Nnwom 121 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 121:1-8

Dwom 121

Ɔsoroforɔ dwom.

1Mema mʼani so kyerɛ mmepɔ no,

ɛhe na me mmoa firi bɛba?

2Me mmoa firi Awurade,

ɔsoro ne asase yɛfoɔ no.

3Ɔremma wo nan nwatiri,

deɛ ɔhwɛ wo no, ɔrentɔ nko.

4Ampa ara deɛ ɔhwɛ Israel no

rentɔ nko na ɔrenna.

5Awurade hwɛ wo so;

Awurade ne wo nwunu wɔ wo nsa nifa so;

6Owia renhye wo wɔ awiaberɛ mu,

na ɔsrane nso renha wo anadwo.

7Awurade bɛbɔ wo ho ban afiri ɔhaw nyinaa ho,

ɔbɛhwɛ wo nkwa so;

8Awurade bɛhwɛ wʼadifire ne wo efieba so,

seesei ne daa.