出埃及记 1 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

出埃及记 1:1-22

以色列人受欺压

1以色列的众子带着家眷跟雅各1:1 雅各”就是“以色列”,上帝为雅各改名以色列,故事参考创世记32:28一起去了埃及,以下是他们的名字: 2吕便西缅利未犹大3以萨迦西布伦便雅悯4拿弗他利迦得亚设5雅各的子孙总共有七十人。那时,约瑟已经住在埃及6后来,约瑟和他的弟兄以及同辈的人都相继去世。 7以色列人生养众多,人口大增,很快就遍布埃及,成为一个强大的民族。 8那时,埃及有一位不认识约瑟的新王登基, 9对他的百姓说:“你们看,以色列人比我们多,又比我们强。 10来吧!我们要设法阻止他们人口增长,否则一遇到战争,他们便会加入我们敌人的阵营来攻打我们,然后一走了之。”

11于是,埃及人派监工强迫以色列人服劳役,在比东兰塞两地为法老兴建储货城。 12以色列人越受奴役,人口增长得越快,散居的范围也越广,令埃及人感到恐惧。 13于是,埃及人更残酷地奴役他们, 14强迫他们和泥造砖,并做田间一切的苦工,使他们痛苦不堪。 15埃及王又命令两个希伯来的接生婆施弗拉普阿16“你们在替希伯来妇女接生的时候,如果看到生下的是男婴,就把他杀掉;如果是女婴,就让她活下来。” 17但这两个接生婆敬畏上帝,没有执行王的命令,而是保留了男婴的性命。 18埃及王召见那两个接生婆,质问她们:“你们为什么这样做?为什么让男婴活着?” 19她们回答说:“因为希伯来妇女跟埃及妇女不同。她们身体强健,我们还没有赶到,婴儿就生下来了。” 20-21因此,以色列人口继续增加,更加繁盛。因为这两个接生婆敬畏上帝,上帝便赐福给她们,使她们生儿育女。 22后来,法老命令全埃及的人把以色列人生的所有男婴都抛进尼罗河里,只让女婴活着。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 1:1-22

Israelfoɔ Wɔ Misraim

1Yakob mma ne wɔn abusuafoɔ a wɔne no tu kɔtenaa no din na ɛdidi so yi.

2Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda;

3Isakar, Sebulon ne Benyamin;

4Dan, Naftali;

Gad ne Aser.

5Yakob asefoɔ a ɔne wɔn kɔeɛ no nyinaa ano si aduɔson. Na Yosef wɔ Misraim dada.

6Yosef ne ne nuanom ne wɔn ɛberɛ sofoɔ no nyinaa wuwuiɛ, 7nanso Israelfoɔ no ase dɔreeɛ, na wɔyɛɛ bebree, hyɛɛ asase no so ma.

8Na ɔhene foforɔ bi bɛdii adeɛ wɔ Misraim a na ɔnnim Yosef ho asɛm. 9Ɔka kyerɛɛ ne mamfoɔ no sɛ, “Monhwɛ, Israelfoɔ yi ase adɔre, wɔreyɛ adɔɔso dodo ama yɛn. 10Momma yɛmpɛ ɛkwan bi na yɛmfa so nsi saa dɔre a wɔredɔre no ano. Sɛ yɛanyɛ saa na ɔko bi si a, wɔbɛdɔm yɛn atamfoɔ ne wɔn ako atia yɛn na wɔafiri ɔman yi mu.”

11Enti wɔde nkoa sohwɛfoɔ gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwuma den de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao. 12Nanso mpɛn dodoɔ a Misraimfoɔ no hyɛɛ wɔn so no, dɔ ara na Israelfoɔ no dɔɔso. Yei maa Misraimfoɔ no suroo Israelfoɔ 13na wɔkɔɔ so hyɛɛ Israelfoɔ no so ketee. 14Wɔde adwumadenyɛ dii Israelfoɔ no nya. Wɔma wɔyɛɛ ntayaa ne dɔteɛ ho adwuma a ɛyɛ den ne mfuom nnwuma ahodoɔ. Yeinom nyinaa akyiri no Misraimfoɔ yɛɛ atirimuɔden akwan bebree so kyerɛɛ Israelfoɔ no.

15Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifoɔ awogyefoɔ a wɔn din ne Sifra ne Pua sɛ, 16“Sɛ mokɔgye Hebrini biara awoɔ, na awoeɛ hɔ mohunu sɛ ɔyɛ ɔbabarima a, monkum no, na sɛ ɔyɛ ɔbabaa deɛ a, monnyɛ no hwee.” 17Esiane sɛ na awogyefoɔ no yɛ onyamesurofoɔ no enti, wɔanni mmara a ɔhene no hyɛɛ wɔn no so maa mmarimaa a wɔwowoo wɔn no tenaeɛ. 18Ɔhene no frɛɛ wɔn bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moanni mmara a mehyɛeɛ no so na moama mmarimaa a Hebrifoɔ no wowoo wɔn no atena?”

19Wɔbuaa no sɛ, “Hebrifoɔ mmaa no de ahoɔden wo ɔherɛ so enti yɛbɛduru hɔ no, na wɔawo dada. Wɔnte sɛ Misraimfoɔ mmaa no.”

20Onyankopɔn hyiraa awogyefoɔ no. Na Israelfoɔ no dɔɔso ara bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ. 21Esiane sɛ na awogyefoɔ no yɛ nyamesurofoɔ enti, Onyankopɔn domm wɔn mma.

22Afei, Farao hyɛɛ mmara sɛ Herbrifoɔ mmarimaa a wɔbɛwo wɔn foforɔ no, wɔnto wɔn ngu Asubɔnten Nil mu na mmaayewa a wɔbɛwo wɔn foforɔ no deɛ, wɔntena hɔ.