路得记 1 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

路得记 1:1-22

拿俄米和路得

1在士师执政的时代,犹大发生了饥荒。有一个人带着妻子和两个儿子从犹大伯利恒迁到摩押境内寄居。 2这个人名叫以利米勒,妻子叫拿俄米,两个儿子分别叫玛伦基连。他们都是犹大伯利恒以法他人。他们来到摩押,就在那里住了下来。 3后来,拿俄米的丈夫以利米勒去世了,留下她和两个儿子。 4这两个儿子都娶了摩押的女子为妻,一个名叫俄珥巴,一个名叫路得。他们在那里住了大约十年后, 5玛伦基连二人也相继去世,只剩下拿俄米,没有了丈夫,也没有了儿子。

6后来,拿俄米摩押听说耶和华眷顾祂的子民,使他们五谷丰登,就带着两个儿媳妇准备回故乡。 7她们离开所居住的地方,启程返回犹大8拿俄米对两个儿媳妇说:“你们还是各回娘家去吧!愿耶和华恩待你们,就好像你们恩待死去的丈夫和我一样。 9愿耶和华使你们都有机会再嫁,找到好归宿。”拿俄米说完了,就亲吻她们。她们都放声大哭, 10说:“不!我们要跟你一起回你的家乡。” 11拿俄米说:“我的女儿啊,回娘家去吧!为什么要跟我去呢?难道我还能生儿子做你们的丈夫吗? 12回去吧!我的女儿啊,走吧!我已经老了,不可能再嫁人了。就算我还有指望,今晚能再结婚生子, 13难道你们能一直不嫁,等到他们长大吗?不要这样,我的女儿啊!这样你们会很苦,我就更苦了,因为耶和华伸手惩罚我。” 14她们又放声大哭,俄珥巴就亲吻婆婆,向她道别。然而,路得却依依不舍,不肯离去。

15拿俄米说:“你看,你嫂嫂已经回她家乡和她拜的神明那里去了,你也跟着嫂嫂回去吧!” 16路得说:“不要逼我撇你而去。你往哪里去,我也要往哪里去;你住在哪里,我也要住在哪里;你的同胞就是我的同胞,你的上帝就是我的上帝; 17你死在哪里,我也死在哪里、葬在哪里。只有死才能把我们分开。否则,愿耶和华重重地惩罚我!” 18拿俄米路得坚决要跟她走,就不再劝阻她了。

19于是,二人便一同回到伯利恒。她们进了伯利恒,全城惊动。妇女们问:“这不是拿俄米吗?” 20拿俄米对她们说:“不要再叫我拿俄米1:20 拿俄米”意思是“甜”。了,叫我玛拉1:20 玛拉”意思是“苦”。吧!因为全能者叫我过得好苦啊! 21我曾满满地离开这里,现在耶和华却使我空空地回来。既然耶和华叫我受苦,全能者使我遭遇不幸,为何还叫我拿俄米呢?”

22拿俄米带着她的儿媳妇——摩押女子路得摩押回到了伯利恒,那时正是开始收割大麦的季节。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Rut 1:1-22

Elimelek Tutu Kɔtena Moab

1Bere a na atemmufo di Israel so no, ɔkɔm baa asase no so. Ɔbarima bi a ofi Betlehem wɔ Yuda ne ne yere ne ne mmabarima baanu tutu fii asase no so kɔtenaa Moab. 2Na ɔbarima no din de Elimelek1.2 Wonyaa din Efrati fii abusua a Elimelek fi mu no. Ɛno nti, Elimelek de nʼabusua din no ɔmantam a ɛbɛn Betlehem a ɛtɔ da a wɔfrɛ no Betlehem Efrata no (4.11; 1 Mose 35.19; 1 Sam 17.12; Mika 5.2). na ne yere nso din de Naomi. Ne mmabarima baanu no nso, na wɔn din de Mahlon ne Kilion. Wɔyɛ Efratifo a wofi Betlehem wɔ Yuda. Wɔkɔɔ Moab kɔtenaa hɔ. 3Ɛbaa sɛ Naomi kunu Elimelek wu ma ɛkaa ne mmabarima baanu no. 4Wɔwarewaree Moabfo mmea. Na ɔbaako din de Orpa na nea ɔka ho no nso din de Rut. Wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfe du no, 5Mahlon ne Kilion nso wuwui. Enti ɛmaa Naomi tenaa ase a wahwere ne mmabarima baanu no ne ne kunu.

