利未记 20 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

利未记 20:1-27

各种罪的惩处条例

1耶和华对摩西说: 2“你把以下条例告诉以色列人。

“在你们或寄居在你们中间的外族人中,如果有人把子女献给假神摩洛,必须处死他,当地的人要用石头打死他。 3我也必严惩那人,将他从民中铲除。因为他把子女献给摩洛,玷污我的圣所,亵渎我的圣名。 4如果那地方的人对此置之不理,没有处死那人, 5我必严惩那人一家,从民中铲除他和那些追随他与摩洛苟合的人。 6如果有人求问灵媒或巫师,与他们苟合,我必严惩,将他从民中铲除。 7你们要洁净自己,做圣洁的人,因为我是你们的上帝耶和华。 8你们要遵行我的律例。我是使你们圣洁的耶和华。

9“咒骂父母的,必被处死。他咒骂父母,必须承担自己的罪。 10如果有人与别人的妻子通奸,奸夫淫妇必须被处死。 11如果有人与父亲的妻妾同寝,就是羞辱他的父亲。要把二人处死,他们要承担自己的罪。 12如果有人与儿媳同寝,二人都必须被处死。他们乱伦,要承担自己的罪。 13如果男人与男人同寝,好像男人与女人同寝一样,他们的行为可憎,必须被处死。他们要承担自己的罪。 14如果有人娶妻,又娶岳母,便是大恶。要把他们三人烧死,使你们杜绝这种败坏之事。 15如果有男人与兽类交合,他和兽都要被处死。 16如果有女人与兽类交合,女人和兽都要被处死。他们罪有应得,必须被处死。

17“如果有人娶了同父异母或同母异父的姊妹,这是可耻之事,必须公开铲除他们。他与自己的姊妹乱伦,要承担自己的罪。 18如果有人与经期的女人同寝,他就暴露了女人的血泉,女人也自露血泉。要将他们二人从民中铲除。 19不可与姨母或姑母乱伦,因为这是羞辱自己的亲人。二人要承担自己的罪。 20如果有人与伯母或婶母同寝,就是羞辱他的伯父或叔父。二人要承担自己的罪恶,必无子女而死。 21如果有人娶兄嫂或弟媳,这是污秽行为,羞辱了自己的兄弟。二人必无儿无女。

22“你们要遵行我的一切律例和典章,免得我要带你们去的那片土地把你们吐出去。 23我要在你们面前赶走那片土地上的各族,你们不要随从他们的习俗。他们做了以上那些事,所以我厌恶他们。 24我曾说你们必占据他们的土地,我要把那片奶蜜之乡赐给你们作产业。我是你们的上帝耶和华,我已经把你们跟万族分开。 25所以,你们要区分洁净和不洁净的兽类与鸟类。不可吃那些我视为不洁净的飞禽、走兽和爬虫,以免玷污自己。 26你们要圣洁,因为我耶和华是圣洁的。我把你们跟万族分开,使你们做我的子民。 27如果有人做灵媒或巫师,不论男女,都必须被处死。你们要用石头打死他们,使他们承担自己的罪。”

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 20:1-27

Bɔne So Asotwe

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ, 2“Obiara a ɔfiri mo mu a ɔde ne ba bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Molek no, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ no, wɔbɛsi no aboɔ. 3Na mʼankasa mɛtia saa onipa no na matwa no asuo afiri ne nkurɔfoɔ mu, ɛfiri sɛ, ɔde ne ba ama Molek ama mʼAhyiaeɛ Ntomadan adane baabi a metena a ɛnyɛ yie, na wagu me din kronkron no nso ho fi. 4Na sɛ nnipa a wɔte mpɔtam hɔ no nso boapa yɛ wɔn ho sɛ wɔnnim sɛ ɔbarima no de ne ba abɔ afɔdeɛ ama Molek na wɔankum no a, mʼankasa mɛtia 5ɔbarima no ne ne fiefoɔ na matwa ɔno ne nnipa a wɔde wɔn ho to anyame foforɔ so no nyinaa asuo.

6“ ‘Mɛtia obiara a ɔkɔ adebisafoɔ ne abayifoɔ hɔ abisa na ɔkɔdi wɔn akyi adwaman kwan so, na matwa saa onipa no asuo afiri ne nkurɔfoɔ mu.

7“ ‘Enti monte mo ho na monyɛ kronkron na mene Awurade mo Onyankopɔn. 8Ɛsɛ sɛ modi me mmara nyinaa so, ɛfiri sɛ, mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.

