Ɔsɛnkafoɔ 1 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafoɔ 1:1-18

Biribiara Yɛ Adehuhuo

1Yeinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem seɛ:

2“Ahuhudeɛ! Ahuhudeɛ!”

Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ.

“Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ

Biribiara yɛ ahuhudeɛ.”

3Ɛdeɛn na onipa nya firi nʼadwumayɛ nyinaa mu?

Deɛn na ɔnya firi deɛ enti ɔkum ne ho yɛ no awia so no?

4Awoɔ ntoatoasoɔ ba na ɛkɔ,

nanso asase tim hɔ daa.

5Owia pue na owia kɔtɔ,

na ɛyɛ ntɛm kɔ deɛ ɛpue firiiɛ hɔ.

6Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam

na ɛdane hwɛ atifi fam;

ɛkyinkyini kɔ baabiara

na ɛsane bɔ fa ne kwan so.

7Nsubɔntene nyinaa tene kɔgu ɛpo mu,

nanso ɛpo nyɛ ma da.

Baabi a nsubɔntene no firie no

ɛhɔ na wɔsane kɔ bio.

8Biribiara yɛ ɔbrɛ

a ɛboro deɛ obi bɛka soɔ.

Ani nhwɛ adeɛ nwie da

na aso nso ntie nsɛm mma ɛmmu so da.

9Deɛ aba no bɛba bio,

deɛ wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio;

adeɛ foforɔ biara nni owia yi ase.

10Biribi wɔ hɔ a wɔbɛtumi aka wɔ ho sɛ:

“Hwɛ! Yei yɛ ade foforɔ” anaa?

Ɛwɔ hɔ dada firi tete nteredee;

ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.

11Wɔnnkae tetefoɔ no,

na wɔn a wɔnnya nnwoo wɔn no nso

wɔn a wɔbɛdi wɔn akyi no

renkae wɔn.

Nimdeɛ Yɛ Ahuhudeɛ

12Me, Ɔsɛnkafoɔ, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem. 13Metuu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ bɛsua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru bɛn na Onyankopɔn de ato adasamma soɔ yi! 14Mahunu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛ deɛ obi de mmirika taa mframa.

15Deɛ akyea no, wɔntumi ntene;

na deɛ ɛnni hɔ no, wɔntumi nkan.

16Mekaa wɔ me ho sɛ, “Hwɛ, manyini na manya nimdeɛ bebree asene obiara a watena Yerusalem ahennwa so ansa na merebɛdi adeɛ. Manya nhunumu ne nimdeɛ mu osuahunu.” 17Afei, meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ ase, ɛne abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm. Nanso mehunuu sɛ yei nso te sɛ deɛ obi di mmirika taa mframa.

18Nimdeɛ bebree de awerɛhoɔ na ɛba;

nyansa bebree de ahohiahia bebree ba.