箴言 1 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

箴言 1:1-33

箴言的价值

1这是大卫的儿子以色列所罗门的箴言。

2为使人认识智慧和教诲,

领悟真知灼见;

3为使人接受劝诫,

为人处事仁义、公平、正直;

4使愚昧人明智,

使青年有知识和明辨力;

5使智者听了长学问,

明哲听了得指引;

6使人领悟箴言和比喻,

明白智者的话和谜语。

7知识始于敬畏耶和华,

愚人轻视智慧和教诲。

8孩子啊,

你要听从父亲的教诲,

不可背弃母亲的训言。

9因为这要作你头上的华冠,

颈上的项链。

10孩子啊,恶人若引诱你,

千万不要听从。

11他们若说:“跟我们来吧,

我们去埋伏杀人,

暗害无辜者取乐;

12我们要像阴间一样生吞他们,

整个吞没他们,

使他们如坠入坟墓的人;

13我们必得到各样宝物,

把战利品装满我们的房屋。

14跟我们一起干吧,

大家有福同享!”

15孩子啊,

不要走他们的道,

切莫行他们的路。

16因为他们奔向罪恶,

急速地去杀人流血。

17在飞鸟眼前设网罗,徒劳无功。

18他们埋伏,却自流己血;

他们伏击,却自害己命。

19这就是贪爱不义之财者的结局,

不义之财终要夺去他们的性命。

智慧的劝诫

20智慧在大街上高喊,

在广场上扬声,

21在热闹的市集宣告,

在城门口演说:

22“你们愚昧人喜爱愚昧,

嘲讽者以嘲弄为乐,

无知者厌恶知识,

要到什么时候呢?

23你们若因我的责备而回转,

我就向你们显明我的旨意1:23 我就向你们显明我的旨意”希伯来文是“我就将我的灵浇灌你们”。

叫你们明白我的话语。

24我呼唤你们,

你们却充耳不闻;

我向你们招手,

你们却视若无睹。

25你们漠视我的劝诫,

不接受我的责备。

26因此,

你们遭遇灾难时,

我必发笑;

惊恐临到你们时,

我必嗤笑——

27那时,恐惧如风暴袭击你们,

灾难如旋风临到你们,

忧愁和苦难吞没你们。

28你们呼求我,

我也不回答;

你们恳切地寻找我,

却找不到。

29因为你们厌恶知识,

不愿意敬畏耶和华,

30不接受我的劝诫,

又藐视我的责备。

31所以,你们必自食其果,

因自己的恶谋而吃尽苦头。

32愚昧人背离正道,

自招灭亡;

愚顽人逍遥自在,

毁掉自己。

33然而,那听从我的必安然居住,

得享安宁,

不怕灾祸。”

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 1:1-33

Botaeɛ Ne Nsɛmpɔ

1Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmɛbusɛm nie:

2Ne botaeɛ ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛsoɔ;

ne sɛ ɛbɛboa ma wɔate nsɛm a emu dɔ ase;

3sɛ wɔbɛnya ahohyɛsoɔ na wɔabɔ ɔbra pa,

a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, deɛ ɛtene na ɛho nni asɛm;

4sɛ ɛbɛma deɛ nʼadwene mu nnɔ anya nyansa

na mmabunu anya nimdeɛ ne adwene.

5Anyansafoɔ ntie na wɔmfa nka deɛ wɔnim ho,

na deɛ ɔwɔ nhunumu nya akwankyerɛ a

6ɛbɛma woate mmɛ ne akasabɛbuo,

anyansafoɔ nsɛnka ne aborɔme ase.

7Awurade suro yɛ nimdeɛ ahyɛaseɛ,

na nkwaseafoɔ bu nyansa ne ahohyɛsoɔ animtiaa.

Nyansa Pɛ Ho Afutusɛm

Nnaadaa Ho Kɔkɔbɔ

8Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ

na mpo wo maame nkyerɛkyerɛ.

9Ɛbɛyɛ wo tiri animuonyam abotire

ne wo kɔn mu ntweaban.

10Me ba, sɛ nnebɔneyɛfoɔ daadaa wo a,

mma wɔn ho ɛkwan.

11Sɛ wɔka sɛ, “Bra ma yɛnkɔ;

ma yɛnkɔtetɛ na yɛnkum obi,

ma yɛnkɔtɛ ntwɛn mmɔborɔni bi;

12ma yɛmmemmene wɔn anikann sɛ ɛda,

yɛmmene wɔn sɛ wɔn a wɔkɔ damena mu;

13yɛbɛnya nneɛma a ɛsom bo ahodoɔ

na yɛde afodeɛ ahyɛ yɛn afie ma;

14enti, fa wo ho bɛhyɛ mu,

na wobɛnya wo kyɛfa wɔ ahonyadeɛ no mu” a,

15Me ba, wo ne wɔn nnante,

mfa wo nan nsi wɔn akwan so;

16Wɔn nan de ntɛmpɛ kɔ bɔne mu,

na wɔde ahoɔherɛ ka mogya gu.

17Ɛho nni mfasoɔ sɛ obi bɛsum nnomaafidie

wɔ ɛberɛ a nnomaa nyinaa hwɛ!

18Saa nnipa yi tetɛ pɛ wɔn ankasa mogya;

wɔtetɛ wɔn ankasa wɔn ho!

19Saa na wɔn a wɔdi korɔnodeɛ akyi no awieeɛ teɛ;

ɛma wɔhwere wɔn nkwa!

Nyansa A Wɔpo Ho Kɔkɔbɔ

20Nyansa team wɔ mmɔntene so,

ɔma ne nne so wɔ adwaberem,

21ɔteaam wɔ afasuo no atifi,

ɔkasa wɔ kuropɔn no apono ano sɛ,

22“Mo adwenemherɛfoɔ, mobɛyɛ adwenemherɛ akɔsi da bɛn?

Fɛdifoɔ bɛdi fɛ akɔsi da bɛn?

Nkwaseafoɔ bɛkyiri nimdeɛ akɔsi da bɛn?

23Sɛ motiee mʼaninka a,

anka mekaa mʼakoma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo

maa mo hunuu me nsusuiɛ.

24Nanso, sɛ moyii mo aso ɛberɛ a mefrɛɛ mo

na amfa obiara ho ɛberɛ a metenee me nsa mu,

25sɛ mopoo mʼafotuo,

na moampɛ mʼanimka enti,

26me nso mɛsere mo wɔ mo amanehunu mu;

sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, medi mo ho fɛw,

27sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te sɛ ahum,

na amanehunu bi bɔ fa mo so sɛ twahoframa,

na awerɛhoɔ ne ɔhaw mene mo a,

28“Afei mobɛfrɛ me, nanso meremmua mo;

mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me.

29Esiane sɛ wɔkyirii nimdeɛ

na wɔampɛ sɛ wobɛsuro Awurade.

30Esiane sɛ w ɔpoo mʼafotuo,

na wɔbuu me ntenesoɔ animtiaa enti,

31wɔbɛdi wɔn akwan so aba

na wɔn nhyehyɛeɛ mu aduane bɛmee wɔn.

32Na ntetekwaafoɔ asoɔden bɛkum wɔn,

na nkwaseafoɔ tirimudɛ bɛsɛe wɔn;

33Nanso, obiara a ɔbɛtie me no, ɔbɛtena ase asomdwoeɛ mu

na ne ho bɛtɔ no a ɔrensuro ɔhaw biara.”