Nnwom 122 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 122:1-9

Dwom 122

Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1Ɛberɛ a wɔsee me sɛ,

“Ma yɛnkɔ Awurade fie” no, mʼani gyeeɛ.

2Yɛgyinagyina wʼapono ano,

Ao Yerusalem.

3Wɔakyekyere Yerusalem yie sɛ kuropɔn.

Wɔahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.

4Ɛhɔ na mmusuakuo no korɔ,

Awurade mmusuakuo no.

Wɔkɔkamfo Awurade din

sɛdeɛ nhyehyɛeɛ a wɔde ama Israel no teɛ.

5Ɛhɔ na atemmuo nhennwa no sisi,

Dawid fie nhennwa no.

6Monsrɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem sɛ,

“Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya banbɔ.

7Ma asomdwoeɛ mmra wʼafasuo mu

na banbɔ mmra wʼabankɛsewa mu.”

8Me nuanom ne me nnamfonom enti,

meka sɛ, “Asomdwoeɛ ntena wo mu.”

9Awurade yɛn Onyankopɔn fie enti,

mɛhwehwɛ wo nkɔsoɔ.