士师记 17 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

士师记 17:1-13

米迦的神像

1以法莲山区住了一个名叫米迦的人。 2他对母亲说:“你那一千一百块银子丢了,我还听见你咒诅小偷。看啊,银子在我这里,是我拿去的。”他母亲说:“我儿啊,愿耶和华赐福给你!” 3米迦把一千一百块银子还给母亲。他母亲说:“我要为你把这些银子献给耶和华,用来雕刻、铸造神像。现在这银子还是你的。” 4米迦把银子还给母亲后,他母亲拿出二百块银子交给银匠雕刻、铸造神像,放在米迦的房子里。 5米迦有一个神庙,他制造了一件以弗得和一些家庭神像,并指派他的一个儿子做祭司。 6那时,以色列没有王,人人各行其是。

7犹大伯利恒住着一个年轻的利未人。 8他离开伯利恒想到别的地方居住,一路走到以法莲山区米迦的家。 9米迦问他:“你从哪里来?”他回答说:“我是从犹大伯利恒来的利未人,我要找一个住的地方。” 10米迦说:“你就住在我这里吧,做我的师父和祭司。我每年给你十块银子,还为你提供衣服和膳食。”利未人就进了米迦的家, 11住了下来。米迦待他就像待自己的儿子一样。 12这样,米迦派他做祭司,让他住在自己家里。 13米迦说:“现在我有一个利未人做我的祭司,耶和华一定会赐福给我。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 17:1-13

Mika Ahoni

1Ɔbarima bi tenaa Efraim bepɔw asase so a na wɔfrɛ no Mika. 2Da koro bi, ɔka kyerɛɛ ne na se, “Metee sɛ wodomee ɔkorɔmfo a owiaa wo nnwetɛbona kilogram du abien ne fa fii wo nkyɛn no. Nnwetɛbona no wɔ me nkyɛn. Me ara na mefae.”

Ne na kae se, “Awurade nhyira wo, me ba.” 3Ɔde nnwetɛbona kilogram du abien ne fa no maa ne na no, ne na no kae se, “Metew me nnwetɛbona yi ho ma Awurade. Mɛma wɔayɛ ohoni a wɔde dwetɛ agu. Mɛsan de ama wo.”

4Enti ne na de nnwetɛbona ahannu kɔmaa dwetɛdwumfo na ɔde yɛɛ ohoni. Na wɔde sii Mika fi. 5Mika yɛɛ nsɔre so na ɔyɛɛ asɔfotade ne ne fifo ahoni kaa ho. Ɛnna ɔhyɛɛ ne mmabarima no mu baako sɔfo. 6Saa bere no na Israel nni ɔhene, nti na nnipa no yɛ nea wɔpɛ biara.

7Da bi, Lewini aberante bi a ofi Betlehem a ɛwɔ Yuda 8beduu saa beae hɔ wɔ Efraim asase so a ɔrehwehwɛ baabi foforo atena. Ɛbae sɛ, ɔkɔsoɛɛ wɔ Mika fi. 9Mika bisaa no se, “Ɛhe na wufi?”

Ɔno nso buae se, “Meyɛ Lewini a mifi Betlehem wɔ Yuda na merehwehwɛ baabi atena.”

10Mika ka kyerɛɛ no se, “Wo ne me ntena ha, na wobɛyɛ agya ne ɔsɔfo ama me. Mɛma wo nnwetɛbona gram ɔha ne dunan afe biara; mɛma wo ntade ne aduan.” 11Lewini no penee so na ɔbɛyɛɛ sɛ Mika mmabarima no mu baako. 12Enti Mika hyɛɛ Lewini no sɔfo, na ɔtenaa Mika fi. 13Na Mika kae se, “Minim sɛ Awurade behyira me, efisɛ mewɔ Lewini a ɔresom sɛ me sɔfo.”