9“ ‘Obiara a ɔbɛdome nʼagya anaa ne maame no, ɛkwan biara so wɔbɛkum no, ɛfiri sɛ, wadome nʼankasa ne honam ne ne mogya.

10“ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa obi yere a, ɛsɛ sɛ wɔkum ɔbarima no ne ɔbaa no nyinaa.

11“ ‘Sɛ ɔbarima bi ne nʼagya yere da a, ɛsɛ sɛ wɔkum ɔbarima no ne ɔbaa no, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa ayɛ bɔne kɛseɛ.

12“ ‘Na sɛ ɔbarima bi kɔfa nʼase a ɔyɛ ne babarima yere a, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn baanu no nyinaa; wɔn ankasa na wɔagu wɔn ho wɔn ho fi.

13“ ‘Sɛ ɔbarima bi fa ne yɔnko barima a, wɔnkum wɔn baanu no nyinaa. Wɔn ara na wɔpɛ wɔn wuo.

14“ ‘Sɛ ɔbarima bi fa ɔbaa bi na ɔsane kɔfa ɔbaa no maame ka ho a, ɛyɛ bɔne kɛseɛ. Wɔbɛhye saa nnipa baasa yi nyinaa anikann de apepa amumuyɛsɛm afiri mo mu.

15“ ‘Sɛ ɔbarima bi fa aboa a, wɔbɛkum ɔbarima no na wɔakum aboa no nso.

16“ ‘Sɛ ɔbaa nso ma aboa fa no a, monkum ɔbaa no ne aboa no nyinaa, ɛfiri sɛ, saa asotwe no fata wɔn.

17“ ‘Sɛ ɔbarima ne ne nuabaa da a, sɛ ɛyɛ nʼagya babaa o, sɛ nso ɛyɛ ne maame babaa o, ɛyɛ animguasesɛm, enti wɔbɛgyina badwa mu atwa wɔn asuo afiri Israelfoɔ mu. Ɔbarima no ara bɛsoa nʼafɔdie.

18“ ‘Sɛ ɔbarima bi kɔfa ɔbaa a wabu ne nsa a, wɔbɛtwa wɔn baanu no nyinaa asuo, ɛfiri sɛ, ɔbarima no ada ɔbaa no ho a ɛnte no adi.

19“ ‘Sɛ obi ne nʼagya nuabaa da a, ɛyɛ akyiwadeɛ. Saa ara nso na ɔne ne maame nuabaa da a, ɛyɛ akyiwadeɛ ara ne no, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛ mogya baako. Ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn aso.

20“ ‘Sɛ ɔbarima bi fa nʼagya nuabarima yere a, wafa adeɛ a ɛyɛ nʼagya nuabarima no dea; wɔn asotweɛ ne sɛ, wɔbɛsoa wɔn bɔne awu a wɔnwo ba.

21“ ‘Sɛ ɔbarima bi ware ne nua yere a, ɛyɛ afideɛ, ɛfiri sɛ, wafa ne nua adeɛ na wɔn nyinaa renwo ba.

22“ ‘Ɛsɛ sɛ modi me mmara nyinaa so na mampam mo amfiri mo asase foforɔ yi so. 23Monnni ɔman no amanneɛ a maka no wɔ mo anim sɛ ɛnyɛ no akyi, ɛfiri sɛ, nneɛma a wɔyɛ a ɛnyɛ no nyinaa, mabɔ mo ho kɔkɔ dada. Ɛno enti na mekyiri saa aman no. 24Mahyɛ mo wɔn asase no ho bɔ sɛ mede bɛma mo. Ɛyɛ asase a nufosuo ne ɛwoɔ sen wɔ so. Mene Awurade mo Onyankopɔn a mama mo ada nso wɔ aman a aka no nyinaa mu.

25“ ‘Ɛsɛ sɛ mo nso mohunu nnomaa ne mmoa a mama mo ho ɛkwan sɛ monwe wɔn nam ne wɔn a ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam no ntam nsonsonoeɛ. Ɛwom sɛ mmoa ne nnomaa a mabra sɛ monnnwe no, wɔabu so wɔ asase no so deɛ, nanso monnnwe mfa ngu mo ho fi nhyɛ me abufuo. 26Mobɛyɛ kronkron ama me ɛfiri sɛ, me Awurade, meyɛ kronkron na mayi mo afiri nnipa nyinaa mu asi nkyɛn sɛ moyɛ me dea.

27“ ‘Ɔbarima anaa ɔbaa a ɔyɛ samanfrɛfoɔ anaasɛ ɔsumanni wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ mokum wɔn. Ɛsɛ sɛ mosi wɔn aboɔ. Ɛyɛ bɔne kɛseɛ.’ ”