Ɔhyew Afɔrebɔ
1Afei, Awurade kasa fii Ahyiae Ntamadan no mu kyerɛɛ Mose se, 2“Kyerɛ Israelfo no se, ‘sɛ morebɔ Awurade afɔre a, momfa mo anantwi ne mo nguan no bi na mommɔ saa afɔre no.
3“ ‘Sɛ mo ɔhyew afɔrebɔde no yɛ nantwi a ofi mo nantwibuw mu a, momfa nantwi a onnii dɛm na ɛmmɔ saa afɔre no sɛnea ɛbɛsɔ Awurade ani. Fa aboa no kɔ Ahyiae Ntamadan no pon ano na ɛhɔ na asɔfo no begye wʼayɛyɛde a wode rebrɛ Awurade no. 4Ɛsɛ sɛ onipa a ɔde aboa no reba no de ne nsa gu aboa no ti so sɛ mpata ma afɔrebɔni no. Onyankopɔn bɛpɛ aboa no wu sen sɛ afɔrebɔni a ɔde saa aboa no bɛba no bewu sɛ ne bɔne so akatua. 5Afɔrebɔni no bekum aboa no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Na Aaron mmabarima asɔfo no asɔw aboa no mogya de akyerɛ Awurade. Na wɔde mogya no apete afɔremuka a esi Ahyiae Ntamadan no kwan no ano no ne ho nyinaa. 6Afei, asɔfo no bɛpa aboa no ho nwoma na wɔabobɔw. 7Na ɔsɔfo Aaron mmabarima no bɛsɔ gya wɔ afɔremuka no so. 8Na wɔde aboa no akwaa bi ne ne ti ne ne srade ka ho agu nnyansin no so. 9Momfa nsu nhohoro nʼayamde ne ne nan ho na asɔfo no nhyew no wɔ afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani.
10“ ‘Sɛ afɔrebɔ no yɛ ɔhyew afɔre na aboa no yɛ oguan anaa abirekyi a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini a ne ho nni dɛm biara. 11Onipa a ɔde no bae no bekum no Awurade anim wɔ afɔremuka no atifi na Aaron mmabarima asɔfo no apete mogya no agu afɔremuka no so ne ɛho nyinaa. 12Ɔbɛhyehyɛ nam no na asɔfo no de nʼasinasin no ne ti no ne ne srade no agu nnyansin a egu afɔremuka no so no so. 13Wɔde nsu bɛhohoro nʼayamde ne ne nan no ho ansa na asɔfo no ahyew wɔ afɔremuka no so de ama Awurade; efisɛ ɔhyew afɔre sɔ Awurade ani.
14“ ‘Sɛ obi pɛ sɛ ɔde anomaa bɔ ɔhyew afɔre a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnomamma. 15Ɔsɔfo no bɛfa anomaa no de no akɔ afɔremuka no so na watew ne ti ahyew no, na wasɔn ne mogya no agu afɔremuka no nkyɛn. 16Afei, ɔsɔfo no beyi ne mene ase, atutu ne ntakra no na watow agu nsõ no mu wɔ afɔremuka no apuei fam. 17Afei, ɔbɛtwe ne ntaban mu ama emu ntin no atetew asensɛn hɔ, na ɔsɔfo no ahyew no wɔ afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani.
번제
1여호와께서는 성막에서 모세를 불러 이스라엘 백성에게 다음과 같은 명령을 전하라고 말씀하셨다.
2“너희 중에 누구든지 나 여호와에게 제물을 드리고자 하거든 너희 가축 중에서 소나 양을 바쳐라.
3“만일 그 제물이 소를 잡아 불로 태워 바치는 번제라면 흠 없는 수소로 하고 내가 기쁘게 받을 수 있도록 그것을 성막 입구 나 여호와 앞에서 바쳐라.
4제물을 바치는 자가 번제물의 머리에 손을 얹으면 내가 그것을 그의 죄를 대신 속죄하는 희생의 제물로 받을 것이다.
5그는 나 여호와 앞에서 그 수송아지를 잡고 아론 자손의 제사장들은 그 피를 가져다가 성막 앞에 있는 제단 사면에 뿌려야 한다.
6그리고 그는 그 제물의 가죽을 벗기고 각을 뜰 것이며
7제사장 아론의 자손들은 제단 위에 불을 놓고 그 불 위에 나무를 벌여놓은 다음
8머리와 기름을 포함하여 그 각 뜬 제물을 단의 불붙는 나무 위에 벌여놓아야 한다.
9그리고 그 사람은 내장과 다리를 물로 씻을 것이며 제사장은 그 모든 제물을 단 위에서 불로 태워야 한다. 이것은 불로 태우는 화제이며 1:9 또는 ‘여호와께 향기로운 냄새니라’나 여호와를 기쁘게 하는 향기이다.
10“만일 그 제물이 양이나 염소를 잡아 불로 태워 바치는 번제라면 그것은 흠 없는 수컷이어야 한다.
11그 제물을 가지고 온 사람은 나 여호와 앞 제단 북쪽에서 그 짐승을 잡아야 하며 아론의 자손 제사장들은 그 피를 단 사면에 뿌려야 한다.
12그리고 그는 그 짐승의 각을 뜨고 제사장들은 머리와 기름을 포함하여 각 뜬 그 제물을 단의 불붙는 나무 위에 벌여놓아야 한다.
13또 그 사람은 내장과 다리를 물로 씻어야 하며 제사장은 그 모든 제물을 단 위에서 불로 태워야 한다. 이것은 불로 태우는 화제이며 나 여호와를 기쁘게 하는 향기이다.
14“만일 나 여호와에게 드리는 제물이 새를 불로 태워 바치는 번제이면 그것은 산비둘기나 집비둘기 새끼여야 한다.
15제사장은 그것을 단으로 가지고 가서 목을 비틀어 끊고 그 머리를 단 위에서 불태우고 그 피를 단 곁에 흘릴 것이며
16멱통과 내장은 제거하여 제단 동쪽의 재 버리는 곳에 던져야 한다.
17그리고 그는 그 새의 날개를 잡고 몸을 완전히 떼어내지 말고 찢어서 그것을 단의 불붙는 나무 위에서 태워야 한다. 이것은 불로 태우는 화제이며 나 여호와를 기쁘게 하는 향기이다.”