Mika 5 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mika 5:1-15

Bɔhyɛhene Bi A Ofi Betlehem

1Mommoaboa mo asraafo ano,

akofo kuropɔn,

efisɛ atamfo atwa yɛn ho ahyia.

Wɔde abaa bɛbɔ nea odi Israel so no wɔ nʼafono so.

2“Nanso wo, Betlehem Efrata,

ɛwɔ mu sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu de,

nanso wo mu na obi befi ama me

a obedi Israel so,

na nʼase fi teteete.”

3Enti wobɛto Israelfo paahwii,

kosi sɛ ɔbea a awo aka no no bɛwo

na ne nuanom mmarima nkae

bɛsan akɔka Israelfo ho.

4Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nguankuw

Awurade ahoɔden mu,

Awurade ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu.

Na wɔbɛtena asomdwoe mu, na afei

ne kɛseyɛ bedu asase awiei.

5Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoe.

Sɛ Asiriafo bɛtow ahyɛ yɛn asase so,

na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a,

yɛde nguanhwɛfo baason,

mpo asahene baawɔtwe behyia wɔn.

6Wɔde afoa bedi Asiria asase so,

wɔbɛtwe afoa de adi Nimrod asase so.

Sɛ Asiriafo tow hyɛ yɛn so,

bɔ nsra fa yɛn ahye so a,

obegye yɛn afi wɔn nsam.

7Yakob asefo nkae no

bɛfrafra nnipa bebree mu

te sɛ obosu a efi Awurade,

te sɛ osu a ɛpete gu sare so

a ɛntwɛn ɔdesani,

na ɔdesani biara rentumi nsiw ho kwan.

8Wɔbɛkan Yakob asefo nkae no afra aman no mu,

wɔbɛfrafra nnipa bebree mu

te sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwae mu,

te sɛ gyata ba a ɔfra nguankuw mu

a ɔbobɔ wɔn tetew wɔn mu

na obiara ntumi nnye wɔn.

9Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfo so nkonim,

na wɔbɛsɛe wʼatamfo nyinaa.

10“Saa da no,” sɛnea Awurade se ni,

“Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔ

na mabubu wo nteaseɛnam.

11Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so

na madwiriw wo bammɔ dennen nyinaa agu.

12Mɛsɛe wʼabayisɛm

na wo ntafowayi to betwa.

13Mɛsɛe nsɛsode a wode wo nsa ayɛ

ne abo ahoni a wowɔ no,

na worenkotow nsɔre

wo nsa ano adwuma bio.

14Metutu Asera abosomnnua no afi wo mu

na masɛe wo nkuropɔn.

15Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa,

mede abufuw ne abufuwhyew bɛtɔ wɔn so were.”

Asante Twi Contemporary Bible

Mika 5:1-15

Bɔhyɛhene Bi A Ɔfiri Betlehem

1Mommoaboa mo akodɔm ano,

Ao akofoɔ kuropɔn,

ɛfiri sɛ, atamfoɔ atwa yɛn ho ahyia.

Wɔde abaa bɛbɔ Israel sodifoɔ no wɔ nʼafono so.

2“Nanso wo, Betlehem Efrata,

ɛwom sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu deɛ,

nanso, wo mu na obi bɛfiri ama me

a ɔbɛyɛ Israel sodifoɔ,

na nʼase firi teteete.”

3Enti wɔbɛgya Israelfoɔ mu,

kɔsi sɛ ɔbaa a awoɔ aka no no bɛwo

na ne nuanom mmarima nkaeɛ

bɛsane akɔka Israelfoɔ ho.

4Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nnwankuo

Awurade ahoɔden mu,

Awurade ne Onyankopɔn din kɛseyɛ mu.

Na wɔbɛtena asomdwoeɛ mu, na afei

ne kɛseyɛ bɛduru asase awieeɛ.

5Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoeɛ.

Sɛ Asiriafoɔ bɛto hyɛ yɛn so,

na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a,

yɛde nnwanhwɛfoɔ nson,

mpo ntuanofoɔ nwɔtwe bɛhyia wɔn.

6Wɔde akofena bɛdi Asiria asase so,

wɔbɛtwe akofena de adi Nimrod asase so.

Sɛ Asiriafoɔ to hyɛ yɛn so,

bɔ nsra fa yɛn ahyeɛ so a,

ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam.

7Yakob asefoɔ nkaeɛ no

bɛfrafra nnipa bebree mu

te sɛ obosuo a ɛfiri Awurade,

te sɛ osuo a ɛpete gu ɛserɛ so

a ɛnntwɛn ɔdasani,

na ɔdasani biara rentumi nsi ho ɛkwan.

8Wɔbɛkane Yakob asefoɔ nkaeɛ no afra aman no mu,

wɔbɛfrafra nnipa bebree mu

te sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwaeɛ mu,

te sɛ gyata ba a ɔfra nnwankuo mu

a ɔbobɔ wɔn tete wɔn mu

na obiara ntumi nnye wɔn.

9Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfoɔ so nkonim,

na wɔbɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa.

10“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

“Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔ

na mabubu wo nteaseɛnam.

11Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so

na madwiri wo banbɔ denden nyinaa agu.

12Mɛsɛe wʼabayisɛm

na wo ntafowayie to bɛtwa.

13Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wode wo nsa ayɛ

ne aboɔ ahoni a wowɔ no,

na worenkoto nsɔre

wo nsa ano adwuma bio.

14Mɛtutu Asera afɔrebukyia no afiri wo mu

na masɛe wo nkuropɔn.

15Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa,

mede abufuo ne abufuhyeɛ bɛtɔ wɔn so wedeɛ.”