传道书 7 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

传道书 7:1-29

1美好的名声胜过珍贵的膏油,

人死之日胜过出生之时。

2探望丧家胜过参加宴席,

因为死亡是每个人的结局,

活着的人要把这事铭记在心。

3哀伤胜过欢笑,

因为哀伤磨炼人的心灵。

4智者的心思考生死大事,

愚人的心只顾作乐。

5听智者的责备,

胜过听愚人的颂歌。

6愚人的笑声像锅底下烧荆棘的劈啪声。

这也是虚空。

7欺压使智者变愚昧,

贿赂败坏人心。

8事情的结局胜过事情的开端;

恒久忍耐胜过心骄气傲。

9不要轻易发怒,

因为愚人心怀怒气。

10不要问为什么过去比现在好,

因为这样问不明智。

11智慧如同产业一样美好,

有益于得见日光的世人。

12智慧如同金钱,

是一种保障,

能保全智者的生命。

这就是知识的好处。

13你应当思想上帝的作为,

因为上帝弄弯的,

谁能使它变直呢?

14顺境时要快乐,

逆境时要思想:

两者都是上帝的安排,

好叫人不能预知将来。

15在我虚空的一生中,我见过义人行义,反而灭亡;恶人行恶,却享长寿。 16为人不要过分正直,也不要过于聪明,何必自取毁灭呢? 17不要过分邪恶,也不要做愚人,何必时候未到就死呢? 18最好是持守这个教训也不放松那个教训,因为敬畏上帝的人必避免两个极端。 19智慧使一个智者比城里十个官长更有能力。 20诚然,在地上无法找到一个一生行善、从未犯罪的义人。 21你不要斤斤计较别人所说的每一句话,免得听见你的仆人咒诅你, 22因为你心里知道自己也曾多次咒诅别人。 23我用智慧试验过这一切。我说:“我要做智者”,谁知智慧却离我甚远。 24智慧如此遥不可及、深不可测,谁能找得到呢? 25我用心去认识、探究、追寻智慧和事物的原委,并去认识邪恶带来的愚昧和无知带来的狂妄。 26我发现有的妇人比死亡更苦毒,她是个陷阱,心如网罗,手像锁链。敬畏上帝的人避开她,罪人却被她俘虏。 27-28传道者说:“看啊,我事事反复探索,要查明万事之理,却没有寻获。但我发现在一千个男子中还可以找到一位正直人,在众女子中却未找到一位。 29我只发现一件事,上帝造的人本来正直,人却找出各种诡计。”

Asante Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafoɔ 7:1-29

Nimdeɛ

1Edin pa yɛ sene aduhwam papa,

na owuda yɛ sene awoda.

2Ɛyɛ sɛ obi bɛkɔ ayie ase

sene sɛ ɔbɛkɔ apontoɔ ase,

ɛfiri sɛ owuo yɛ onipa biara hyɛberɛ

na ɛsɛ sɛ ateasefoɔ hyɛ yei nso.

3Awerɛhoɔ yɛ sene ɔsereɛ,

ɛfiri sɛ, anim a ayɛ mmɔbɔ mmɔbɔ de akoma mu nsiesie pa ba.

4Onyansafoɔ akoma wɔ ayie ase,

nanso nkwaseafoɔ akoma wɔ ahosɛpɛfoɔ fie.

5Ɛyɛ sɛ wɔbɛtie onyansafoɔ animka

sene sɛ wɔbɛtie nkwaseafoɔ dwom.

6Sɛdeɛ nkasɛɛ turituri wɔ ɛsɛn ase no

saa ara na nkwaseafoɔ sereɛ teɛ.

Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

7Nsisie ma onyansafoɔ dane ɔkwasea,

na kɛtɛasehyɛ sɛe akoma.

8Asɛm awieeɛ yɛ sene ne ahyɛaseɛ,

na ntoboaseɛ yɛ sene ahantan.

9Mma wʼakoma nsɔre ntɛm ntɛm

na abufuo da wo nso sɛ ɔkwasea.

