士师记 16 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

士师记 16:1-31

参孙和大利拉

1一天,参孙迦萨,看见一个妓女,就与她亲近。 2迦萨人得知参孙来了,便包围那地方,整夜埋伏在城门口,没有动手,心想:“等天一亮,我们就杀掉他。” 3可是,参孙睡到半夜就起来,把城门的门扇连门框和门闩一同拆下,扛到希伯仑对面的山顶上。

4后来,参孙梭烈谷爱上一位名叫大利拉的女子。 5非利士人的首领就上去见这女子,对她说:“请你哄参孙说出他为何有这么大力气,我们怎样才能制服他,把他绑起来。事后,我们每人会给你一千一百块银子。” 6于是,大利拉参孙:“求你告诉我,你为什么有这么大力气?用什么办法才能把你绑起来制服你?”

7参孙说:“如果我被七根还没干的青绳子绑着,我的力气便会和普通人一样。” 8非利士人的首领便把七根还没干的青绳子交给大利拉,她用那些绳子把参孙绑起来。 9有人已预先埋伏在她的内室,于是她喊道:“参孙非利士人来捉你了!”但参孙挣断了绳子,就像挣断火烧过的麻线一样。因此,仍然没有人知道他为何力气过人。

10大利拉参孙说:“你说谎捉弄我。现在请你告诉我,用什么方法才能绑住你?” 11参孙回答说:“如果用从未用过的新绳子绑住我,我的力气就会和普通人一样。” 12于是,大利拉让人埋伏在内室,她用七根新绳子绑住参孙,然后喊道:“参孙非利士人来捉你了!”结果,参孙挣断了手臂上的绳子,就像挣断一根线一样。

13大利拉参孙说:“到现在你还是说谎捉弄我。请你告诉我,用什么方法才能绑住你?”参孙说:“你把我的七根发辨和织布机的线编在一起,用橛子钉牢就可以了。” 14于是,大利拉把他的发辫和织布机的线编在一起,用橛子钉牢,然后喊道:“参孙非利士人来捉你了!”参孙醒来,挣脱了织布机的橛子和线。

15大利拉参孙说:“你既然不跟我说真心话,还说什么爱我!你捉弄了我三次,没告诉我你为何力气过人。” 16大利拉天天在他跟前唠叨不停,以致他烦得要死, 17就把秘密告诉了她。他说:“我从不剃发,因为我一出生就献给上帝做拿细耳人了。如果剃掉我的头发,我的力气就会和普通人一样。”

18大利拉见他说出了心中的秘密,就派人去通知非利士人的首领,说:“你们再来一次吧,他已经把秘密告诉我了。”于是,他们带着银子去了。 19大利拉参孙枕着她的腿睡觉,然后叫人来剃掉他的七根发辫,使他力气尽失,无力反抗。 20她喊道:“参孙非利士人来捉你了!”参孙醒来,心想:“我要像前几次一样挣脱捆绑。”他却不知道耶和华已经离开他了。 21非利士人拿住他,剜了他的眼睛,把他带到迦萨,用铜链锁住他,让他在监牢里推磨。 22后来,他的头发又渐渐长出来了。

参孙之死

23非利士人的首领聚在一起向他们的神明大衮献大祭,欢呼说:“我们的神把仇敌参孙交在我们手中了。” 24众人看见参孙,就赞美他们的神明,说:“我们的神把仇敌交在我们手中了,他曾毁坏我们的田地,杀死我们许多人。” 25他们都兴高采烈,并喊道:“把参孙带来让我们消遣消遣。”于是,有人把参孙从监牢里提出来供他们消遣,他们让他站在两根柱子中间。 26参孙对拉着他手的童仆说:“带我到支撑这庙宇的柱子那里,我想靠一靠。” 27那时,庙里挤满了男男女女,非利士人的首领们都在场,房顶上还有三千男女看参孙的热闹。

28参孙向耶和华祷告说:“主耶和华啊,求你眷顾我!上帝啊,求你再次赐给我力量,使我向非利士人报剜眼之仇。” 29参孙就抱住庙宇中央的两根柱子,一手抱一根, 30然后喊道:“我要跟非利士人同归于尽!”于是,他一用力,庙宇倒塌,压住里面的首领和民众。参孙死时杀的人比他活着时杀的还多。 31参孙的兄弟和家人取走他的尸体,葬在琐拉以实陶之间他父亲玛挪亚的墓地里。参孙以色列的士师二十年。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Atemmufo 16:1-31

