Yona 1 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yona 1:1-17

Yona Guan Awurade

1Awurade asɛm baa Amitai babarima Yona nkyɛn se, 2“Kɔ kuropɔn Ninewe mu na kɔka asɛmpa no tia wɔn, efisɛ wɔn atirimɔdensɛm aforo abedu mʼanim.”

3Nanso Yona guan fii Awurade anim na ɔde nʼani kyerɛɛ Tarsis. Ɔkɔɔ Yopa, na okonyaa hyɛn wɔ hɔ a na ɛrekɔ Tarsis. Otuaa ka kɔtenaa hyɛn no mu, sɛ ɔrefi Awurade anim akɔ Tarsis.

4Nanso Awurade maa mframa kɛse bi bɔɔ wɔ po no so; ɛmaa ahum tui a, anka hyɛn no rebɛbɔ. 5Hyɛn no mufo no nyinaa suroe, na obiara su frɛɛ ne nyame. Wɔtotoo aguade a ɛwɔ hyɛn no mu guguu po no mu sɛnea hyɛn no mu bɛyɛ hare.

Nanso na Yona akɔhyɛ hyɛn no ase baabi ada hatee. 6Na hyɛn no so panyin no kɔɔ ne nkyɛn kɔkae se, “Adɛn na woada? Sɔre na frɛ wo nyame! Ebia, obehu yɛn mmɔbɔ, na yɛanwuwu.”

7Afei hyɛn no mufo no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Momma yɛmmɔ ntonto nhwehwɛ nea saa amanehunu yi nam ne so aba.” Wɔbɔɔ ntonto no na ɛbɔɔ Yona. 8Enti wobisaa no se, “Kyerɛ yɛn, hena na wama saa ɔhaw yi nyinaa aba? Adwuma bɛn na woyɛ? Ɛhe na wufi? Ɔman bɛn so na wufi? Ɛhefo ne wo nkurɔfo?”

9Obuae se, “Meyɛ Hebrini, na mesom Awurade, ɔsoro Nyankopɔn a, ɔbɔɔ po ne asase.”

10Eyi bɔɔ wɔn hu, enti wobisaa Yona se, “Dɛn na woayɛ?” (Na wonim sɛ ɔreguan afi Awurade nkyɛn, efisɛ na waka saa akyerɛ wɔn dedaw).

11Na ahum no kɔ so tu denneennen ara. Enti wobisaa no se, “Dɛn na yɛnyɛ wo a ɛbɛma ahum yi ano abrɛ ase ama yɛn?”

12Yona buaa wɔn se, “Momma me so ntow me nkyene po yi mu, na ano bedwo. Minim sɛ me nti na ahum kɛse yi retu wɔ mo so.”

13Mmarima no yɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛhare hyɛn no akɔ mpoano. Nanso, wɔantumi, esiane sɛ na po no so ahum no ano ayɛ den asen kan no. 14Afei wosu frɛɛ Awurade se, “Awurade yɛsrɛ wo mma yennwuwu sɛ yɛama ɔbarima yi ahwere ne nkwa nti. Mma yennni fɔ wɔ ɔbarima yi mogya ho, efisɛ, Awurade wayɛ nea wopɛ.” 15Afei, wɔmaa Yona so tow no kyenee po no mu, na po a na ehuru so no yɛɛ komm. 16Eyi maa mmarima no suroo Awurade pa ara na wɔbɔɔ afɔre maa Awurade, na wɔhyɛɛ no bɔ.

Yona Mpaebɔ

17Na Awurade maa bonsu kɛse bi bɛmenee Yona, na Yona daa bonsu no yam nnansa, awia ne anadwo.

Asante Twi Contemporary Bible

Yona 1:1-17

Yona Dwane Awurade

1Awurade asɛm baa Amitai babarima Yona nkyɛn sɛ, 2“Kɔ kuropɔn kɛseɛ Ninewe mu na kɔka asɛmpa no tia wɔn sɛ wɔn atirimuɔdensɛm aforo abɛduru mʼanim.”

