传道书 8 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

传道书 8:1-17

1谁像有智慧的人呢?

谁知道事情的原委呢?

智慧能使人容光焕发,

使冷酷的面孔柔和。

2我劝你遵守王的命令,因为你曾在上帝面前这样发誓。 3不要在王面前鲁莽行事,也不要参与恶行,因为王可以随意行事。 4况且,王的命令至高无上,谁敢质问他呢? 5遵从王命的必免遭祸患,因为智者心里懂得做事的时机和方法。 6尽管人面临重重困难,但做任何事都有时机和方法。 7无人知道未来的事,谁能告诉人将来的事呢? 8无人能掌管生命8:8 生命”也可译作“风”或“气息”。,留住生命,也无人能掌管死期。无人能免于这场争战,邪恶也救不了作恶者。 9这一切我都见过了,我用心思考日光之下的一切事。有时人欺压人、伤害人。 10我看见恶人生前出入圣所,死后安葬,还在他们作恶的城中受到称赞,这也是虚空。 11对犯罪者的刑罚不迅速执行,世人便尽情作恶。 12虽然罪人作恶多端仍得长寿,我却认为敬畏上帝的人必亨通。 13然而,恶人得不到祝福,他们必像幻影一样不能长久,因为他们不敬畏上帝。 14世上有一件虚空的事,就是义人遭受了恶人当受的报应,恶人却享受了义人该享的福乐。我认为这也是虚空。 15因此,我便赞赏享乐,因为在日光之下没有什么比吃喝快乐更好。这是人在上帝所赐的年日里,从劳碌中当得的享受。 16我全心去寻求智慧,观察世上所发生的事,甚至昼夜不眠, 17思想上帝所做的一切,便知道人无法理解日光之下所发生的事。尽管人努力不懈地去寻找,也不能明白;即使智者自以为明白,他其实仍不能参透。

Asante Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafoɔ 8:1-17

1Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ?

Hwan na ɔnim sɛdeɛ nneɛma teɛ?

Nimdeɛ te nnipa anim

na ɛbrɛ ne denyɛ ase.

Yɛ Osetie Ma Ɔhene

2Mese: Di ɔhene ɔhyɛ nsɛm so, ɛfiri sɛ wokaa ntam wɔ Onyankopɔn anim. 3Mpɛ ntɛm mfiri ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ, na onii no anyɛ deɛ ɔpɛ biara. 4Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara deɛ so enti, hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?”

5Deɛ ɔdi ne nhyɛ nsɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu,

na nyansa akoma bɛhunu ɛberɛ a ɛsɛ, ne ne kwan.

6Adeyɛ biara wɔ ne ɛberɛ a ɛfata ne ɛkwan a wɔfa so yɛ,

nanso onipa haw hyɛ no so bebree.

7Esiane sɛ obiara nnim daakye asɛm enti,

hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no deɛ ɛreba?

8Obiara nni mframa so tumi na waboa ano;

saa ara na obiara nni ne wuda so tumi.

Na sɛdeɛ wɔmma obiara nkɔ ahomegyeɛ wɔ ɔko berɛ mu no,

saa ara na amumuyɛ rennyaa wɔn a wɔdi amumuyɛsɛm.

9Mehunuu yeinom nyinaa ɛberɛ a medwenee nneɛma a wɔyɛ wɔ owia yi ase ho. Ɛberɛ bi wɔ hɔ a onipa hyɛ afoforɔ so ma ɛdane ɔhaw ma no. 10Bio, mehunuu sɛ wɔasie amumuyɛfoɔ, wɔn a anka wɔdi akɔneaba wɔ kronkronbea hɔ de gye nkamfo wɔ kuropɔn a wɔyɛɛ saa no mu. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

11Sɛ bɔne bi ho asotwe amma ntɛm a, nnipa dwene nhyehyɛeɛ a wɔde yɛ bɔne ho. 12Ɛwom sɛ omumuyɛfoɔ bi yɛ bɔne mpɛn ɔha nanso ɔtena ase kyɛ, nanso menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro Onyankopɔn no yie, wɔn a wɔdi Onyankopɔn ni no. 13Nanso ɛsiane sɛ amumuyɛfoɔ nsuro Onyankopɔn enti, ɛrensi wɔn yie na wɔn nna renware sɛ sunsumma.

14Adeɛ bi nso a ɛyɛ ahuhudeɛ a ɛsi wɔ asase so, ɛne sɛ, ateneneefoɔ bi nya akatua a ɛfata amumuyɛfoɔ, na amumuyɛfoɔ bi nya akatua a ɛfata ateneneefoɔ. Yei nso, mese ɛyɛ ahuhudeɛ. 15Enti mekamfo ewiase mu anigyeɛ, ɛfiri sɛ biribiara nni owia yi ase a ɛyɛ ma onipa sene sɛ ɔbɛdidi, anom ama nʼani agye. Na afei ɔbɛnya anigyeɛ wɔ nʼadwumayɛ mu wɔ nna a Onyankopɔn ama no wɔ owia yi ase nyinaa.

16Ɛberɛ a mepɛ sɛ mɛte nimdeɛ ase ne ɔbrɛ adwuma a onipa yɛ wɔ asase so a ɔnna awia anaa anadwo no, 17mehunuu deɛ Onyankopɔn ayɛ nyinaa. Obiara rentumi nte deɛ ɛkɔ so wɔ owia yi ase no ase. Ne mmɔdemmɔ nyinaa akyi, onipa rentumi nhunu asekyerɛ da. Sɛ mpo onyansafoɔ bi ka sɛ ɔnim a, ɔrentumi nte aseɛ yie da.