利未记 19 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

利未记 19:1-37

有关圣洁生活的条例

1耶和华对摩西说: 2“你把以下条例告诉以色列全体会众。

“你们要圣洁,因为我——你们的上帝耶和华是圣洁的。 3你们每个人都必须孝敬父母,遵守我的安息日。我是你们的上帝耶和华。 4不要祭拜虚无的神明,也不要为自己铸造神像。我是你们的上帝耶和华。 5你们献平安祭给我时,要使你们所献的蒙悦纳。 6要在献祭当天或第二天吃完祭物。如果第三天还有剩余,都要烧掉。 7如果有人第三天还吃那些祭物,祭物就不洁净,我不会悦纳。 8那人要自担罪责,因为他亵渎了我的圣物。要将他从民中铲除。

9“你们收割的时候,不要割净田角地边的庄稼,也不要捡那些掉在田里的穗子。 10不要摘净葡萄园里的葡萄,也不要捡掉在地上的葡萄。要把这些留给穷人和寄居在你们中间的外族人。我是你们的上帝耶和华。 11不可偷盗,不可撒谎,不可互相欺骗。 12不可以我的名义起假誓,从而亵渎你们上帝的名。我是耶和华。 13不可欺压邻居,也不可抢夺他的东西。要当天支付雇工的工钱,不可拖到第二天。 14不可咒骂聋子,也不可绊倒盲人,应当敬畏你们的上帝。我是耶和华。 15不可徇私枉法,不可偏袒穷人,不可谄媚权贵之人,要秉公审判。 16不可到处搬弄是非,不可危害邻居的生命安全。我是耶和华。 17对同胞不可心中怀恨。同胞有错,要当面指正,免得自己因他而担罪。 18不可报复,不可埋怨同胞,要爱邻如己。我是耶和华。

19“你们要遵守我的律例。不可让牲畜杂交;不可在同一块田播撒两种不同的种子;不可穿两种材料织成的衣服。

20“一个已经许配人的婢女尚未被赎或未获自由时,如果有人与她同寝,就要受到处罚,但不可处死他们,因为那婢女还未获自由。 21和她同寝的人要把一只公绵羊牵到会幕门口,作为赎过祭献给耶和华。 22祭司要用作赎过祭的公绵羊为那人赎罪,他的罪便得到赦免。

23“你们到了迦南,在那里栽种各样果树后,前三年不可吃树上的果子,要视它们是不洁净的19:23 不洁净的”希伯来文是“未受割礼的”。24第四年,树上的所有果子都是圣洁的,要献给耶和华作颂赞之祭。 25第五年,你们可以吃树上的果子。你们这样做,果树会为你们结出更多果子。我是你们的上帝耶和华。

26“不可吃带血的肉,不可占卜或行巫术。 27不可修剪鬓角或胡须。 28不可因哀悼死人而割伤身体或纹身。我是耶和华。 29不可辱没自己的女儿,使她沦为娼妓,免得你们居住的地方充满淫乱和邪恶。 30要遵守我的安息日,敬畏我的圣所。我是耶和华。 31不可求问灵媒或巫师,玷污自己。我是你们的上帝耶和华。

32“在年长者面前,要恭敬站立,要敬重年长者。要敬畏你们的上帝。我是耶和华。 33不可欺负住在你们境内的外族人, 34要视他们如同胞,爱他们如爱自己,因为你们也曾经寄居埃及。我是你们的上帝耶和华。 35在称重和度量时,不可骗人。 36要使用准确的秤、尺子和升斗。我是你们的上帝耶和华,曾带领你们离开埃及37你们要遵行我的一切律例和典章。我是耶和华。”

Asante Twi Contemporary Bible

3 Mose 19:1-37

Abrabɔ Kronkron

1Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, me Awurade a meyɛ mo Onyankopɔn no, meyɛ kronkron.

3“ ‘Ɛsɛ sɛ mode anidie ma mo maamenom ne mo agyanom na modi me homeda mmara no so, ɛfiri sɛ, meyɛ Awurade mo Onyankopɔn.

4“ ‘Monnsom ahoni, ɛfiri sɛ, meyɛ Awurade mo Onyankopɔn.

5“ ‘Ɛsɛ sɛ mobɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade a momfa ɛkwan pa so mmɔ na asɔ Awurade ani. 6Ɛda a mobɛbɔ saa afɔdeɛ no, monni no ɛda no ara, na aboro so koraa na ɛsɛ sɛ modi no adekyeeɛ. Monhye deɛ ɛbɛdi nnansa no. 7Na deɛ mobɛdi no nnansa so no yɛ akyiwadeɛ ma me, enti mɛpo. 8Sɛ modi no nnansa so a, modi ho fɔ na moagu Awurade kronkronyɛ nso ho fi, na wɔbɛtwa mo asuo afiri Awurade nkurɔfoɔ mu.

9“ ‘Sɛ motwa mo nnɔbaeɛ a, monntwa nnɔbaeɛ a ɛwɔ mo mfuo nhanoa no. Sɛ moretwa a, aba a ɛbɛgu fam no nso, monntase. 10Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ sɛ mote so nyinaa. Na deɛ ɛbɛte agu aseɛ no nso, monntase. Monnya mma ahiafoɔ ne akwantufoɔ a wɔbɛfa hɔ no na mene Awurade mo Onyankopɔn.

