1 Mose 1 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Mose 1:1-31

Adebɔ Mfiase

1Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. 2Na asase yɛ basaa a na ɛda mpan, na sum kata bun no ani, na Onyankopɔn Honhom butuw nsu no ani.

3Onyankopɔn hyɛe se, “Ɛnyɛ hann,” na ɛyɛɛ hann. 4Onyankopɔn huu sɛ hann no ye, na ɔtew hann no fii sum no ho. 5Onyankopɔn frɛɛ hann no se, “adekyee,” na sum no nso se, “adesae.” Ade sae na ade kyee, da a edi kan ne no.

6Onyankopɔn kae se, “Nkyemu mmra nsu no ntam, na ɛnkyekyɛ nsu no mu.” 7Enti Onyankopɔn yɛɛ nkyɛmu no, de kyekyɛɛ nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase fii nsu a ɛwɔ nkyɛmu no atifi no mu. Na ɛyɛɛ saa. 8Onyankopɔn too atifi nkyɛmu no din wim. Na ade sae, na ade kyee; eyi ne da a ɛto so abien.

9Na Onyankopɔn kae se, “Nsu a ɛwɔ nkyɛmu no ase no ano mmoa wɔ faako, na asase kesee nna ne ho adi.” Na ɛyɛɛ saa. 10Onyankopɔn too beae kesee ne din “asase.” Na nsu a ɛboaa ne ho ano no nso, ɔtoo no din “ɛpo.” Onyankopɔn hui sɛ eye.

11Afei Onyankopɔn kae se, “Afifide mfifi wɔ asase so; afifide a ɛsow aba, nnuaba ahorow a ɛsow aba ne nea nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifi wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. 12Afifide a ɛsow aba ne nnua fifii wɔ asase so na nʼaba no nyin yɛɛ nnua ne afifide sɛ ne sɛso. Onyankopɔn hui sɛ eye. 13Na ade sae, na ade kyee. Eyi ne da a ɛto so abiɛsa.

14Na Onyankopɔn kae se, “Hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ɛmmɛpae adekyee ne adesae mu. Na ɛmmɛyɛ nnyinaso mma bere nkyekyɛmu, nna ne mfe, 15na ɛmma hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu, na ahyerɛn wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. 16Onyankopɔn yɛɛ akanea akɛse abien a ɛyɛ owia ne ɔsram sɛ, owia no nni adekyee so na ɔsram no nni anadwo so. Ɔbɔɔ nsoromma nso. 17Onyankopɔn de akanea akɛse abien yi sii nkyɛmu a ɛwɔ wim no mu sɛ ɛnhyerɛn wɔ asase so, 18na wonni adekyee ne adesae no so, na ɛntew hann no mfi sum no ho. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. 19Na ade sae, na ade kyee. Da a ɛto so anan ne no.

20Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu nhyɛ nsu no ma, na nnomaa ntu mfa asase ne nkyɛmu a ɛwɔ wim no so.” 21Enti Onyankopɔn bɔɔ po mu mmoa akɛse ne mmoa ahorow nyinaa a wɔwɔ nkwa na wɔkeka wɔn ho ne nnomaa ahorow nyinaa. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. 22Onyankopɔn hyiraa abɔde no nyinaa so, kae se, “Monwo na monyɛ bebree na monhyɛ po no mu nsu no ma, na nnomaa ase ntrɛw wɔ asase so.” 23Na ade sae, na ade kyee. Da a ɛto so anum ne no.

24Onyankopɔn kae se, “Abɔde a nkwa wɔ mu ahorow nyinaa ne wɔn sɛso, anantwi ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne mmoa ahorow a wɔyɛ keka a wɔwɔ asase so nyinaa mmra asase so.” Na ɛyɛɛ saa. 25Onyankopɔn bɔɔ mmoa ahorow, anantwi ahorow ne wɔn sɛso ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne wɔn sɛso. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.

26Onyankopɔn kae se, “Momma yɛmmɔ onipa sɛ yɛn sɛso, na onni po mu mpataa, wim nnomaa, anantwi ne mmoa a wɔyɛ keka ne biribiara a ɛwea nʼafuru so wɔ asase so no so.”

27Enti Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ ne sɛso;

Onyankopɔn sɛso so na ɔbɔɔ wɔn;

ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.

28Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn se, “Monwo na monyɛ asase so ma, na munni biribiara so. Munni po mu mpataa ne wim nnomaa ne abɔde biara a nkwa wɔ mu a ɛwɔ asase so no nyinaa so.”

29Afei Onyankopɔn kae se, “Mede asase so afifide a ɛsow aba nyinaa, afifide biara a aba hyɛ ne nnuaba mu wɔ asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduan. 30Mede nhabammono nyinaa ama aboa biara a ɔwɔ asase so, anomaa biara a ɔwɔ wim, biribiara a ɛwea nʼafuru so, biribiara a nkwa wɔ mu wɔ asase so sɛ wɔn aduan.” Na ɛyɛɛ saa.

31Onyankopɔn hwɛɛ nea wayɛ nyinaa huu sɛ ɛyɛ papa. Na ade sae, na ade kyee. Eyi ne da a ɛto so asia.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Mose 1:1-31

Adebɔ Ahyɛaseɛ

1Ahyɛaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. 2Na asase yɛ sakasaka ne hunu. Na esum kata nsubunu no ani. Na Onyankopɔn honhom butu nsuo no ani.

3Onyankopɔn hyɛɛ sɛ, ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann. 4Onyankopɔn hunuu sɛ hann no yɛ enti, ɔtee hann no firii esum no ho. 5Onyankopɔn frɛɛ hann no sɛ adekyeeɛ, na esum no nso sɛ adesaeɛ. Adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ, ɛda a ɛdi ɛkan no no.