6Bere a ɔtee wɔ Moab hɔ sɛ Awurade abɛdom ne nkurɔfo a wɔwɔ Yuda na wama wɔn aduan no, Naomi ne ne nsenom yi yɛɛ ahoboa sɛ wɔrefi Moab asan akɔ ne kurom. 7Ɔne ne nsenom baanu yi tutu fii beae hɔ faa kwan a ɛde wɔn bɛkɔ akosi Yuda so.

8Afei, Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom yi se, “Monsan nkɔ mo nanom fi. Awurade ne mo nni no yiye sɛnea mo ne awufo ne me dii no yiye no. 9Awurade mmoa mo mu biara na onya ɔhome wɔ okunu foforo fi.” Afei, ofifew wɔn ano na wɔn nyinaa maa wɔn nne so sui.

10Na wɔka kyerɛɛ Naomi se, “Yɛne wo bɛsan akɔ wo nkurɔfo nkyɛn.”

11Nanso Naomi kae se, “Me mma, monsan nkɔ fie. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mo ne me kɔ? Merekɔwo mmabarima bio a wobetumi awareware mo ana? 12Me mma, monsan nkɔ fie. Manyin, sɛ meware kunu bio a, ɛrenyɛ yiye. Mpo, sɛ midwen sɛ anidaso bi wɔ hɔ ma me sɛ nso anadwo yi ara minya okunu na me ne no wo mmabarima a, 13mobɛtwɛn kosi sɛ wobenyinyin? Mobɛtena atwɛn wɔn ana? Dabi, me mma. Asɛm no yɛ den ma me sen mo, efisɛ Awurade ayi ne nsa afi me so!”

14Wɔsan twaa adwo bio. Afei, Orpa few nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi sɛ ɔne no bɛtena.

15Nanso Naomi ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, wo kora asan kɔ ne nkurɔfo ne nʼanyame nkyɛn. Ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara.”

16Na Rut buae se, “Nhyɛ me sɛ mimfi wo nkyɛn nsan nkɔ. Baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ hɔ bi na baabiara a wobɛtena no nso, mɛtena hɔ bi. Wo nkurɔfo bɛyɛ me nkurɔfo na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn. 17Baabi a wubewu no, mewu hɔ bi na wɔasie me hɔ. Sɛ mamma owu antetew me ne wo ntam na ɛnam biribi foforo biara so a, Awurade ntwe mʼaso.” 18Enti Naomi huu sɛ Rut ayɛ nʼadwene sɛ ɔne no bɛkɔ no, ogyaa ne pɛ maa no.

19Ɛno nti, wɔn baanu no toaa wɔn akwantu no so. Bere a woduu Betlehem no, wɔn nti kurow mu no nyinaa bɔɔ twi. Mmea no bisae se, “Naomi ni ana?”

20Ɔkae se, “Mommfrɛ me Naomi, na mmom, momfrɛ me Mara, efisɛ Awurade ama asetena ayɛ nwen ama me. 21Merefi ha akɔ no na mewɔ biribiara, nanso Awurade de me aba fie nsapan. Adɛn nti na mofrɛ me Naomi wɔ bere a Awurade ama mahu amane na Otumfo de saa abɛbrɛsɛ yi aba me so?”

22Enti Naomi fi Moab bae a, nʼase Rut, Moabni babun ka ne ho. Woduu Betlehem atokotwa bere mfiase no mu.