10Ɛnka sɛ, “Adɛn enti na tete nna no yɛ sene ɛnnɛ mmerɛ yi?”

Onyansafoɔ mmisa nsɛm sei.

11Nimdeɛ, sɛ agyapadeɛ no, yɛ adepa.

Ɛho wɔ mfasoɔ ma wɔn a wɔhunu owia.

12Sɛdeɛ nimdeɛ yɛ banbɔ no

saa ara na sika nso teɛ,

nanso nhunumu ho adeɛ a ɛyɛ ne sɛ:

deɛ ɔwɔ nimdeɛ no bɔ ne nkwa ho ban.

13Dwene deɛ Onyankopɔn ayɛ ho:

Hwan na ɔbɛtumi atene

deɛ wayɛ ama akyea?

14Mmere pa mu, ma wʼani nnye;

nanso mmere bɔne mu, hunu sɛ

Onyankopɔn na wayɛ ne nyinaa.

Ɛno enti onipa ntumi nhunu

deɛ ɛbɛto no daakye.

15Me nkwa nna a ɛyɛ ahuhudeɛ yi mu, mahunu nneɛma mmienu:

Ɔteneneeni a ɔwu wɔ ne tenenee mu,

ne omumuyɛfoɔ a ɔtena ase kyɛ wɔ nʼamumuyɛ mu.

16Ɛnyɛ wo ho ɔteneneeni ntra so,

na ɛnyɛ wo ho onyansafoɔ mmoro so,

adɛn enti na wosɛe wo ho?

17Ɛnyɛ omumuyɛfoɔ ntra so,

na ɛnyɛ ɔkwasea nso,

adɛn enti na ɛsɛ sɛ wowu ansa na wo berɛ aso?

18Ɛyɛ sɛ wobɛsɔ baako mu

nanso nnyaa deɛ aka no mu.

Onipa a ɔsuro Onyankopɔn no bɛsi adeyɛ mmorosoɔ biara ano.

19Nimdeɛ ma onyansafoɔ baako tumi bebree

sene kuropɔn mu sodifoɔ edu.

20Onipa teneneeni biara nni asase so a

ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne da.

21Mfa deɛ nnipa ka nyinaa nyɛ asɛm,

anyɛ saa a, wobɛte sɛ wo ɔsomfoɔ redome wo,

22na wonim wɔ wʼakoma sɛ,

wo nso woadome nkurɔfoɔ mpɛn bebree.

23Mede nimdeɛ asɔ yeinom nyinaa ahwɛ, na mekaa sɛ,

“Masi mʼadwene pi sɛ mɛyɛ onyansafoɔ”

nanso na yei boro me so.

24Sɛdeɛ nimdeɛ teɛ biara,

ɛwɔ akyiri, na emu dɔ,

hwan na ɔbɛtumi ahwehwɛ ahunu?

25Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛte aseɛ,

ayɛ nhwehwɛmu na mapɛɛpɛɛ nimdeɛ ne sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ

na mate amumuyɛ mu agyimisɛm ase

ne nkwaseasɛm mu abɔdamsɛm nso.

26Mahunu deɛ ɛyɛ nwono sene owuo

ɔbaa a ɔyɛ afidie;

nʼakoma yɛ nnaadaa

na ne nsa yɛ mpɔkyerɛ.

Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no renkɔ ne ho

nanso ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔbɛtɔ nʼafidie mu.

27Ɔsɛnkafoɔ no sɛ, “Hwɛ yei ne deɛ mahwehwɛ ahunu:

“Mekekaa nneɛma bobɔɔ so pɛɛ sɛ mehunu sɛdeɛ nneɛma nhyehyɛeɛ teɛ.

28Mereyɛ nhwehwɛ mu

na menhunu hwee no,

mehunuu ɔbarima teneneeni baako wɔ mmarima apem mu,

nanso manhunu ɔbaa teneneeni biara wɔ wɔn mu.

29Yei nko ara na mahunu:

Onyankopɔn yɛɛ adasamma teneneefoɔ,

nanso nnipa adane wɔn ho hwehwɛ nhyehyɛeɛ foforɔ.”