1 Mose 25 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 25:1-34

Abraham Ware Ketura

1Abraham waree ɔbaa foforɔ bi a ne din de Ketura. 2Abraham ne Ketura wowoo saa mma a wɔn din didi so yi: Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua. 3Yoksan woo Seba ne Dedan. Dedan asefoɔ ne Asurfoɔ, Letusfoɔ ne Leumfoɔ. 4Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa yɛ Ketura asefoɔ.

5Abraham de nʼagyapadeɛ nyinaa maa Isak. 6Nanso, ɛberɛ a ɔte ase no, ɔmaa ne mpena mma akyɛdeɛ, na ɔyii wɔn firii ne babarima Isak nkyɛn, ma wɔkɔɔ apueeɛ fam asase bi so.

Abraham Wuo

7Abraham nkwanna nyinaa kɔsii mfeɛ ɔha aduɔson enum. 8Abraham nyini bɔɔ akɔkoraa posoposo ansa na ɔrewu akɔka ne mpanimfoɔ ho. 9Ne mmammarima Isak ne Ismael siee no wɔ Makpela boda a ɛwɔ Efron no mu. Na ɛhɔ yɛ Hetini Sohar babarima no afuo a ɛwɔ Mamrɛ apueeɛ fam. 10Yei ne asase a Abraham tɔ firii Hetifoɔ nkyɛn no. Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara. 11Abraham wuo akyiri no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak a na saa ɛberɛ no ɔte Beer-Lahai-Roi abura no ho no.

Ismael Asefoɔ

12Yei ne Abraham babarima Ismael a Sara afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no woo no maa Abraham no asefoɔ ho asɛm.

13Wɔn a wɔdidi so yi yɛ Ismael mmammarima a wɔabobɔ wɔn edin mpanin mu no.

Na Nebaiot yɛ Ismael abakan.

Wɔn a wɔdidi so yi nso yɛ Kedar, Adbeel, Mibsam,

14Misma, Duma, Masa,

15Hadad, Tema, Yetur,

Nafis ne Kedema.

16Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Ismael mmammarima no. Saa edin yi na ɛdeda mmusuakuo dumienu ne wɔn atenaeɛ so.

17Ismael dii mfirinhyia ɔha aduasa nson ansa na ɔrewu. Ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ ne nkurɔfoɔ mu. 18Ismael asefoɔ yi tenatenaa nsase a ɛfiri Hawila kɔsi Sur a ɛbɛn Misraim pɛɛ wɔ Asiria ntenesoɔ. Daa na akokoakoko wɔ mmusuakuo yi ntam.

Esau Ne Yakob

19Abraham babarima Isak ne nʼasefoɔ ho asɛm nie.

Abraham woo Isak. 20Isak dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Rebeka a ɔyɛ Aramni Betuel a ɔfiri Paddan-Aram no babaa. Rebeka yɛ Aramni Laban nuabaa.

21Isak waree Rebeka mfeɛ bebree a na wɔnwo. Enti, Isak bɔɔ Awurade mpaeɛ, srɛɛ ɔba maa ne yere. Akyire yi, Awurade tiee ne mpaeɛbɔ, maa ne yere Rebeka nyinsɛneeɛ. 22Ɛberɛ a Rebeka nyinsɛneeɛ no, ɛtɔ da a, na mmɔfra no di apereapereɛ wɔ ne yafunu mu. Sɛ ɛba saa a, ɔbisa ne ho sɛ, “Ɛdeɛn na ɛreyɛ me yi?” Afei, ɔbɔɔ mpaeɛ bisaa Awurade nkyɛn asekyerɛ.

23Awurade buaa no sɛ,

“Aman mmienu na wɔwɔ wo yafunu mu.

Wɔbɛtete nnipa baanu a wɔwɔ wo yafunu mu no mu.

Mmɔfra baanu no, ɔbaako asefoɔ bɛyɛ ahoɔdenfoɔ asene ne nua a ɔka ne ho no asefoɔ.

Na ɔpanin no bɛsom akumaa no.”

24Rebeka awoɔ duruu so no, ɔwoo ntaten. 25Na deɛ ɔdi ɛkan baeɛ no yɛ kɔkɔɔ a ne ho nwi yɛ kuhaa te sɛ deɛ ɔhyɛ nwi atadeɛ. Enti, wɔtoo no edin Esau. 26Yei akyiri no, ne nua no baeɛ. Na ne nsa kura Esau nantin; enti wɔtoo ne din Yakob. Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfeɛ aduosia.

27Mmɔfra no nyiniiɛ no, Esau bɛyɛɛ ɔbɔmmɔfoɔ a, ɔto a, ɔmfom. Na ɔyɛ ha fa wiram baabiara. Yakob nso bɛyɛɛ obi a ɔyɛ komm a ɔmpɛ ne ho asɛm. Na ɛberɛ biara, ɔpɛ sɛ ɔtena fie. 28Na Isak pɛ Esau asɛm yie, ɛfiri sɛ, na ɛberɛ biara ɔkɔyɛ ha de hanam a Isak pɛ ba fie. Nanso, na Rebeka deɛ, ɔpɛ Yakob asɛm.

Esau Tɔn Ne Panin

29Ɛda bi a Esau firi wiram baeɛ a na ɛkɔm de no yie no, ɔbɛtoo sɛ ne nua kumaa Yakob nso renoa aduane bi a ani yɛ kɔkɔɔ na ɛyɛ akɔnnɔ nso. 30Ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Mesrɛ wo, ma me wʼaduane a woanoa yi bi nni!” (Ɛno enti na wɔfrɛ Esau sɛ Edom, a asekyerɛ ne ade kɔkɔɔ).

31Yakob buaa sɛ, “Tɔn wo panin no ma me ansa.”

32Esau kaa sɛ, “Ɔkɔm rekum me, na mede panin reyɛ ɛdeɛn?”

33Yakob buaa Esau sɛ, “Mate, ka ntam kyerɛ me wɔ Onyankopɔn anim sɛ, panin no yɛ me dea.” Esau kaa ntam no de tɔn ne panin no maa ne nua kumaa Yakob.

34Enti, Yakob maa Esau aduane no bi, ma ɔdiiɛ. Ɔnom nsuo guu so, sɔre kɔɔ ne kwan.

Yei ne ɛkwan a Esau faa so tɔn ne panin no.