Hiob 29 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 29:1-25

1Hiob toaa so sɛ,

2“Mafe abosome a atwam no,

nna a Onyankopɔn hwɛɛ me soɔ no,

3ɛberɛ a ne kanea hyerɛn mʼatifi

na mede ne kanea menantee esum mu no!

4Ao, ɛnna a mesii soɔ no,

ɛberɛ a Onyankopɔn adamfofa a emu yɛ den hyiraa me fie,

5ɛberɛ a na Otumfoɔ da so ka me ho

na me mma atwa me ho ahyia,

6ɛberɛ a na nufosuo mu sradeɛ afɔ mʼakwan

na abotan hwiee ngo sɛ nsuo maa me.

7“Ɛberɛ a na mekɔ kuropɔn ɛpono ano

mekɔtena mʼadwa so wɔ ɔmanfoɔ adwaberem,

8mmeranteɛ hunu me a, wɔgyina nkyɛn

na mpanimfoɔ sɔre gyina hɔ;

9atitire gyae kasa

na wɔde wɔn nsa kata wɔn ano;

10mmapɔmma tɛm dinn,

na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dodom.

11Wɔn a wɔte me nka nyinaa ka me ho asɛmpa,

na wɔn a wɔhunu me nyinaa kamfo me,

12ɛfiri sɛ, meboaa ahiafoɔ a wɔsu pɛɛ mmoa,

ne nwisiaa a wɔnni aboafoɔ.

13Onipa a na ɔrewuo no hyiraa me;

na memaa akunafoɔ ani gyee wɔn akoma mu.

14Mede tenenee firaa sɛ mʼaduradeɛ;

atɛntenenee yɛɛ me nkatasoɔ ne mʼabotire.

15Meyɛɛ aniwa maa anifirafoɔ,

ne ɛnan maa abubuafoɔ.

16Meyɛɛ ahiafoɔ agya;

na mekaa ahɔhoɔ asɛm maa wɔn.

17Mebubuu amumuyɛfoɔ se

na mehwim wɔn a wɔdi wɔn nya no firii wɔn anom.

18“Medwenee sɛ, ‘Mɛwu wɔ mʼankasa me fie mu,

na me nna adɔɔso sɛ anwea.

19Me nhini bɛduru nsuo ano,

na obosuo agugu me mman so anadwo mu nyinaa.

20Mʼanimuonyam bɛkɔ so ayɛ frɔmm wɔ me so,

na mʼahoɔden ayɛ foforɔ.’

21“Nnipa hwehwɛɛ sɛ wɔtie me,

wɔyɛɛ dinn, twɛnee mʼafotuo.

22Sɛ mekasa wie a wɔnnkasa bio,

ɛfiri sɛ me nsɛm tɔɔ wɔn asom yie.

23Wɔtwɛnee me sɛdeɛ wɔtwɛne osutɔ,

na wɔmenee me nsɛm sɛ osutɔ berɛ nsuo.

24Wɔn abasa mu buiɛ no, mesere kyerɛɛ wɔn;

mʼanimteɛ som bo ma wɔn.

25Mebɔɔ ɛkwan maa wɔn na metenaa ase sɛ wɔn ɔhene;

metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ nʼakodɔm mu;

meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekyere agyaadwotwafoɔ werɛ.