歷代志下 5 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志下 5:1-14

1這樣,所羅門完成了耶和華殿的一切工作。所羅門把他父親大衛獻給上帝的金銀和一切器具都搬進上帝殿的庫房。

運約櫃入聖殿

2所羅門以色列的長老、各支派的首領和族長召集到耶路撒冷,準備把耶和華的約櫃從大衛錫安運上來。 3在七月住棚節的時候,以色列人都聚集到所羅門王那裡。 4以色列的長老到齊後,祭司便抬起約櫃, 5祭司和利未人將約櫃、會幕和會幕裡的一切聖器運上來。 6所羅門王和聚集到他那裡的以色列全體會眾在約櫃前獻祭,獻上的牛羊多得不可勝數。 7祭司把耶和華的約櫃抬進內殿,即至聖所,放在兩個基路伯天使的翅膀下面。 8基路伯天使展開翅膀,遮蓋約櫃和抬約櫃的橫杠。 9橫杠非常長,在至聖所前面的聖所中也看得見橫杠的末端,但在聖所外面看不見。橫杠至今仍在那裡。 10約櫃裡除了兩塊石版,沒有別的東西。石版是以色列人離開埃及後,耶和華在何烈山跟他們立約時,摩西放進去的。

耶和華的榮耀

11隨後,祭司退出聖所,所有在場的祭司不分班次都已潔淨自己。 12所有負責歌樂的利未亞薩希幔耶杜頓,以及他們的兒子和親族都穿著細麻布衣服,站在祭壇的東邊,敲鈸、鼓瑟、彈琴,同時還有一百二十位祭司吹號。 13吹號的和歌樂手一起同聲讚美和稱謝耶和華,伴隨著號、鈸及各種樂器的聲音,高聲讚美耶和華:

「祂是美善的,

祂的慈愛永遠長存!」

那時,有雲彩充滿了耶和華的殿, 14以致祭司不能在殿裡供職,因為殿裡充滿了耶和華上帝的榮光。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Berɛsosɛm 5:1-14

Wɔde Apam Adaka No Kɔ Asɔredan No Mu

1Ɛberɛ a Salomo wiee Awurade Asɔredan no sie ho dwumadie no, ɔde akyɛdeɛ a nʼagya, Ɔhene Dawid, de maa Awurade, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a aka no baeɛ. Wɔkoraa yeinom nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan no sikakorabea mu.

2Afei, Salomo frɛɛ mmusuakuo ne mmusua ntuanofoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa sɛ wɔmmɛhyia Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ wɔyi Awurade Apam Adaka no firi baabi a ɛsi wɔ Dawid kuro a na wɔsane frɛ hɔ Sion no, de kɔ beaeɛ foforɔ wɔ Asɔredan no mu hɔ. 3Bosome Bul (bɛyɛ Ahinime) a wɔredi afirinhyia Asese Afahyɛ no, wɔn nyinaa bɛhyiaa ɔhene anim.

4Ɛberɛ a mpanimfoɔ no bɛduruu Israel no, Lewifoɔ no pagyaa Adaka no 5ne ntomadan sononko ne ɛho nneɛma kronkron no nyinaa. Lewifoɔ asɔfoɔ no soa kɔɔ Asɔredan no mu. 6Ɔhene Salomo ne Israel manfoɔ no nyinaa de nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nni ano bɔɔ afɔdeɛ wɔ Adaka no anim.

7Afei, asɔfoɔ no maa Awurade Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no kronkronbea a ɛhɔ yɛ Kronkron mu Kronkron hɔ, de kɔhyɛɛ Kerubim no ntaban ase. 8Kerubim no trɛɛ wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so, ma ɛyɛɛ sɛ kyiniiɛ wɔ Adaka no ne ne nnua a ɛsosɔ mu no so. 9Na nnua no woware yie; enti sɛ obi gyina Asɔredan no ano kwan ano a ɔhunu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. 10Na biribiara nni adaka no mu sɛ aboɔ apono mmienu a Mose de guu mu wɔ Horeb wɔ ɛberɛ a Awurade ne Israelfoɔ a na wɔatu afiri Misraim no yɛɛ apam no.

11Afei, asɔfoɔ no firii kronkronbea hɔ. Saa ɛberɛ yi, na asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, sɛ wɔwɔ dwuma bi die anaa wɔnni hwee yɛ, adwira wɔn ho. 12Lewifoɔ nnwomtofoɔ, Asaf, Heman, Yedutun, wɔn mmammarima ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera mmatakari gyinagyinaa afɔrebukyia no apueeɛ fam, na wɔbɔɔ kyankyan, mmɛnta ne nsankuten. Asɔfoɔ ɔha aduonu a wɔrehyɛn totorobɛnto bɛkaa wɔn ho. 13Ntotorobɛntohyɛnfoɔ ne nnwomtofoɔ no nyinaa bɔɔ mu too dwom de kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔde ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ bɛkaa wɔn ho, maa wɔn nne so, kamfoo Awurade sɛ:

“Ɔyɛ!

Na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa!”

Saa ɛberɛ no mu ara, omununkum bɛhyɛɛ Awurade asɔredan no ma. 14Asɔfoɔ no antumi antoa wɔn adwuma no so, ɛfiri sɛ, Awurade animuonyam bɛhyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan no ma.