3Nanso, Yona dwane firii Awurade anim na ɔde nʼani kyerɛɛ Tarsis. Ɔkɔɔ Yopa, na ɛhɔ ɔkɔnyaa ɛhyɛn a ɛrekɔ Tarsis. Ɔtuaa ka kɔtenaa ɛhyɛn no mu, sɛ ɔrefiri Awurade anim akɔ Tarsis.

4Nanso Awurade maa mframa kɛseɛ bi bɔɔ wɔ ɛpo no so; ɛmaa ahum tuiɛ a, anka ɛhyɛn no rebɛbɔ. 5Ɛhyɛn no mufoɔ no nyinaa surooɛ na obiara su frɛɛ ne nyame. Wɔtotoo adwadeɛ a ɛwɔ ɛhyɛn no mu guguu ɛpo no mu sɛdeɛ ɛhyɛn no mu bɛyɛ herɛ.

Nanso na Yona akɔhyɛ ɛhyɛn no ase baabi ada hatee. 6Ɛna ɛhyɛn no so panin no kɔɔ ne nkyɛn kɔkaa sɛ, “Adɛn na woada? Sɔre na frɛ wo nyame! Ebia, ɔbɛhunu yɛn mmɔbɔ, na yɛannwuwu.”

7Afei ɛhyɛn no mufoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Momma yɛmmɔ ntonto nhwehwɛ deɛ saa amanehunu yi nam ne so aba.” Wɔbɔɔ ntonto no na ɛbɔɔ Yona. 8Enti wɔbisaa no sɛ, “Kyerɛ yɛn, hwan na wama saa ɔhaw yi nyinaa aba? Adwuma bɛn na woyɛ? Ɛhe na wo fire? Ɔman bɛn so na wofiri? Ɛhefoɔ ne wo nkurɔfoɔ?”

9Ɔbuaa sɛ, “Meyɛ Hebrini, na mesom Awurade, ɔsoro Onyankopɔn a, ɔbɔɔ ɛpo ne asase.”

10Yei bɔɔ wɔn hu, enti wɔbisaa Yona sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ?” (Na wɔnim sɛ ɔredwane afiri Awurade nkyɛn, ɛfiri sɛ na waka saa akyerɛ wɔn dada).

11Na ahum no kɔ so tu dendeenden ara. Enti wɔbisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ wo a ɛbɛma ahum yi ano abrɛ ase ama yɛn?”

12Yona buaa wɔn sɛ, “Momma me so nto me ntwene ɛpo yi mu, na ano bɛdwo. Menim sɛ me enti na ahum kɛseɛ yi retu mo so.”

13Mmarima no yɛɛ deɛ wɔbɛtumi biara sɛ wɔbɛhare ɛhyɛn no akɔ mpoano. Nanso, wɔantumi, ɛsiane sɛ na ɛpo so ahum no ano ayɛ den asene kane no. 14Afei wosu frɛɛ Awurade sɛ, “Ao Awurade yɛsrɛ wo mma yɛn nwuwu sɛ yɛama ɔbarima yi ahwere ne nkwa enti. Mma yɛn nni fɔ wɔ ɔbarima yi mogya ho, ɛfiri sɛ, Ao Awurade wayɛ deɛ wo pɛ.” 15Afei, wɔmaa Yona so too no twenee ɛpo no mu, na ɛpo a na ɛrehuru soɔ no yɛɛ dinn. 16Yei maa mmarima no suroo Awurade pa ara na wɔbɔɔ afɔdeɛ maa Awurade, na wɔhyɛɛ no bɔ.

Yona Mpaeɛbɔ

17Na Awurade maa apataa kɛseɛ bi bɛmenee Yona, na Yona daa apataa no yam nnansa, awia ne anadwo.