Hiob 31 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Hiob 31:1-40

1“Me ne mʼani yɛɛ apam sɛ

meremfiri akɔnnɔ mu nhwɛ ababaawa.

2Ɛdeɛn ne onipa kyɛfa a ɛfiri ɔsoro Onyankopɔn nkyɛn?

Ɛdeɛn ne nʼagyapadeɛ a ɛfiri ɔsoro Otumfoɔ no nkyɛn?

3Ɛnyɛ ɔsɛeɛ mma amumuyɛfoɔ?

Ɛnyɛ asiane mma wɔn a wɔyɛ bɔne?

4Ɔnhunu mʼakwan

na ɔnkan anammɔn biara a metuo anaa?

5“Sɛ manante wɔ nkontompo mu

anaasɛ matu mmirika adi nnaadaasɛm akyi a,

6ma Onyankopɔn nkari me wɔ nsania papa so

na ɔbɛhunu sɛ me ho nni asɛm.

7Sɛ mʼanammɔntuo afom ɛkwan,

sɛ mʼakoma adi mʼani akyi,

anaasɛ me nsa ho agu fi a

8ɛnneɛ ma afoforɔ nni deɛ madua,

na ma wɔntutu me mfudeɛ ngu.

9“Sɛ ɔbaa bi atɔ mʼakoma so,

anaasɛ matɛ me yɔnko bi ɛpono akyi a,

10ɛnneɛ, me yere nyam ɔbarima foforɔ aduane,

na mmarima afoforɔ ne no nna.

11Ɛfiri sɛ, anka ɛno na ɛbɛyɛ aniwusɛm

ne bɔne a ɛsɛ sɛ wɔtwe aso wɔ so.

12Ɛyɛ ogya a ɛhye kɔduru ɔsɛeɛ mu

na ɛbɛtumi atutu mʼagyapadeɛ nyinaa ase.

13“Sɛ mabu mʼasomfoɔ mmarima ne mmaa ntɛnkyea

ɛberɛ a wɔ ne me nyaa asɛm,

14na sɛ Onyankopɔn de si mʼanim a, ɛdeɛn na mɛyɛ?

Sɛ wɔfrɛ me akontabuo a, mmuaeɛ bɛn na mɛma?

15Ɛnyɛ deɛ ɔbɔɔ me wɔ yafunu mu no na ɔbɔɔ wɔn?

Ɛnyɛ onipa korɔ no na ɔbɔɔ yɛn nyinaa wɔ yɛn maamenom yafunu mu?

16“Ohiani bi wɔ hɔ a ɔhia mmoa a mammoa no?

Anaa mabu akunafoɔ bi abasa mu?

17Mabɔ mʼaduane ho atirimuɔden a

mamma nwisiaa bi?

18Dabi, ɛfiri me mmeranteberɛ mu, matete wɔn sɛdeɛ agya bɛyɛ,

na me nkwa nna nyinaa mu, mahwɛ akunafoɔ.

19Sɛ mahunu obi a ɔnni aduradeɛ na ɔrebrɛ,

anaa ohiani bi a ɔnni atadeɛ,

20na sɛ wamfiri akoma mu anhyira me

wɔ ɛberɛ a mede me nnwan ho nwi kaa no hye,

21sɛ mama me nsa so atia awisiaa bi,

ɛsiane sɛ mewɔ tumi wɔ asɛnniiɛ enti a,

22ɛnneɛ ma mʼabasa mpan mfiri mʼabatiri,

ma ɛmmubu mfiri ne pɔ so.

23Mesuroo ɔsɛeɛ a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn,

na nʼanimuonyam ho suro enti mantumi anyɛ saa nneɛma yi.

24“Sɛ mede me werɛ ahyɛ sikakɔkɔɔ mu

anaasɛ maka akyerɛ sikakɔkɔɔ amapa sɛ, ‘Wo na wobɔ me ho ban,’

25sɛ masɛpɛ me ho wɔ mʼahodeɛ bebrebe enti,

ahodeɛ a me nsa aka yi,

26sɛ mahwɛ owia a ɛhyerɛn

anaa ɔsrane a ɛnam animuonyam mu,

27ama aka mʼakoma a obiara nnim

na me nsa yɛɛ wɔn atuu de anidie maa wɔn a,

28ɛnneɛ na yeinom nso bɛyɛ bɔne a wɔbu ho atɛn,

ɛfiri sɛ na manni Onyankopɔn a ɔte ɔsoro no nokorɛ.

29“Mʼani nnyee wɔ me ɔtamfoɔ amanehunu ho

anaa menseree no wɔ ɔhaw a aba ne so.

30Memmaa mʼano nyɛɛ bɔne

sɛ mɛdome obi nkwa.

31Mʼasomfoɔ a wɔwɔ me fidua mu nkaa da sɛ,

‘Ɔma ɛkɔm de yɛn.’

32Ɔhɔhoɔ biara anna abɔntene so da,

ɛfiri sɛ me ɛpono ano daa hɔ da biara maa akwantufoɔ,

33Makata me bɔne so sɛdeɛ nnipa yɛ

de mʼafɔdie ahyɛ mʼakoma mu?

34Suro a mesuro nnipadɔm

ne ahohora a ɛfiri mmusua hɔ no enti

meyɛɛ komm a mamfiri adi?

35(“Ao, sɛ anka mewɔ obi a ɔbɛtie me.

Mede me din ahyɛ mʼanoyie ase, ma Otumfoɔ no mmua me;

ma deɛ ɔbɔ me kwaadu no ntwerɛ ne soboɔbɔ.

36Ampa ara, anka mede bɛhyɛ mʼabatiri,

anka mede bɛhyɛ sɛ ahenkyɛ.

37Anka mɛbu mʼanammɔntuo biara ho akonta akyerɛ no;

anka mɛkɔ nʼanim sɛ ɔheneba.)

38“Sɛ mʼasase team tia me

na nisuo fɔ nʼakofie nyinaa,

39sɛ madi so aba a mentuaa ka

anaasɛ mabu ɛso apaafoɔ no abamu a,

40ma nkasɛɛ mfifiri nsi ayuo anan mu

na wira mfu nsi atokoɔ anan mu.”

Hiob nsɛm no asi.