Mmɛbusɛm 27 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 27:1-27

1Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,

na wonnim deɛ ɛda bi de bɛba.

2Ma ɔfoforɔ nkamfo wo; na ɛnyɛ wʼankasa;

ma ɛmfiri ɔfoforɔ anomu na ɛnyɛ wo.

3Ɛboɔ mu yɛ duru, na anwea yɛ adesoa,

nanso ɔkwasea abufuhyeɛ yɛ duru sene emu biara.

4Abufuo tirim yɛ den, na abufuhyeɛ sɛe adeɛ,

na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe ano?

5Animka a ɛda edwa

yɛ sene ɔdɔ a asuma.

6Apirakuro a ɛfiri adamfo nkyɛn no yɛ

sene ɔtamfoɔ mfeano bebrebe.

7Ɛwoɔ nyɛ deɛ wameeɛ akɔnnɔ,

nanso deɛ ɛkɔm de noɔ no, deɛ ɛyɛ nwono yɛ nʼanom dɛ.

8Onipa a wayera ne fie ɛkwan,

te sɛ anomaa a wafiri ne pirebuo mu rekyinkyini.

9Ngo ne aduhwam ma akoma ani gye,

adamfo ho anigyeɛ firi nʼafotu pa a ɔma.

10Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,

nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ,

na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no yɛ sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.

11Me ba, hunu nyansa na ma mʼakoma ani nnye;

ɛno na ɛbɛma manya mmuaeɛ ama obiara a ɔbu me animtiaa.

12Mmadwemma hunu asiane na wɔhinta,

nanso ntetekwaafoɔ kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.

13Fa atadeɛ a ɛhyɛ obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu;

sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.

14Sɛ obi team hyira ne yɔnko anɔpahema a,

wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.

15Ɔyere ntɔkwapɛfoɔ te sɛ

osutɔ da nsusosɔ a ɛnnyae da;

16sɛ wopata no a, ɛte sɛ deɛ wopata mframa

anaa wode wo nsa bɛsɔ ngo mu.

17Dadeɛ se dadeɛ,

saa ara na onipa se ɔfoforɔ.

18Deɛ ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bɛdi ɛso aba,

na deɛ ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no animuonyam.

19Sɛdeɛ nsuo yi animdua kyerɛ no,

saa ara na onipa akoma da onipa no adi.

20Sɛdeɛ Owuo ne Ɔsɛeɛ bo ntɔ da no,

saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da.

21Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ,

nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛso no hwɛ.

22Sɛ wowɔ ɔkwasea wɔ ɔwaduro mu,

sɛ wode ɔwɔma wɔ no te sɛ deɛ wosi aburoo a,

worentumi nnyi agyimisɛm mfiri ne ho.

23Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wobɛhunu wo nnwankuo tebea,

na ma wʼani nkɔ wʼanantwikuo so;

24ɛfiri sɛ, ahonya ntena hɔ daa,

na ahenkyɛ ntena hɔ mma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.

25Sɛ wotwa ɛserɛ no na foforɔ fifiri

na wɔboaboa nkokoɔ so ɛserɛ no ano a,

26ɛnneɛ nnwammaa no bɛma wo ntoma,

na mpɔnkye ama sika a ɛtɔ mfuo.

27Wobɛnya mmirekyie nufosuo bebree

ama wo ne wʼabusuafoɔ adi

ne aduane ama wo mmaawa.