 43:10“ ‘Ku lunaku olwo, ggwe omuweereza wange Zerubbaberi mutabani wa Seyalutyeri, ndikufuula ng’akabonero, kubanga nkulonze,’ bw’ayogera Mukama ow’Eggye.”