歷代志下 4 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志下 4:1-22

聖殿的器具

1所羅門造了一座銅壇,長九米,寬九米,高四點五米。 2他又鑄了一個圓形銅海,高二點二五米,直徑四點五米,周長十三點五米。 3銅海邊緣下方有兩圈牛的圖案,每五十釐米有十頭牛,是鑄銅海的時候鑄上的。 4有十二頭銅牛馱著銅海,三頭向北,三頭向西,三頭向南,三頭向東,牛尾向內。 5銅海厚八釐米,邊如杯邊,又如百合花,容量為六萬六千升。 6他又造了十個盆,五個放右邊,五個放左邊,用來清洗獻燔祭所用之物。但銅海只供祭司沐浴使用。

7他照著所定的式樣,造了十個金燈臺放在殿裡,五個在右邊,五個在左邊; 8又造了十張桌子放在殿裡,五個在右邊,五個在左邊;還造了一百個金碗。 9他又建了祭司院、大院及大院的門,門都包上銅。 10銅海放在殿的右邊,就是東南方。

11戶蘭又造了盆、鏟和碗。他為所羅門王完成了上帝殿裡的工作。 12戶蘭所製造的有:兩根柱子,兩個碗狀的柱冠,兩個裝飾柱冠的網子, 13用來裝飾碗狀柱冠、安在兩個網子上的四百石榴——每個網子上兩行; 14盆座及盆座上的盆; 15銅海和銅海下面的十二頭銅牛; 16盆、鏟、肉叉及耶和華殿裡的一切器具。這些都是巧匠戶蘭用磨亮的銅為所羅門王製造的。 17這些都是照王的命令,在疏割撒利但之間的約旦平原用泥模鑄成的。 18所羅門製造的器具極多,銅的重量無法統計。

19所羅門又造了上帝殿裡的金壇和放置供餅的桌子, 20按規定放在內殿前的純金的燈臺和燈盞, 21以及純金的花飾、燈盞、火鉗、 22蠟剪、碗、碟和火鼎。殿門和至聖所的門也是金的。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 4:1-22

Nneɛma A Wɔde Siesiee Asɔredan No Mu

1Salomo sane yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ne tentene yɛ anammɔn aduasa, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa saa ara, na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn dunum. 2Afei, ɔyɛɛ nsukoradeɛ kɛseɛ kurukuruwa bi a ɛfiri ano kɔka ano yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no edin Ɛpo. Na emu tenten yɛ anammɔn nson ne fa, na ne kanko mu yɛ anammɔn aduanan enum. 3Na Ɛpo no wɔ nsɛsodeɛ a ɛte sɛ anantwie a wɔatwa afa ano no ase ahyia. Anammɔn baako biara mu no, na anantwie sɛso nsia wɔ so a wɔagu ama afra nsukoradeɛ no.

4Na Ɛpo no si nsiaseɛ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ anantwie dumienu sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔntene. Mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam. Mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam. Mmiɛnsa kyerɛ anafoɔ fam, ɛnna mmiɛnsa nso ani kyerɛ apueeɛ fam. 5Ɛpo no afasuo mu pipiripie yɛ bɛyɛ nsateakwaa mmiɛnsa, na nʼano no ntrɛmu te sɛ bonsua, na na ɛte ɛsɛ sukooko nhwiren a apae. Na Ɛpo no tumi kora nsuo gyare mpem dunsia ne ahanum.

6Ɔyɛɛ dwaresɛn edu a wɔkora nsuo a wɔde hohoro afɔrebɔdeɛ ho. Na emu enum wɔ Ɛpo no anafoɔ fam na enum wɔ atifi fam. Asɔfoɔ no deɛ, na Ɛpo no ankasa mu nsuo na na wɔde hohoro wɔn ho, na wɔmmfa dwaresɛn no mu nsuo no bi.

7Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ nkaneadua edu, sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ noɔ no, de sisii Asɔredan no mu. Wɔde emu enum sisi bɛnee anafoɔ fam fasuo, na wɔde emu enum a aka no nso sisi bɛnee atifi fam ɔfasuo no.

8Afei, ɔyɛɛ apono edu de sisii Asɔredan no mu. Wɔde emu enum sisii anafoɔ fam ɔfasuo no anim, na wɔde emu enum a aka no nso sisii atifi fam ɔfasuo no anim. Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ dwaresɛn ɔha.

9Salomo sii adihɔ maa asɔfoɔ no, sane sii adihɔ kɛseɛ bi wɔ Asɔredan no mfikyire. Ɔyɛɛ apono totoo adihɔ akwan no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa ho. 10Wɔde Ɛpo no sii anafoɔ fam ne apueeɛ fam afasuo ahyiaeɛ no twɛtwɛwa so hɔ.

11Huram-Abi yɛɛ nkukuo, nsofi ne dwaresɛn a ɛho hia nyinaa. Deɛ ɔhene Salomo kyerɛɛ Huram-Abi sɛ ɔnyɛ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho no nyinaa, ɔyɛeɛ.

12Afadum mmienu,

aduntire a wɔayɛ no sɛ asansuo mmienu a ɛsisi afadum no atifi,

nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu wɔde asiesie aduntire no,

13ateaa nsɛso ahanan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu aduntire no so (ateaa a wɔahyehyɛ no ntentenesoɔ mmienu a ebiara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn aduntire a ɛwɔ afadum no atifi no so no).

14Ɔyɛɛ nsuo nteaseɛnam a dwaresɛn no sisi so,

15Ɛpo no ne anantwie sɛso dumienu a wɔhyɛ aseɛ,

16nkukuo, nsofi, ɛnam nnarewa ne nneɛma a ɛkeka ho nyinaa.

Huram-Abi de kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho na ɛyɛɛ saa nneɛma yi nyinaa maa Awurade Asɔredan no, sɛdeɛ Ɔhene Salomo hyɛɛ no no. 17Ɔhene ma wɔguu no kankua a na ɛwɔ Yordan bɔnhwa a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no mu. 18Kɔbere mfrafraeɛ a wɔde dii dwuma no dodoɔ enti, wɔantumi anhunu emu duru ano.

19Na Salomo yɛɛ nneɛma a wɔde siesie Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa:

sikakɔkɔɔ afɔrebukyia;

apono a wɔde Hyiadan mu Burodo no gu so;

20kanea nnua ne nʼakanea a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛbɛhyerɛn wɔ Kronkron mu Kronkron no anim sɛdeɛ wɔakyerɛ no;

21nhwiren a wɔde siesie, nkanea ne afagya a wɔde sikakɔkɔɔ amapa na ɛyɛɛ no nyinaa;

22nkanea akapɛ, dwaresɛn, nyowaa ne nkyɛnsee a wɔnoa mu no nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ amapa;

apono a wɔtintim wɔ ɛkwan a ɛkɔ Kronkron mu Kronkron ne deɛ ɛkɔ Asɔredan no dan kɛseɛ mu no, wɔde sikakɔkɔɔ na ɛduraa ho nyinaa.