Mmebusɛm 10 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 10:1-32

Salomo Mmebusɛm

1Salomo mmebusɛm:

Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye,

na ɔba kwasea brɛ ne na awerɛhow.

2Ɔkwan bɔne so ahonya nni bo,

nanso trenee gye onipa fi owu mu.

3Awurade remma ɔkɔm nne ɔtreneeni

na omumɔyɛfo de, ɔka nʼadepa gu.

4Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia,

nanso nsiyɛfo nsa de ahonya ba.

5Nea ɔboaboa nnɔbae ano wɔ ahuhurubere no yɛ ɔba nyansafo

na nea ɔda wɔ twabere mu no yɛ ɔba nimguaseni.

6Atreneefo hyɛ nhyira kyɛw

na akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma.

7Ɔtreneeni nkae yɛ nhyira,

na omumɔyɛfo din bɛporɔw.

8Koma mu nyansafo tie ɔhyɛ nsɛm,

na ɔkwasea kasafo hwe ase.

9Ɔnokwafo nantew dwoodwoo,

na nea ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi.

10Nea ɔde nitan bu nʼani no de ɔhaw ba,

na ɔkwasea kasafo hwe ase.

11Ɔtreneeni anom yɛ nkwa asuti,

na akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma.

12Ɔtan kanyan mpaapaemu,

nanso ɔdɔ kata mfomso nyinaa so.

13Wohu nyansa wɔ nhumufo anom,

na abaa fata nea onni adwene akyi.

14Anyansafo kora nimdeɛ,

nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛe.

15Adefo ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban,

nanso ahiafo hia yɛ wɔn asehwe.

16Atreneefo akatua de nkwa brɛ wɔn,

na nea amumɔyɛfo nya no de asotwe brɛ wɔn.

17Nea otie ntetew pa no kyerɛ nkwa kwan,

na nea ɔpo nteɛso no di afoforo anim yera kwan.

18Nea ɔkata nitan so no yɛ ɔtorofo,

na nea odi nseku no yɛ ɔkwasea.

19Mfomso mpa ɔkasa bebree mu,

na nea ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafo.

20Ɔtreneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ ankasa

nanso omumɔyɛfo koma nni bo.

21Atreneefo ano ma bebree aduan,

na atemmu a nkwaseafo nni nti wowuwu.

22Awurade nhyira de ahonya ba,

na ɔmfa ɔbrɛ mmata ne nya ho.

23Bɔneyɛ yɛ anigyede ma ɔkwasea,

nanso nea ɔwɔ nimdeɛ anigye wɔ nyansa mu.

24Nea amumɔyɛfo suro no bɛba wɔn so;

na nea atreneefo pɛ no, wɔde bɛma wɔn.

25Sɛ ahum no betwa mu a, amumɔyɛfo yera,

nanso atreneefo gyina hɔ pintinn afebɔɔ.

26Sɛnea nsa keka ɛse, na wusiw kɔ aniwa no,

saa ara na ɔkwadwofo yɛ ma wɔn a wɔsoma no.

27Awurade suro ma nkwa tenten,

nanso wotwa amumɔyɛfo nkwa so.

28Atreneefo anidaso de ahotɔ ba,

nanso amumɔyɛfo anidaso nkosi hwee.

29Awurade kwan yɛ guankɔbea ma ɔtreneeni,

nanso ɛyɛ ɔsɛe ma wɔn a wɔyɛ bɔne.

30Wɔrentɔre atreneefo ase da,

nanso amumɔyɛfo renka asase no so.

31Nyansa fi ɔtreneeni anom ba

nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no, wobetwa akyene.

32Ɔtreneeni ano nim ade a ɛfata

na omumɔyɛfo ano nim nea ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara.

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 10:1-32

Salomo Mmɛbusɛm

1Salomo mmɛbusɛm:

Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye,

na ɔba kwasea brɛ ne maame awerɛhoɔ.

2Ɛkwan bɔne so ahonya nni boɔ,

nanso tenenee gye onipa firi owuo mu.