11“ ‘Mommmɔ korɔno.

“ ‘Monntwa atorɔ.

“ ‘Na monnsisi obiara.

12“ ‘Monnka ntanhunu mfa ngu mo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri sɛ, mene Awurade.

13“ ‘Nwia wo yɔnko na monnsisi obi.

“ ‘Na mo apaafoɔ nso, montua wɔn ka ntɛm na mommma adeɛ nkye so.

14“ ‘Monnnome ɔsotifoɔ na monntwintwane onifirani akwan mu. Monsuro mo Onyankopɔn; Mene Awurade.

15“ ‘Ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara atemmufoɔ bu atɛntenenee a wɔnhwɛ sɛ deɛ wɔrebu no atɛn no yɛ ohiani anaa osikani. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmuo yɛ pɛpɛɛpɛ.

16“ ‘Monnni nsekuro.

“ ‘Mfa bɔne bi ho asɛm nto wo yɔnko so, na mene Awurade.

17“ ‘Ntane wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefoɔ mfa ne ho nni. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wodi ho fɔ saa ara.

18“ ‘Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔ; na mmom, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, na mene Awurade.

19“ ‘Monni me mmara so:

“ ‘Mma wo nantwie mforo aboa foforɔ bi.

“ ‘Nnua afifideɛ a ɛgu ahodoɔ mmienu wɔ wʼafuo mu.

“ ‘Nhyɛ atadeɛ a ɛfa yɛ kuntu na ɛfa nso yɛ serekye.

20“ ‘Sɛ obi bɔ afenaa bi a obi asi no asiwaa asɔn a, ɛsɛ sɛ wɔdi wɔn asɛm wɔ asɛnniiɛ nanso ɛnsɛ sɛ wɔkum wɔn, ɛfiri sɛ, afenaa no nne ne ho. 21Ɔbarima no na ɔde ne fɔdie afɔrebɔdeɛ bɛbrɛ Awurade wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ odwennini. 22Ɔsɔfoɔ no de odwennini no bɛyɛ mpatadeɛ ama ɔbarima no bɔne a ɔyɛeɛ no na ama wɔde ne bɔne no akyɛ no.

23“ ‘Sɛ mokɔ asase bi so kɔdua nnuaba ahodoɔ pii wɔ so a, nnɔbaetwa mmiɛnsa a ɛdi ɛkan no, monnni, ɛfiri sɛ, wɔbu no sɛ ɛho agu fi. 24Na ne mfeɛ ɛnan so no, momfa aba no nyinaa mma Awurade mfa nkamfo no. 25Na ne mfeɛ enum so no, aba no yɛ mo dea. Mene Awurade mo Onyankopɔn.

26“ ‘Monnwe aboa biara a wɔnsɔnee ne mu mogya ɛnam.

“ ‘Na mommfa mo ho nto ntafowayie anaa bayie so.

27“ ‘Ɛnsɛ sɛ motwitwa mo moma so nwi twitwa mo abɔgyesɛ so sɛdeɛ abosonsomfoɔ yɛ no.

28“ ‘Mommotabota mo ho mma ayiyɛ, na monnyɛ nsohyɛdeɛ wɔ mo honam ani nso. Mene Awurade.

29“ ‘Mma wo babaa nkɔbɔ adwaman mfa ngu ne ho fi na asase no annane abɔnefoɔ asase.

30“ ‘Monni me homeda mmara no so na monni mʼAhyiaeɛ Ntomadan no ni, ɛfiri sɛ, mene Awurade.

31“ ‘Monnkɔ abisa wɔ adebisafoɔ ne abayifoɔ nkyɛn mmfa ngu mo ho fi, na mene Awurade mo Onyankopɔn.

32“ ‘Momfa obuo ne anidie mma mpanimfoɔ wɔ Onyamesuro mu. Mene Awurade.

33“ ‘Mommfa no sɛ yɛwɔ ahɔhoɔ wɔ yɛn ɔman yi mu enti yɛbɛsisi wɔn. 34Mommu wɔn sɛdeɛ mobu onipa biara. Monnodɔ wɔn sɛ mo ho na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔhoɔ wɔ Misraim asase so. Mene Awurade mo Onyankopɔn.

35“ ‘Ɛnsɛ sɛ mobu ntɛnkyea wɔ adesusuo, adekari anaa ade dodoɔ mu. 36Ɛsɛ sɛ mo nsania ne mo nkariboɔ yɛ pɛpɛɛpɛ. Adeɛ a mode susu nsunsudeɛ ne nneɛma a ɛnyɛ nsunsu no nso, ɛsɛ sɛ ɛyɛ pɛpɛɛpɛ, ɛfiri sɛ, mene Awurade mo Onyankopɔn a mede mo firi Misraim baeɛ no.

37“ ‘Ɛsɛ sɛ modi me mmaransɛm ne mʼahyɛdeɛ no nyinaa so, na mene Awurade.’ ”