Yehoram Di Ɔhene Wɔ Yuda
1Ɛberɛ a Yehosafat wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Yehoram dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 2Yehoram nuanom mmarima a na wɔyɛ Yehosafat mmammarima foforɔ bi no ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia. 3Wɔn agya maa wɔn mu biara akyɛdeɛ a ɛsom bo, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenneɛ, na afei, ɔde Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban no bi kyekyɛɛ wɔn. Na ɛsiane sɛ Yehoram yɛ abakan enti, ɔbɛyɛɛ ɔhene.
4Na ɛberɛ a Yehoram ahennie timiiɛ no, ɔkunkumm ne nuammarima no nyinaa ne Israelfoɔ ntuanofoɔ bi. 5Ɛberɛ a Yehoram dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa mmienu. Na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe. 6Na Yehoram yɛɛ sɛdeɛ Israel ahemfo yɛeɛ. Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ te sɛ ɔhene Ahab, ɛfiri sɛ, na waware Ahab mmammaa no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. 7Nanso, na Awurade mpɛ sɛ ɔsɛe Dawid ahennie nnidisoɔ, ɛfiri sɛ, na ɔne Dawid ayɛ apam ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefoɔ bɛkɔ so adi ɔhene afebɔɔ.
8Yehoram berɛ so na Edomfoɔ sɔre tiaa Yuda, na wɔsii wɔn ankasa wɔn ɔhene. 9Enti, Yehoram de akodɔm ne ne nteaseɛnam nyinaa kɔto hyɛɛ Edom so. Edomfoɔ twaa ɔno ne ne nteaseɛnamkafoɔ ho hyiaeɛ, nanso ɔfaa anadwo sum mu dwaneeɛ. 10Edom ade ne ho a ɔnhyɛ Yuda ase de bɛsi ɛnnɛ. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Libna kuro tee atua, ɛfiri sɛ, na Yehoram atwe ne ho afiri Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn ho. 11Na wasisi abosonsomfoɔ asɔreeɛ wɔ Yuda mmepɔ asase so, ama nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Yuda akɔsom abosonsomfoɔ anyame.
12Na odiyifoɔ Elia twerɛɛ saa krataa yi kɔmaa Yehoram:
“Asɛm a Awurade, wʼagya Dawid Onyankopɔn seɛ nie: ‘Woanni wʼagya Yehosafat anaa wo nana Yudahene Asa nhwɛsoɔpa so. 13Mmom, woayɛ omumuyɛfoɔ sɛ Israel ahemfo. Woama Yerusalemfoɔ ne Yudafoɔ akɔsom ahoni te sɛ deɛ ɔhene Ahab yɛɛ wɔ Israel no. Na mpo, woakunkum wʼankasa wo nuanom mmarima a na wɔdi mu sene wo. 14Enti afei, Awurade de ɔhaw kɛseɛ bɛba wo, wo nkurɔfoɔ, wo mma, wo yerenom ne biribiara a ɛyɛ wo dea so. 15Wʼankasa deɛ, wɔde nsono mu yadeɛ a ɛyɛ ya yie bɛto wo so kɔsi sɛ wʼayamudeɛ bɛtu apue.’ ”
16Na Awurade kaa Filistifoɔ ne Arabfoɔ a na wɔte bɛn Etiopiafoɔ so sɛ wɔnkɔto nhyɛ Yehoram so. 17Wɔbɔɔ nsra kɔɔ Yuda so, kɔbubuu ne banbɔdeɛ nyinaa, foo aboɔden nneɛma a ɛwɔ ahemfie hɔ a ne mmammarima ne ne yerenom ka ho. Ne babarima kumaa Yehoahas nko na wɔgyaa no.
18Yei akyi na Awurade maa nsono mu yadeɛ a ano yɛ den bɔɔ Yehoram. 19Ɛberɛ no mu ara, mfeɛ mmienu akyi, yadeɛ no maa nʼayamdeɛ pueeɛ, na ɔwuu ɔyea mu. Ne nkurɔfoɔ ammɔ ogyatannaa kɛseɛ, amfa anhyɛ no animuonyam wɔ nʼayiyɛ mu sɛdeɛ wɔyɛ maa nʼagyanom no.
20Yehoram dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa mmienu, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe. Ɔwuiɛ no, anyɛ obiara awerɛhoɔ. Wɔsiee no Dawid kurom, nanso ɛnyɛ adehyeɛ asieeɛ.
