Mika 6 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mika 6:1-16

Awurade Sobo A Ɔbɔ Israel

1Muntie asɛm a Awurade reka:

“Monsɔre na mommɔ mo nkuro wɔ mmepɔw no anim;

momma nkoko nte nea mowɔ ka.

2“Na afei, mmepɔw, muntie Awurade sobo;

tie, asase nnyinaso a ɛwɔ hɔ daa.

Na Awurade wɔ asɛm a etia ne nkurɔfo;

ɔrebɔ Israel sobo.

3“Me nkurɔfo, dɛn na mayɛ mo?

Mede adesoa bi asoa mo? Mummua me!

4Miyii mo fii Misraim

migyee mo fii nkoasom asase so.

Mesomaa Mose bedii mo anim,

Aaron ne Miriam nso.

5Me nkurɔfo, monkae

afotu a Moabhene Balak mae

ne mmuae a Beor babarima Balaam mae.

Monkae mo kwan a mutu fii Sitim kɔɔ Gilgal,

na munhu Awurade akwantrenee.”

6Dɛn na memfa mmra Awurade anim

mmɛkotow ɔsorosoro Onyankopɔn no?

Memfa nantwimma a wadi afe

mmɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ nʼanim ana?

7Awurade ani bɛsɔ adwennini mpempem

ne ngodua mu ngo asuten mpem du ana?

Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔre,

anaa me yafunumma, me kra bɔne nti?

8Ɔde nea eye akyerɛ wo, Ao onipa.

Na dɛn na Awurade hwehwɛ afi wo hɔ?

Yɛ adetrenee ne mmɔborɔhunu,

na wo ne wo Nyankopɔn nnantew ahobrɛase mu.

Israel Afɔdi Ne Asotwe

9Muntie! Awurade refrɛ kuropɔn no,

Wo din suro yɛ nyansahu,

“Muntie abaa no ne nea Ɔmaa no tumi no.

10Mo amumɔyɛfo, menkɔ so mma me werɛ mfi mo ahonya a monam asisi so apɛ,

ne nkontompo susukoraa a ɛde nnome ba no ana?

11Minnyae onipa a okura nsania a wɔamia mu,

ne asisi nkaribo

na ɔmfa ne ho nni ana?

12Adefo a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm;

mo nkurɔfo no yɛ atorofo

na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.

13Ɛno nti, mafi ase resɛe mo,

Mo bɔne ahorow nti, mɛsɛe mo.

14Mubedidi, nanso moremmee;

ɔkɔm bɛkɔ so ade mo.

Mobɛboaboa ano, nanso ɛrenkosi hwee,

efisɛ mede nea moakora no bɛma afoa.

15Mubedua nanso morentwa.

Mubekyi ngodua mu ngo, nanso morensra bi,

mubetiatia bobe so, nanso morennom nsa a mubenya afi mu no bi.

16Moadi Omri mmara so.

Moayɛ nea wɔyɛɛ wɔ Ahab fi.

Moasua wɔn nneyɛe no bi,

ɛno nti mɛma ɔsɛe aba mo so.

Wɔbɛserew mo nkurɔfo;

na amanaman bebu mo animtiaa.”

Asante Twi Contemporary Bible

Mika 6:1-16

Awurade Soboɔ A Ɔbɔ Israel

1Montie asɛm a Awurade reka:

“Monsɔre na mommɔ mo nkuro wɔ mmepɔ no anim;

momma nkokoɔ nte deɛ mowɔ ka.

2“Na afei Ao, mmepɔ, montie Awurade soboɔ;

tie, asase nnyinasoɔ a ɛwɔ hɔ daa.

Na Awurade wɔ asɛm a ɛtia ne nkurɔfoɔ;

ɔrebɔ Israel soboɔ.

3“Me nkurɔfoɔ, ɛdeɛn na mayɛ mo?

Mede adesoa bi asoa mo? Mommua me!

4Meyii mo firii Misraim

megyee mo firii nkoasom asase so.

Mesomaa Mose bɛdii mo anim

Aaron ne Miriam nso.

5Me nkurɔfoɔ, monkae

afotuo a Moabhene Balak, maeɛ

ɛne mmuaeɛ a Beor babarima Balaam maeɛ.

Monkae mo akwantuo a motu firii Sitim kɔɔ Gilgal,

na monhunu Awurade akwantenenee.”

6Ɛdeɛn na memfa mmra Awurade anim

mmɛkoto ɔsorosoro Onyankopɔn no?

Memfa anantwie mma a wadi afe

mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ nʼanim anaa?

7Awurade ani bɛsɔ nnwennini mpempem

ne ngo ɔpedu a ɛretene sɛ nsubɔntene anaa?

Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔdeɛ,

anaa me yafunu mu mma, me kra bɔne nti?

8Ɔde deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, Ao onipa.

Na ɛdeɛn na Awurade hwehwɛ afiri wo hɔ?

Yɛ adetenenee, hunu afoforɔ mmɔbɔ,

na wo ne wo Onyankopɔn nnante ahobrɛaseɛ mu.

Israel Afɔdie Ne Asotwe

9Montie! Awurade refrɛ kuropɔn no,

Wo din suro yɛ nyansahu,

“Monsuro Abaa no ne deɛ ɔmaa no tumi no.

10Mo amumuyɛfoɔ, menkɔ so mma me werɛ mfiri mo ahonya a monam nsisie so apɛ,

ne nkontompo susukora a ɛde nnome ba no anaa?

11Mennyae onipa a ɔkura nsania a wɔamia mu,

ne nsisie nkariboɔ

na ɔmfa ne ho nni anaa?

12Adefoɔ a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm;

mo nkurɔfoɔ no yɛ atorofoɔ

na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.

13Ɛno enti, mafiri aseɛ resɛe mo,

Mo bɔne ahodoɔ enti, mɛsɛe mo.

14Mobɛdidi, nanso moremmee;

ɛkɔm bɛkɔ so ade mo.

Mobɛboaboa ano nanso ɛrenkɔsi hwee,

ɛfiri sɛ mede deɛ moakora no bɛma akofena.

15Mobɛdua nanso morentwa.

Mobɛkyi ngo dua mu ngo, nanso morensra bi.

Mobɛtiatia bobe so, nanso morennom nsã a mobɛnya afiri mu no bi.

16Moadi Omri mmara so.

Moayɛ deɛ wɔyɛɛ wɔ Ahab efie.

Moasua wɔn nneyɛeɛ no bi,

ɛno enti mɛma ɔsɛeɛ aba mo so.

Wɔbɛsere mo nkurɔfoɔ;

na amanaman bɛbu mo animtia.”