Mmebusɛm 9 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 9:1-18

Nyansa Ne Nkwaseasɛm Frɛ

1Nyansa asi ne fi;

wasisi nʼafadum ason.

2Wasiesie ne nam de afra ne nsa,

wato ne pon.

3Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛ

fi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ se,

4“Momma ntetekwaafo nyinaa mmra ha!”

Ɔka kyerɛ wɔn a wonni atemmu se,

5“Mommra mmedi mʼaduan

na monnom nsa a mafra no.

6Munnyaw mo ntetekwaasɛm no na mubenya nkwa;

monnantew ntease akwan so.”

7Nea ɔteɛteɛ ɔfɛwdifo no frɛ ahohorabɔ;

na nea ɔka amumɔyɛfo anim no nya ɔyaw.

8Ɛno nti, nka ɔfɛwdifo anim na ɔmmɛtan wo;

ka onyansafo anim na ɔbɛdɔ wo.

9Ma onyansafo akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahu nyansa;

kyerɛkyerɛ ɔtreneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.

10Awurade suro yɛ nyansa mfiase

Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ ntease.

11Me mu na wo nna bɛdɔɔso,

na wɔde mfe bɛka wo nkwa ho.

12Sɛ woyɛ onyansafo a, wubenya wo nyansa so mfaso;

sɛ woyɛ ɔfɛwdifo a, wo nko ara na wubehu amane.

13Ɔbea ɔkwasea yɛ ɔkasafo;

onni ahohyɛso na onni nimdeɛ.

14Ɔte ne fi pon ano,

na ɔte akongua a esi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea,

15na ɔfrɛfrɛ wɔn a wotwa mu wɔ hɔ,

wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee se,

16“Momma ntetekwaafo nyinaa mmra ha”

ɔka kyerɛ wɔn a wonni atemmu se,

17“Nsu a wowia no yɛ fremfrem

na aduan a wodi no ahintawee no yɛ dɛ!”

18Nanso wonnim koraa sɛ awufo wɔ hɔ

sɛ nʼahɔho wɔ ɔda no ase tɔnn.

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 9:1-18

Nyansa Ne Nkwaseasɛm Frɛ

1Nyansa asi ne fie;

watwa nʼafadum nson ho.

2Wasiesie nʼaduane afra ne nsã

wato ne ɛpono.

3Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛ

firi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ sɛ,

4“Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha!”

Ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,

5“Mommra mmɛdi mʼaduane

na monnom nsã a mafra no.

6Monnya mo ntetekwaasɛm no na mobɛnya nkwa;

monnante nteaseɛ akwan so.”

7Deɛ ɔtenetene ɔfɛdifoɔ no frɛ ahohorabɔ;

na deɛ ɔka amumuyɛfoɔ anim no nya ɔyea.

8Ɛno enti, nnka ɔfɛdifoɔ anim na ɔmmɛtane wo;

ka onyansafoɔ anim na ɔbɛdɔ wo.

9Ma onyansafoɔ akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa;

kyerɛkyerɛ ɔteneneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.

10Awurade suro yɛ nyansa ahyɛaseɛ

Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ nteaseɛ.

11Me mu na wo nna bɛdɔɔso,

na wɔde mfeɛ bɛka wo nkwa ho.

12Sɛ woyɛ onyansafoɔ a, wobɛnya wo nyansa ho mfasoɔ;

sɛ woyɛ ɔfɛdifoɔ a, wo nko ara na ɛbɛhunu amane.

13Ɔbaa ɔkwasea yɛ ɔkasafoɔ;

ɔnni ahohyɛsoɔ na ɔnni nimdeɛ.

14Ɔte ne fie ɛpono ano,

na ɔte akonnwa a ɛsi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea,

15na ɔfrɛfrɛ wɔn a wɔtwam hɔ,

wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee sɛ,

16“Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha”

ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,

17“Nsuo a wɔwia no yɛ fremfrem

na aduane a wɔdi no ahintaeɛ no yɛ dɛ!”

18Nanso wɔnnim koraa sɛ awufoɔ wɔ hɔ

sɛ nʼahɔhoɔ wɔ ɛda no ase tɔnn.