1Als Joschafat starb, wurde er in der »Stadt Davids«, einem Stadtteil von Jerusalem, im Grab der königlichen Familie beigesetzt. Sein Sohn Joram wurde sein Nachfolger.
Weitere Könige von Juda
(Kapitel 21–28)
König Joram von Juda
(2. Könige 8,16‒24)
2Joschafats weitere Söhne hießen Asarja, Jehiël, Secharja, Asarja, Michael und Schefatja. 3Joschafat hatte ihnen viel Silber, Gold und andere Schätze geschenkt und ihnen die befestigten Städte in Juda überlassen. Zu seinem Nachfolger hatte er Joram bestimmt, weil er der älteste Sohn war. 4Als nun Joram die Herrschaft angetreten hatte und seine Macht wuchs, ließ er seine Brüder umbringen. Auch einige führende Männer seines Volkes tötete er.
5Joram wurde mit 32 Jahren König und regierte acht Jahre in Jerusalem. 6Er war mit einer Tochter von Ahab verheiratet, und so folgte er in allem dem schlechten Vorbild seines Schwiegervaters. Genau wie die Könige von Israel tat auch er, was dem Herrn missfiel. 7Doch der Herr wollte das Königshaus David nicht vernichten, weil er sich an den Bund hielt, den er mit David geschlossen hatte. Er hatte ihm versprochen: »Immer wird einer deiner Nachkommen König von Juda sein.«
8Während Jorams Regierungszeit sagten sich die Edomiter von der Herrschaft Judas los und ernannten einen eigenen König. 9Da rückte König Joram mit seinen Offizieren und Streitwagen gegen sie aus. Doch die edomitischen Truppen umzingelten sie. In der folgenden Nacht gelang es den Eingeschlossenen zwar, die Reihen der Edomiter zu durchbrechen. 10Trotzdem konnte sich Edom von der Herrschaft Judas befreien und ist bis heute unabhängig geblieben. Zur selben Zeit lehnte sich auch Libna gegen Juda auf und machte sich unabhängig. Dies alles geschah, weil Joram den Herrn, den Gott seiner Vorfahren, verlassen hatte. 11Er baute die Götzenopferstätten auf den Hügeln Judas wieder auf und verleitete die Einwohner von Jerusalem dazu, dem Herrn untreu zu werden. Ganz Juda verführte er zum Götzendienst.
12Da erhielt er vom Propheten Elia einen Brief, in dem stand:
»So spricht der Herr, der Gott deines Vorfahren David: Du bist nicht dem Vorbild deines Vaters Joschafat und deines Großvaters Asa, des Königs von Juda, gefolgt. 13Du hast den gleichen Weg eingeschlagen wie die Könige von Israel. Die Bewohner von Jerusalem und ganz Juda hast du zum Götzendienst verführt, so wie die Familie Ahabs es tat. Aber damit nicht genug: Deine Brüder hast du umgebracht, die doch alle viel besser waren als du! 14Darum werde ich, der Herr, großes Unheil über dein Volk, deine Söhne und deine Frauen bringen. Auch dein Besitz bleibt nicht von der Strafe verschont. 15Du selbst aber wirst unheilbar krank werden. Du wirst lange leiden, und zuletzt werden deine Eingeweide aus dem Leib hervortreten.«
16Der Herr brachte die Philister dazu, zusammen mit den Araberstämmen, die neben den Äthiopiern wohnten, Joram den Krieg zu erklären. 17Sie marschierten in Juda ein, drangen bis Jerusalem vor und plünderten den Palast des Königs aus. Auch seine Söhne und seine Frauen nahmen sie mit. Nur Joahas, Jorams jüngster Sohn, konnte entkommen.
18Dann ließ der Herr den König unheilbar krank werden. Die Krankheit befiel seine Eingeweide, 19verschlimmerte sich und war nach zwei Jahren so weit fortgeschritten, dass die Eingeweide aus dem Leib des Königs hervortraten. Joram starb unter furchtbaren Schmerzen. Anders als bei seinen Vorgängern zündete das Volk kein Feuer zu seiner Ehre an.
20Joram war mit 32 Jahren König geworden und hatte acht Jahre in Jerusalem regiert. Als er starb, trauerte niemand um ihn. Man begrub ihn in dem Stadtteil von Jerusalem, der »Stadt Davids« genannt wurde, jedoch nicht in den Königsgräbern.