1 Mose 46 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 46:1-34

Yakob Kɔ Misraim

1Enti, Israel de nʼahodeɛ nyinaa siim kɔduruu Beer-Seba. Ɔbɔɔ Onyankopɔn a na nʼagya Isak somm no no afɔdeɛ wɔ hɔ.

2Anadwo anisoadehunu mu no, Onyankopɔn frɛɛ Yakob sɛ, “Yakob! Yakob!”

Yakob gyee so sɛ, “Me nie.”

3Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene Onyankopɔn. Onyankopɔn a wʼagya somm no. Nsuro sɛ wobɛkɔ Misraim, ɛfiri sɛ, mɛma wʼase adɔre ayɛ ɔman kɛseɛ wɔ hɔ. 4Mʼankasa me ne wo bɛkɔ Misraim, na masane ne wo aba ha bio. Ɛduru ɛberɛ a worebɛwu a, wobɛwu Yosef anim.”

5Afei, Yakob siim firii Beer-Seba. Israel mma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma maa wɔde bɛfaa wɔn no mu. 6Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapadeɛ a wɔanya wɔ Kanaan asase so nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefoɔ nyinaa siim kɔɔ Misraim. 7Israel de ne mmammarima, ne nananom, ne mmammaa ne wɔn mma a wɔn nyinaa yɛ nʼasefoɔ kaa ne ho kɔɔ Misraim.

8Edin a ɛdidi so yi yɛ Israelfoɔ, Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim.

Ruben yɛ Yakob abakan.

9Ruben nso mmammarima edin na ɛdidi so yi:

Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.

10Simeon nso mmammarima yɛ:

Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ne na yɛ Kanaanni.

11Lewi mmammarima din na ɛdidi so yi:

Gerson, Kohat ne Merari.

12Yuda nso mmammarima yɛ:

Er, Onan, Sela, Peres ne Serah. Nanso Er ne Onan deɛ, wɔwuwuiɛ wɔ Kanaan asase so, ansa na Israel reba Misraim asase so.

Peres mmammarima yɛ:

Hesron ne Hamul.

13Isakar mmammarima nso yɛ:

Tola, Puwa, Hiob ne Simron.

14Sebulon mmammarima nso yɛ:

Sered, Elon ne Yakleel.

15Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Lea mma a ɔne Yakob woeɛ wɔ Paddan-Aram a ne babaa Dina nso ka ho. Saa mmammarima ne ne babaa yi nyinaa dodoɔ si nnipa aduasa mmiɛnsa.

16Gad nso mma din na ɛdidi so yi:

Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli.

17Aser nso mma din na ɛdidi so yi:

Yimna, Isua, Isui ne Beria ne wɔn nuabaa Sera.

Beria nso mma yɛ:

Heber ne Malkiel.

18Yeinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babaa Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob wareeɛ no mma. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunsia.

19Yakob yere Rahel mma yɛ:

Yosef ne Benyamin.

20Yosef ne ne yere Asnat, a ɔyɛ Potifera a ɔyɛ On bosomfoɔ babaa woo Manase ne Efraim wɔ Misraim.

21Benyamin nso mmammarima din na ɛdidi so yi:

Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard.

22Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Rahel mmammarima a ɔne Yakob woeɛ. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunan.

23Dan babarima yɛ

Husim.

24Naftali nso mmammarima din na ɛdidi so yi:

Yahseel, Guni, Yeser ne Silem.

25Bilha a ɔyɛ Laban afenaa a ɔde no maa ne babaa Rahel mmammarima a ɔne Yakob woeɛ no na wɔabobɔ wɔn din yi. Na wɔn dodoɔ ano si nnipa baason.

26Nnipa a Yakob de wɔn kɔɔ Misraim nyinaa, a wɔyɛ nʼasefoɔ ankasa, a ne mmammarima yerenom nka ho dodoɔ ano si aduosia nsia. 27Sɛ wɔde Yosef mmammarima baanu a ɔwoo wɔn wɔ Misraim no ka ho a, na Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim no nyinaa dodoɔ ano si nnipa aduɔson.

Farao Bɔ Yakob Atenaseɛ Wɔ Gosen

28Israel somaa Yuda, ma ɔdii ɛkan kɔɔ Yosef hɔ kɔbisaa no Gosen ɛkwan. Akyire no, wɔkɔduruu Gosen. 29Yosef siesiee ne nteaseɛnam ma wɔkɔɔ Gosen kɔhyiaa nʼagya Israel. Yosef duruu nʼagya Yakob anim pɛ, ɔbam no, suiɛ ara kwansin.

30Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ohunu a mahunu wo sɛ wote ase yi enti, sɛ owuo bɛfa me ɛnnɛ koraa a, mepɛ.”

31Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no ne nʼagya fiefoɔ no sɛ, “Mɛkɔ makɔka makyerɛ Farao sɛ, ‘Me nuammarimanom ne mʼagya fiefoɔ a na anka wɔte Kanaan asase so nyinaa aba ha abɛka me ho. 32Mmarima no yɛ nnwanhwɛfoɔ. Wɔhwɛ mmoa so. Na wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne biribiara a wɔwɔ aba.’ 33Sɛ Farao frɛ mo, na ɔbisa mo sɛ, ‘Adwuma bɛn na moyɛ a,’ 34momma no mmuaeɛ sɛ, ‘Wo nkoa ayɛn mmoa firi wɔn mmɔfraase, te sɛ deɛ yɛn agyanom yɛeɛ no ara pɛpɛɛpɛ.’ Sɛ moka saa kyerɛ no a, ɔbɛma mode Gosen ayɛ mo atenaeɛ, ɛfiri sɛ, Misraimfoɔ kyiri nnwanhwɛfoɔ kɔkɔɔkɔ.”