Samson Tutu Gasa Apon

1Da bi, Samson kɔɔ Filistifo kuropɔn Gasa mu, na ɔne ɔbea guamanfo bi kɔdaa anadwo no. 2Ankyɛ na kurowmma no tee sɛ Samson wɔ hɔ, enti Gasa mmarima boaboaa wɔn ho ano na wɔtwɛn kurow no pon ano anadwo mu no nyinaa. Wɔyɛɛ komm anadwo no kae se, “Ade kye a yebekum no.”

3Na Samson daa hɔ ara kosii ɔdasu mu. Ɔsɔre soo kurow no apon no ne nʼaponnua abien mu hodwow no, na otutuu dade abaa a ɛda akyi ne nea ɛkeka ho nyinaa. Ɔde ne nyinaa guu ne mmati so, soa de kɔɔ bepɔw bi a ɛne Hebron di nhwɛanim no atifi.

Samson Ne Delila

4Akyiri no, Samson nyaa ɔbea bi wɔ Sorek bon no mu a na wɔfrɛ no Delila. 5Filistifo16.5 Na Filisti yɛ nkurow anum a aka abɔ mu a wɔwɔ ahemfo baanum. ntuanofo no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Hwɛ sɛ wubetumi adaadaa Samson ama wakyerɛ wo nea ɛma onya ahoɔden saa ne sɛnea yebetumi adi ne so, akyekyere no papee a yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbona du abien ne fa.”

6Enti Delila ka kyerɛɛ Samson se, “Mesrɛ wo kyerɛ me nea ɛma wo ahoɔden saa ne nea ɛbɛyɛ a wobetumi akyekyere wo papee.”

7Samson buaa no se, “Sɛ obi de agyan so ahama ason a ɛnwoe kyekyere me a, mɛyɛ mmerɛw te sɛ onipa biara.”

8Enti Filistifo ntuanofo no de agyan so ahama ason a ɛnwoe brɛɛ Delila ma ɔde kyekyeree Samson. 9Saa bere yi na ɔde mmarima ahintaw wɔ adan a ɛwɔ ne fi no baako mu; na ɔteɛɛ mu se, “Samson, Filistifo no aba rebɛkyere wo!” Nanso ɔtetew agyan ahama ason a ɛnwoe no mu te sɛ hama bi a wɔde aka ogya a ɛdɛw. Enti wɔanhu nʼahoɔden no ahintasɛm.

10Akyiri no, Delila ka kyerɛɛ no se, “Wudii me ho fɛw, twaa me nkontompo. Afei, mesrɛ wo kyerɛ me sɛnea wobetumi akyekyere wo papee.”

11Samson buaa no se, “Sɛ wɔde ntampehama amono a wɔmfa nnii dwuma biara da kyekyere me a, meyɛ mmerɛw te sɛ onipa obiara.”

12Enti Delila kɔfaa ntampehama amono de kyekyeree no. Saa bere no na mmarima no akɔtetɛw wɔ dan mu te sɛ kan no. Bio, Delila teɛɛ mu frɛɛ no se, “Samson! Filistifo aba sɛ wɔrebɛkyere wo!” Nanso Samson tetew ntampehama no mu fii ne nsa so te sɛ asaawa bi.

13Delila ka kyerɛɛ no se, “Wudii me ho fɛw twaa me nkontompo! Worenkyerɛ me sɛnea wobetumi akyekyere wo papee ana?”

Samson buaa no se, “Sɛ wonwen me tinwi mmɛsa ason no bɔ ntama bamma a ɛwɔ wʼakurokurowa no mu a, mɛyɛ mmerɛw te sɛ obiara.” Enti ɔdae no, Delila bɔɔ ne tinwi mmɛsa ason no 14de bɔɔ ntama bamma a ɛwɔ akurokurowa no so.

Bio, ɔteɛɛ mu se, “Samson! Filistifo no aba rebɛkyere wo!” Ɛhɔ ara, Samson nyanee, twee akurokurowa no yii ne tinwi no fii ntama bamma no mu.

