Hiob 30 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 30:1-31

1“Nanso seesei wɔsere me,

nnipa a manyini sene wɔn,

na wɔn agyanom mfata sɛ

wɔne me nnwan ho nkraman tena.

2Mfasoɔ bɛn na wɔn nsa mu ahoɔden wɔ ma me,

ɛberɛ a wɔn ahoɔden afiri wɔn mu?

3Ohia ne ɛkɔm ama wɔn ho atete,

wɔnante asase wesee

ne asase bonini so anadwo.

4Wɔboaboaa nkyenhahan ano wɔ nkyɛkyerɛ mu,

na wɔde ɛserɛ so nnua nhini yɛɛ wɔn aduane.

5Wɔn mfɛfoɔ pamoo wɔn firii wɔn mu,

na wɔhuroo wɔn sɛ akorɔmfoɔ.

6Wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtenaa nsuka a emu awo,

abotan ne ɛfam ntokuro mu.

7Wɔsuu sɛ mfunumu wɔ wiram

na wɔfoforee so wɔ ɔdɔtɔ ase.

8Ekuo a wɔmfra na wɔnni din,

wɔpam wɔn firii asase no so.

9“Na ɛnnɛ yi wɔn mmammarima de dwom bɔ me akutia;

mayɛ abusudeɛ wɔ wɔn mu.

10Wɔkyiri me na wɔnnka mma me ho;

wɔmmfɛre sɛ wɔtete ntasuo gu mʼanim.

11Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi,

wɔyɛ deɛ wɔpɛ wɔ mʼanim.

12Abusuakuo no to hyɛ me so wɔ me nifa so;

wɔsum me nan mfidie,

na wɔsisi apie tia me.

13Wɔsisi mʼakwan;

na wɔnya me sɛe me

na obiara mmoa me.

14Wɔba te sɛ deɛ wɔfiri ntokuro a ano abae mu;

wɔnam mmubuiɛ no mu munimuni ba.

15Ahunahuna ma me ho dwiri me;

mʼanimuonyam atu kɔ sɛdeɛ mframa abɔ agu,

me banbɔ atu ayera sɛ omununkum.

16“Na seesei, me nkwa resa;

na amanehunu nna akyekyere me.

17Anadwo wowɔ me nnompe mu;

ɔyea a ɛwe me no nnyae.

18Onyankopɔn firi ne tumi mu yɛ sɛ aduradeɛ ma me;

ɔmia me te sɛ mʼatadeɛ kɔn.

19Ɔto me twene atɛkyɛ mu

na ɔma me yɛ sɛ mfuturo ne nsõ.

20“Ao Onyankopɔn, mesu mefrɛ wo, nanso wommua me.

Mesɔre gyina, nanso wohwɛ me kɛkɛ.

21Woba me so anibereɛ so;

wode wʼabasa mu tumi to hyɛ me so.

22Wohwim me na wode mframa pia me;

wodankyidankyi me wɔ ahum mu.

23Menim sɛ wode me bɛkɔ owuo mu,

baabi a woahyɛ ama ateasefoɔ nyinaa.

24“Ampa ara obiara mfa ne nsa nka onipa a ɔrebrɛ

ɛberɛ a ɔresu pɛ mmoa wɔ nʼamanehunu mu.

25Mansu amma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu anaa?

Me kra werɛ anho amma ahiafoɔ anaa?

26Nanso ɛberɛ a mʼani da papa so no, bɔne baeɛ;

ɛberɛ a mepɛɛ hann no, esum na ɛduruuɛ.

27Meyafunu mu a ɛwowɔ me no nnyae da;

na nna a amanehunu wɔ mu da mʼanim.

28Menenam a mabiri a ɛnyɛ sɛ owia na ahye me;

megyina adwaberem na mesu pɛ mmoa.

29Madane nnompo nuabarima,

me ne apatuo na ɛbɔ.

30Me honam ani abiri na ɛhwanehwane;

huraeɛ ama me ho adɔ.

31Me sankuo bɔ kwadwom,

na mʼatɛntɛbɛn ma agyaadwotwa nnyegyeɛ.