以斯拉記 1 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以斯拉記 1:1-11

塞魯士下令猶太人回國

1波斯塞魯士元年,耶和華為要應驗祂藉耶利米所說的話,就感動波斯塞魯士,使他下詔通告全國:

2波斯塞魯士如此說,『天上的上帝耶和華已把天下萬國都賜給我,祂吩咐我在猶大耶路撒冷為祂建造殿宇。 3你們當中凡是耶和華的子民,都可以去猶大耶路撒冷,為住在耶路撒冷以色列的上帝耶和華建殿,願上帝與他們同在! 4凡留下不回國的人,無論住在哪裡,都要用金銀、財物和牲畜幫助同區那些將要回國的人,此外還要為耶路撒冷的上帝的殿獻上自願獻的禮物。』」

5於是,猶大便雅憫的族長、祭司和利未人——所有被上帝感動的人都準備上耶路撒冷重建耶和華的殿。 6他們周圍的人除了獻上自願獻的禮物外,還拿出銀器、金子、財物、牲畜和珍寶來支持他們。 7巴比倫尼布甲尼撒曾從耶路撒冷耶和華的殿裡帶回珍貴的器皿,放在自己神明的廟裡。波斯塞魯士將這些器皿取出來, 8派財政大臣米提利達如數交給猶大的首領設巴薩9三十個金盤、一千個銀盤、二十九把刀、 10三十個金碗、四百一十個次等銀碗及一千件其他器皿, 11共有五千四百件金銀器皿。被擄者從巴比倫耶路撒冷時,設巴薩把這些器皿一併帶去。

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛsra 1:1-11

Yuda Nnommumfoɔ Sane Ba Yerusalem

1Na Persiahene Kores afe a ɛdi ɛkan no mu no, Awurade kaa Kores akoma maa ɔtwerɛɛ saa dawurobɔ nsɛm yi de kɔɔ ahemman yi nyinaa mu, maa Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu.

2Sɛdeɛ Persiahene Kores1.2 Na Kores Ahemman no trɛ firi India kɔsi Misraim, ɛtoaa so firi hɔ Ɛpo Kɔkɔɔ a ɛwɔ Persia Po no mu kɔsi Etiopia. ka nie:

Awurade, ɔsoro Onyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me sɛ, mensi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. 3Mo a moyɛ ne nkurɔfoɔ nyinaa, monsane nkɔ Yerusalem wɔ Yuda, nsane nkɔsi saa Awurade, Israel Onyankopɔn, a ɔte Yerusalem no asɔredan. Na mo Onyankopɔn bɛka mo ho. 4Wɔn a wɔtete baabiara a Yudafoɔ nkaeɛfoɔ no wɔ no, ɛsɛ sɛ wɔma Yudafoɔ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, akwantuo nneɛma, nyɛmmoa ne akoma pa mu afɔrebɔdeɛ a wɔde ma Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no, de boa wɔn akwantuo no.

5Na Onyankopɔn kaa Lewifoɔ, Yuda ne Benyamin mmusuakuo ntuanofoɔ akoma sɛ, wɔnsane mmra Yerusalem mmɛsiesie Awurade asɔredan no. 6Na wɔn afipamfoɔ boa maa wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ atam ne nyɛmmoa, ma wɔde tuu kwan no. Wɔmaa wɔn akyɛdeɛ pa bebree de kaa deɛ ɛfiri wɔn ankasa akoma mu no ho.

7Ɔhene Kores no ankasa de aboɔdenneɛ a ɔhene Nebukadnessar tase firii Awurade asɔredan mu wɔ Yerusalem de kɔguu ɔno ankasa anyame asɔredan mu no baeɛ. 8Kores hyɛɛ Persia ɔsannaani Mitredat sɛ ɔnkenkan saa nneɛma no nyinaa, na ɔmfa nhyɛ wɔn a wɔtwaa wɔn asuo a wɔresane aba Yuda no panin Sesbasar nsa.

9Yeinom ne nneɛma a Kores de bɛkyɛeɛ:

sikakɔkɔɔ nsiaseɛ 30dwetɛ nsiaseɛ 1,000dwetɛ ɔhyeɛsɛn 2910sikakɔkɔɔ atam 30dwetɛ atam 410nneɛma a ɛkeka ho 1,000

11Ne nyinaa mu no, sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a wɔde maa Sesbasar sɛ ɔmfa nkɔ Yerusalem wɔ ɛberɛ a wɔn a wɔtwaa wɔn asuo firi Babilonia baa hɔ no dodoɔ yɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ mpem enum ne ahanan (5,400).