15Delila sɔm nʼano kae se, “Wutumi ka sɛ wodɔ me, wɔ bere a wonka wo kokoamsɛm nkyerɛ me? Woadi me ho fɛw mprɛnsa, nanso wonkaa nea ɛma wo ahoɔden no nkyerɛɛ me ɛ!” 16Oguan ne ho adekyee biara kosii sɛ afei na ne ho guan no.

17Ne korakora no, Samson kaa nʼahintasɛm kyerɛɛ no se, “Wonyii me tinwi da, efisɛ wɔde me maa Onyankopɔn sɛ Nasareni fi awo mu. Sɛ woyi me tinwi a, mʼahoɔden no befi me mu ama mayɛ mmerɛw te sɛ obiara.”

18Delila huu sɛ afei de waka nokware akyerɛ no no, ɔsoma kɔfrɛɛ Filistifo ntuanofo no se, “Mommra bio, efisɛ waka biribiara akyerɛ me.” Enti Filistifo ntuanofo no san wɔn akyi kɔfaa sika no bae. 19Delila dɛfɛdɛfɛ Samson ma ɔdae a, ne ti da ne srɛ so. Ɔfrɛɛ ɔbarima bi ba ma obeyii ne tinwi sɛnea ne kyere no bɛyɛ yiye. Na nʼahoɔden no fii ne mu. 20Afei, ɔteɛɛ mu se, “Samson! Filistifo no aba rebɛkyere wo!”

Onyan no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Mɛyɛ sɛnea kan no na meyɛ no; mɛwosow me ho agye me ho.” Nanso na onnim sɛ Awurade afi ne mu.

21Na Filistifo no kyeree no, tutuu nʼani. Wɔde no kɔɔ Gasa na woguu no kɔbere mfrafrae mpokyerɛ ma ɔyam atoko wɔ afiase. 22Nanso ankyɛ na ne tinwi no fii ase fuwii.

Samson Nkonimdi A Edi Akyiri

23Filistifo ntuanofo no hyɛɛ fa kɛse bi, bɔɔ afɔre maa wɔn nyame Dagon dii ahurusi kae se, “Yɛn nyame de Samson a ɔyɛ yɛn tamfo no ahyɛ yɛn nsam!”

24Bere a nnipa no huu no no, wɔkamfoo wɔn nyame kae se,

“Yɛn nyame de yɛn tamfo

ahyɛ yɛn nsam;

nea okunkum yɛn mu bebree no,

yɛn nsa aka no!”

25Nnipa no bow nsa kakra no, wɔhyɛɛ sɛ, “Momfa Samson mmra na ommegye yɛn ani.” Enti woyii Samson fii afiaase. Wɔde no gyinaa asɔredan no mfimfini wɔ adum abien a ekura ɔdan no nkuruso no ntam.

26Samson ka kyerɛɛ ɔsomfo a okura ne nsa rekyerɛ no kwan no se, “Ma memfa me nsa nsuso adum abien no mu, na minnye mʼahome.” 27Na nnipa ahyɛ hyiadan mu hɔ ma tɔ. Filistifo ntuanofo no nyinaa wɔ hɔ bi. Na ɔdan no so nkuruso no nso na mmarima ne mmea bɛyɛ mpensa wɔ so a wɔrehwɛ Samson na wɔredi ne ho fɛw.

28Na Samson su frɛɛ Awurade se, “Otumfo Awurade, kae me bio. Onyankopɔn, mesrɛ wo ma me ahoɔden bio na mintua Filistifo so ka wɔ mʼani a wɔatutu no ho.” 29Afei Samson susoo adum abien a ɛwɔ hyiadan no mfimfini no mu. Ɔde nʼahoɔden nyinaa piae. 30Samson bɔɔ mpae se, “Ma me ne Filistifo no nwu.” Na hyiadan no dwiriw guu Filistifo ntuanofo no ne nnipa no nyinaa so. Enti okum nnipa bebree sen dodow a okum wɔn bere a na ɔte ase no.

31Akyiri no, ne nuabarimanom ne nʼabusuafo a wɔaka kɔfaa no. Wɔde no kɔɔ ne kurom kosiee no wɔ Sora ne Estaol ntam, faako a wosiee nʼagya Manoa hɔ. Samson dii Israelfo so sɛ otemmufo mfe aduonu.