Mmɛbusɛm 26 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 26:1-28

1Sɛdeɛ sukyerɛmma te ahuhuro berɛ anaasɛ osutɔ te wɔ otwa berɛ no

saa ara na animuonyam mfata ɔkwasea.

2Sɛdeɛ apatuprɛ tuo anaasɛ asomfena tu danedane ne ho no,

saa ara na nnuabɔ hunu nsi hwee.

3Ɔkafoɔ abaa wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afunumu,

na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafoɔ akyi.

4Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuaeɛ,

anyɛ saa a wo nso bɛyɛ sɛ ɔno.

5Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuaeɛ

anyɛ saa a ɛbɛyɛ no sɛ ɔnim nyansa.

6Sɛ wode nkra bi soma ɔkwasea a,

ɛte sɛ woatwa wʼankasa nan anaasɛ woafrɛ basabasayɛ.

7Apakye nan a awu na ɛsensɛn hɔ no,

yɛ abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano.

8Ɛboɔ a wɔakyekyere afam ahwimmoɔ so,

te sɛ animuonyam a wɔde ama ɔkwasea.

9Nkasɛɛ dua a ɛkura ɔkɔwensani no

te sɛ abɛbusɛm a ɛda ɔkwasea ano.

10Deɛ ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no

te sɛ agyantoni a ɔpira nnipa kwa.

11Sɛdeɛ ɔkraman sane kɔ ne feɛ ho no,

saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.

12Woahunu obi a ɔyɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so?

Anidasoɔ pii wɔ ɔkwasea mu sene no.

13Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata wɔ ɛkwan no mu,

gyata nenam mmɔntene no so!”

14Sɛdeɛ ɛpono di akɔneaba wɔ ne mponterɛ so no,

saa ara na ɔkwadwofoɔ twa ne ho wɔ ne mpa so.

15Ɔkwadwofoɔ de ne nsa si aduane mu,

na ɛyɛ no aniha sɛ ɔbɛyi akɔ nʼano.

16Ɔkwadwofoɔ yɛ onyansafoɔ wɔ ɔno ankasa ani so

sene nnipa baason a wɔdwene asɛm ho na wɔabua.

17Obi a ɔsɔ ɔkraman aso twe noɔ no

te sɛ obi a ɔretwam na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwa a ɛmfa ne ho mu.

18Ɔbɔdamfoɔ a ɔtoto atuo

anaa agyan kɔdiawuo no

19te sɛ obi a, ɔdaadaa ne yɔnko

na ɔka sɛ, “Na mede redi agorɔ!”

20Yensin hi a, ogya dum;

nsekuro nni hɔ a ntɔkwa toɔ twa.

21Sɛdeɛ gyabidie dane gyasramma na anyina dane ogya no,

saa ara na ntɔkwapɛfoɔ hyɛ ntɔkwa mu kutupa.

22Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ;

ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa.

23Sɛdeɛ wɔde dwetɛ fi adura asankago ho no

saa ara na anoɔdɛ kata amumuyɛ akoma so.

24Onipa bɔne kasa te sɛ deɛ ɔyɛ,

nanso nnaadaa ahyɛ nʼakoma ma.

25Ɛwom sɛ ne kasa yɛ dɛ deɛ, nanso ɛnnye no nni,

ɛfiri sɛ akyiwadeɛ nson ahyɛ nʼakoma ma.

26Ebia nnaadaa bɛkata nʼadwemmɔne so,

nanso nʼamumuyɛsɛm bɛda adi wɔ badwa mu.

27Sɛ onipa tu amena a, ɔbɛto mu;

sɛ onipa pire ɔboɔ a, ɛbɛsane aba ne so.

28Atorɔ tɛkrɛma kyiri wɔn a ɔgu wɔn ho fi,

na nnaadaa ano de ɔsɛeɛ ba.