Nnwom 123 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 123:1-4

Dwom 123

Ɔsoroforɔ dwom.

1Mema mʼani so kyerɛ wo,

wo a wʼahennwa si ɔsoro.

2Sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no,

sɛdeɛ afenaa ani hwɛ nʼawurakwaa nsa no,

saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn

kɔsi sɛ ɔbɛhunu yɛn mmɔbɔ.

3Hu yɛn mmɔbɔ, Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ,

na wɔabu yɛn animtia bebree.

4Ahomasofoɔ fɛdie ama yɛabrɛ dodo;

ahantanfoɔ animtiabuo afono yɛn.