6Onyankopɔn kaa sɛ, “Nkyɛmu mmra nsuo no ntam, na ɛnkyekyɛ nsuo no mu.” 7Enti, Onyankopɔn yɛɛ nkyɛmu no de kyekyɛɛ nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no ase firii nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no atifi no mu. Na ɛyɛɛ saa. 8Onyankopɔn too atifi nkyɛmu no edin ewiem. Na esum duruiɛ ɛnna adeɛ kyeeɛ; yei ne ɛda a ɛtɔ so mmienu.

9Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Nsuo a ɛwɔ nkyɛmu no ase no ano mmoa wɔ faako, na asase kesee nna ne ho adi.” Na ɛyɛɛ saa. 10Onyankopɔn too beaeɛ kesee no edin asase. Ɛnna nsuo a ɛboaa ne ho ano no nso, ɔtoo no edin ɛpo. Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.

11Afei, Onyankopɔn kaa sɛ, “Afifideɛ mfifiri asase so; afifideɛ a ɛso aba, nnuaba ahodoɔ a ɛso aba ne deɛ, nʼaba hyehyɛ mu nyinaa mfifiri asase so.” Na ɛyɛɛ saa. 12Afifideɛ a ɛso aba ne nnua fifirii asase so na nʼaba no nyini yɛɛ nnua ne afifideɛ sɛ ne sɛso. Onyankopɔn hunuu sɛ, ɛyɛ. 13Na adeɛ saeɛ ɛnna adeɛ kyeeɛ. Yei ne ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa.

14Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ ewiem no mu mmɛpae adekyeeɛ ne adesaeɛ mu. Na ɛmmɛyɛ nnyinasoɔ mma ɛberɛ nkyekyɛmu, nna ne mfeɛ 15na ɛmma hann mmra nkyɛmu a ɛwɔ ewiem no mu, na ahyerɛn wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. 16Onyankopɔn yɛɛ nkanea akɛseɛ mmienu a ɛyɛ owia ne ɔbosome sɛ, owia no nni adekyeeɛ so na ɔbosome no nni anadwo so. Ɔbɔɔ nsoromma nso. 17Onyankopɔn de nkanea akɛseɛ mmienu yi sii nkyɛmu ewiem no mu sɛ, ɛnhyerɛn wɔ asase so, 18na wɔnni adekyeeɛ ne adesaeɛ no so, na ɛnte hann no mfiri esum no ho. Na Onyankopɔn hunuu sɛ, ɛyɛ. 19Na adeɛ saeɛ, ɛnna adeɛ kyeeɛ. Ɛda a ɛtɔ so ɛnan ne no.

20Onyankopɔn kaa sɛ, “Abɔdeɛ a nkwa wɔ mu nhyɛ nsuo no ma, na nnomaa ntu mfa asase ne nkyɛmu a ɛwɔ ewiem no so.” 21Enti, Onyankopɔn bɔɔ ɛpo mu mmoa akɛseɛ ne mmoa ahodoɔ nyinaa a wɔwɔ nkwa na wɔkeka wɔn ho ne nnomaa ahodoɔ nyinaa. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. 22Onyankopɔn hyiraa abɔdeɛ no nyinaa so, ɛnna ɔkaa sɛ, “Monwo na monyɛ bebree na monhyɛ ɛpo no ma, na nnomaa ase ntrɛ wɔ asase so.” 23Na adeɛ saeɛ ɛnna adeɛ kyeeɛ. Ɛda a, ɛtɔ so enum ne no.

24Onyankopɔn kaa sɛ, “Abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ahodoɔ nyinaa ne wɔn sɛso, anantwie ne mmoa a wɔwea wɔn afuru so ne mmoa ahodoɔ a wɔyɛ keka a wɔwɔ asase so nyinaa mmra asase so.” Na ɛyɛɛ saa. 25Onyankopɔn bɔɔ mmoa ahodoɔ, anantwie ahodoɔ ne wɔn sɛso ne mmoa a, wɔwea wɔn afuru so ne wɔn sɛso. Na Onyankopɔn hunuu sɛ, ɛyɛ.

26Onyankopɔn kaa sɛ, “Momma yɛmmɔ onipa sɛ yɛn sɛso, na ɔnni ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, anantwie ne mmoa a wɔyɛ keka ne biribiara a ɛwea nʼafuru so wɔ asase so.”

27Enti, Onyankopɔn bɔɔ onipa sɛ ne sɛso;

Onyankopɔn sɛso so na ɔbɔɔ wɔn;

ɔbaa ne ɔbarima na ɔbɔɔ wɔn.

28Onyankopɔn hyiraa wɔn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monwo na monyɛ asase so ma, na monni biribiara so. Monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne abɔdeɛ biara a, nkwa wɔ mu a, ɛwɔ asase so no nyinaa so.”

29Afei, Onyankopɔn kaa sɛ, “Mede asase so afifideɛ a ɛso aba nyinaa, afifideɛ biara a aba hyɛ ne nnuaba mu wɔ asase yi so nyinaa hyɛ wo nsa. Ɛbɛyɛ wʼaduane. 30Mede nhahammono nyinaa ama aboa biara a ɔwɔ asase so, anomaa biara a ɔwɔ ewiem, biribiara a ɛwea nʼafuru so, biribiara a nkwa wɔ mu wɔ asase so sɛ wɔn aduane.” Na ɛyɛɛ saa.

31Onyankopɔn hwɛɛ deɛ wayɛ nyinaa hunuu sɛ ɛyɛ papa. Na adeɛ saeɛ na adeɛ kyeeɛ. Yei ne ɛda a ɛtɔ so nsia.