3Awurade remma ɛkɔm nne ɔteneneeni

na omumuyɛfoɔ deɛ ɔka nʼadepa gu.

4Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia,

nanso nsiyɛfoɔ nsa de ahonya ba.

5Deɛ ɔboaboa nnɔbaeɛ ano wɔ ahuhuro berɛ no yɛ ɔba nyansafoɔ

na deɛ ɔda wɔ twaberɛ mu no yɛ ɔba nimguaseni.

6Teneneefoɔ hyɛ nhyira kyɛ

na akakabensɛm ayɛ omumuyɛfoɔ anom ma.

7Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira,

na omumuyɛfoɔ din bɛporɔ.

8Akoma mu nyansafoɔ tie ɔhyɛ nsɛm,

na ɔkwasea kasafoɔ hwe ase.

9Ɔnokwafoɔ nante dwoodwoo,

na deɛ ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi.

10Deɛ ɔde nitan bu nʼani no de ɔhaw ba,

na ɔkwasea kasafoɔ hwe ase.

11Ɔteneneeni anom yɛ nkwa asutire,

na akakabensɛm ayɛ omumuyɛfoɔ anom ma.

12Ɔtan hwanyan mpaapaemu,

nanso ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so.

13Wohunu nyansa wɔ nhunumufoɔ anom,

na abaa fata deɛ ɔnni atemmuo akyi.

14Anyansafoɔ kora nimdeɛ,

nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛeɛ.

15Adefoɔ ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban,

nanso ahiafoɔ hia yɛ wɔn asehweɛ.

16Ateneneefoɔ akatua de nkwa brɛ wɔn,

na deɛ amumuyɛfoɔ nya no de asotwe brɛ wɔn.

17Deɛ ɔtie nteteeɛ pa no kyerɛ nkwa kwan,

na deɛ ɔpo ntenesoɔ no di afoforɔ anim yera ɛkwan.

18Deɛ ɔkata nitan soɔ no yɛ ɔtorofoɔ,

na deɛ ɔdi nsekuro no yɛ ɔkwasea.

19Mfomsoɔ mpa ɔkasa bebree mu,

na deɛ ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafoɔ.

20Ɔteneneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ amapa

nanso omumuyɛfoɔ akoma nni boɔ.

21Teneneefoɔ ano ho mfasoɔ ma bebree aduane,

na atemmuo a nkwaseafoɔ nni enti wɔwuwu.

22Awurade nhyira de ahonya ba,

na ɔmmfa ɔhaw biara nka ho.

23Bɔneyɛ yɛ anigyedeɛ ma ɔkwasea,

nanso deɛ ɔwɔ nimdeɛ anigyeɛ wɔ nyansa mu.

24Deɛ amumuyɛfoɔ suro no bɛba wɔn so;

na deɛ teneneefoɔ pɛ no, wɔde bɛma wɔn.

25Sɛ ahum no bɛtwam a, amumuyɛfoɔ yera,

nanso teneneefoɔ gyina hɔ pintinn afebɔɔ.

26Sɛdeɛ nsã kekakeka ka ɛse, na wisie kɔ ani no,

saa ara na ɔkwadwofoɔ yɛ ma wɔn a wɔsoma noɔ.

27Awurade suro ma nkwa tenten,

nanso wɔtwa amumuyɛfoɔ nkwa so.

28Teneneefoɔ anidasoɔ de ahotɔ ba,

nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ nkɔsi hwee.

29Awurade ɛkwan yɛ dwanekɔbea ma ɔteneneeni,

nanso ɛyɛ ɔsɛeɛ ma wɔn a wɔyɛ bɔne.

30Wɔrentɔre teneneefoɔ ase da,

nanso amumuyɛfoɔ renka asase no so.

31Nyansa firi teneneeni anom ba

nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no wɔbɛtwa atwene.

32Teneneefoɔ ano nim adeɛ a ɛfata

na omumuyɛfoɔ ano nim deɛ ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara.