Mmebusɛm 11 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 11:1-31

1Awurade kyi asisi nsania,

na nʼani gye nokware nkaribo ho.

2Ahantan ba a, animguase na edi so,

nanso ahobrɛase de nyansa ba.

3Teefo nokwaredi kyerɛ wɔn kwan;

nanso nkontompofo ano ntanta sɛe wɔn.

4Ahonya nka hwee wɔ abufuwhyew da no,

nanso trenee gye nkwa fi owu mu.

5Wɔn a wonni bɔne no trenee bɔ kwan tee ma wɔn,

nanso amumɔyɛfo amumɔyɛsɛm brɛ wɔn ase.

6Pɛyɛfo treneeyɛ gye wɔn,

nanso akɔnnɔ bɔne afiri yi nkontompofo.

7Sɛ omumɔyɛfo wu a, nʼanidaso yera;

nea osusuw sɛ obenya afi ne tumi mu nyinaa no yɛ ɔkwa.

8Wogye ɔtreneeni fi amane mu,

na ɛba omumɔyɛfo so mmom.

9Nea onsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko,

nanso ɔtreneeni nam nimdeɛ so fi mu.

10Sɛ atreneefo di yiye a, kuropɔn no di ahurusi;

nanso amumɔyɛfo wu a, wɔbɔ ose.

11Pɛyɛfo nhyira ma kuropɔn no kɔ so,

nanso amumɔyɛfo ano ma ɛbɔ.

12Onipa a onni adwene no bu ne yɔnko animtiaa,

nanso nea ɔwɔ nhumu no to ne tɛkrɛma nnareka.

13Nsekudi sɛe ahotoso,

nanso nea wɔwɔ ne mu ahotoso no kora ahintasɛm.

14Ɔman a enni akwankyerɛ no bɔ,

nanso afotufo dodow ma nkonimdi ba.

15Nea odi akagyinamu ma ɔfoforo no behu amane,

na nea ɔmmfa ne nsa nhyɛ awowasi ase no aso mu dwo no.

16Ɔbea a ne yam ye no, wɔde obu ma no,

nanso mmarima atirimɔdenfo nya ahode nkutoo.

17Ɔyamyefo ye ma ne ho,

na otirimɔdenfo de ɔhaw ba nʼankasa so.

18Omumɔyɛfo nya akatua a ennyina,

nanso nea ogu trenee aba no twa aba a edi mu.

19Nea ɔyɛ nokware treneeni no nya nkwa,

nanso nea ɔkɔ so yɛ bɔne no kɔ owu mu.

20Awurade kyi nnipa a wɔn koma akyea,

na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm no ho.

21Gye to mu sɛ, amumɔyɛfo benya wɔn akatua,

na atreneefo benya wɔn ti adidi mu.

22Ɔbea hoɔfɛfo a ontumi nsi gyinae no

te sɛ sika kaa a ɛhyɛ prako hwene mu.

23Atreneefo apɛde wie yiye,

nanso amumɔyɛfo anidaso wie abufuwhyew.

24Obi yɛ adɔe, na onya ne ho bebree;

obi nso yɛ pɛpɛe, nanso ehia no.

25Ɔyamyefo bɛkɔ so anya ne ho;

na nea ɔma ebinom mee no nso bɛmee.

26Nnipa dome nea ɔde atoko sie,

na nhyira ba nea ɔtɔn ne de so.

27Nea ɔhwehwɛ papa akyi kwan no nya anisɔ,

na nea ɔhwehwɛ bɔne no, bɔne ba ne so.

28Nea ɔde ne ho to nʼahonyade so no bɛhwe ase,

na ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahabammono.

29Nea ɔde ɔhaw bɛto nʼabusua so no bedi mframa ade,

na ɔkwasea bɛyɛ onyansafo somfo.

30Ɔtreneeni aba yɛ nkwadua,

na nea ogye akra no yɛ onyansafo.

31Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛyɛ den sɛ wobegye onipa pa nkwa;

na wɔn a wonnye asɛm no nni ne nnebɔneyɛfo no de, dɛn na ɛbɛba wɔn so?”

Asante Twi Contemporary Bible

Mmɛbusɛm 11:1-31

1Awurade kyiri asisie nsania,

na nʼani gye nokorɛ nkariboɔ ho.

2Ahantan ba a, animguaseɛ na ɛdi soɔ

nanso ahobrɛaseɛ de nyansa ba.

3Teefoɔ nokorɛdie kyerɛ wɔn ɛkwan;

nanso nkontompofoɔ ano ntanta sɛe wɔn.

4Ahonya nnka hwee abufuhyeɛ da no,

nanso tenenee gye nkwa firi owuo mu.

5Wɔn a wɔnnyɛ bɔne teneneeyɛ bɔ ɛkwan tee ma wɔn,

nanso amumuyɛfoɔ amumuyɛsɛm brɛ wɔn ase.

6Pɛyɛfoɔ teneneeyɛ gye wɔn,

nanso akɔnnɔ bɔne afidie yi nkontompofoɔ.

7Sɛ omumuyɛfoɔ wu a, nʼanidasoɔ yera;

deɛ ɔsusuu sɛ ɔbɛnya afiri ne tumi mu nyinaa no yɛ kwa.

8Wɔgye ɔteneneeni firi amaneɛ mu,

na ɛba omumuyɛfoɔ so mmom.

9Deɛ ɔnsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko,

nanso ɔteneneeni nam nimdeɛ so firi mu.

10Sɛ teneneefoɔ di yie a, kuropɔn no di ahurisie;

nanso amumuyɛfoɔ wu a, wɔbɔ ose.

11Pɛyɛfoɔ nhyira ma kuropɔn no kɔ so,

nanso amumuyɛfoɔ ano bɔ no.

12Onipa a ɔnni adwene no bu ne yɔnko animtiaa,

nanso deɛ ɔwɔ nhunumu no to ne tɛkrɛma nnareka.

13Osekuni da kɔkoamsɛm adi,

nanso deɛ yɛnya ne mu ahotosoɔ no kora kasasie so.

14Ɔman a ɛnni akwankyerɛ no bɔ,

nanso afotufoɔ dodoɔ ma nkonimdie ba.

15Deɛ ɔdi agyinamu ma ɔfoforɔ no bɛhunu amane,

na deɛ ɔmmfa ne nsa nhyɛ awowasie ase no aso mu dwo no.

16Ɔbaa a ne yam yɛ no wɔde obuo ma no,

nanso mmarima basabasayɛfoɔ nya ahodeɛ nko ara.

17Ɔyamyɛfoɔ yɛ ma ne ho,

na otirimuɔdenfoɔ de ɔhaw ba nʼankasa so.

18Omumuyɛfoɔ nya akatua a ɛnnyina,

nanso deɛ ɔgu tenenee aba no twa akatua a ɛdi mu.

19Deɛ ɔyɛ nokorɛ teneneeni no nya nkwa,

nanso deɛ ɔkɔ so yɛ bɔne no kɔ owuo mu.

20Awurade kyiri nnipa a wɔn akoma akyinsa,

na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm ho.

21Gye to mu sɛ, amumuyɛfoɔ bɛnya wɔn akatua,

na teneneefoɔ bɛnya wɔn tiri adi mu.

22Ɔbaa hoɔfɛfoɔ a ɔntumi nsi gyinaeɛ no

te sɛ sika kawa a ɛhyɛ prako hwene mu.

23Teneneefoɔ apɛdeɛ wie yie,

nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ wie abufuhyeɛ.

24Obi yɛ adɔeɛ, na ɔnya ne ho bebree;

obi nso yɛ adɔna, nanso ɛhia no.

25Ɔyamyɛfoɔ bɛkɔ so anya ne ho;

na deɛ ɔma ebinom mee no nso bɛmee.

26Nnipa dome deɛ ɔde atokoɔ sie,

na nhyira ba deɛ ɔtɔn ne deɛ so.

27Deɛ ɔhwehwɛ papa akyiri ɛkwan no nya anisɔ,

na deɛ ɔhwehwɛ bɔne no, bɔne ba ne so.

28Deɛ ɔde ne ho to nʼahonyadeɛ soɔ no bɛhwe ase,

na ɔteneneeni bɛyɛ frɔmm sɛ ahahan mono.

29Deɛ ɔde ɔhaw bɛto nʼabusua so no bɛdi mframa adeɛ,

na ɔkwasea bɛyɛ onyansafoɔ ɔsomfoɔ.

30Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua,

na deɛ ɔgye akra no yɛ onyansafoɔ.

31Sɛ teneneefoɔ nya wɔn akatua wɔ asase so a

ɛnneɛ na wɔn a wɔnnim Onyame ne abɔnefoɔ nso ɛ!