Mateo 17 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 17:1-27

Yesu Anuonyam Hyerɛn

1Nnansia akyi no Yesu faa Petro, Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi a so yɛ dinn atifi. 2Wɔwɔ hɔ no, wohuu sɛ ne nipadua asakra ama nʼanim ahyerɛn sɛ owia, ma nʼatade ayɛ fitafita sɛ nwera. 3Prɛko pɛ, Mose ne Elia bepuee hɔ a na wɔne Yesu rekasa.

4Petro kae se, “Awurade, ɛyɛ nwonwa sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Sɛ wopɛ a, anka mɛbɔ asese abiɛsa na mede baako ama wo, na mede baako ama Mose, na mede baako ama Elia.”

5Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so na nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani. Muntie no!”

6Asuafo no tee nne no, wɔbɔɔ hu ma wɔde wɔn anim butubutuw fam. 7Yesu baa wɔn nkyɛn, besusoo wɔn mu kae se, “Monsɔre! Munnsuro!” 8Wɔmaa wɔn ani so no, wɔanhu obiara sɛ Yesu nko ara.

9Ɛbaa sɛ wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se, “Monnka nea moahu no nkyerɛ obiara kosi sɛ menyan afi awufo mu.”

Elia Ba A Ɛto So Abien Ho Asɛm

10Yesu asuafo no bisaa no se, “Adɛn nti na daa Yudafo mpanyin ka ti mu se, ɛsɛ sɛ Elia san ba ansa na Agyenkwa no aba?”

11Yesu buaa wɔn se, “Nea wɔreka no wɔ mu. Ɛsɛ sɛ Elia di kan ba bɛtoto nneɛma yiye. 12Na nokware ni, Elia aba dedaw na wɔanhu no, na dodow no ara ne no anni no yiye. Na me, Agyenkwa no nso, mehu amane wɔ wɔn nsam saa ara.” 13Afei asuafo no hui sɛ Osuboni Yohane ho asɛm na ɔreka no.

Otwafo Bi Ayaresa

14Bere a osian duu bepɔw no ase no, ohuu sɛ nnipadɔm retwɛn no. Ɔbarima bi bebuu Yesu nkotodwe kae se, 15“Owura, hu me ba bi a otwa mmɔbɔ, efisɛ ɔwɔ ɔhaw kɛse mu. Sɛ otwa no ba a, etumi twa no hwe ogya anaa nsu mu. 16Enti mede no brɛɛ wʼasuafo no sɛ wɔnsa no yare; nanso wɔantumi.”

17Yesu kae se, “Mo nnɛ mma asoɔdenfo a munni gyidi! Me ne mo ntena nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me wɔ ha.” 18Yesu teɛteɛɛ honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma etu fii ne mu ma amono mu hɔ ara ne ho tɔɔ no.

Gyidi Mu Tumi

19Afei asuafo no baa Yesu nkyɛn wɔ kokoa mu bebisaa no se, “Adɛn nti na yɛantumi antu honhommɔne no?”

20Yesu buaa wɔn se, “Efisɛ mo gyidi sua.” Ɔtoaa so se, “Sɛ mowɔ gyidi sɛ onyaa aba17.20 egyina hɔ ma sinapi aba. a esua koraa no a, anka mubetumi aka akyerɛ bepɔw yi se, ‘Tutu kɔ nohɔ!’ na ebetutu akɔ akyirikyiri. 21Na saa honhommɔne a ɛte sɛɛ yi de, ɛrentumi ntu da, gye sɛ monam mpaebɔ ne mmuadadi so.”

Yesu Hyɛ Ne Wu Ho Nkɔm A Ɛto So Abien

22Da bi a Yesu ne nʼasuafo no wɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Wɔrebeyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a 23wɔwɔ tumi no nsa, na wɔakum no na ne nnansa so no, wanyan aba nkwa mu bio.” Asuafo no tee saa asɛm yi no, wɔn werɛ howee, na wɔn koma nso tui.

Yesu Tua Asɔredan Mu Tow

24Bere a wobeduu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu towgyefo baa Petro nkyɛn bebisaa no se, “Enti wo wura tua tow?”

25Petro buaa no se, “Yiw otua.”

Petro fii hɔ no, ɔkɔɔ fie kɔbɔɔ Yesu amanneɛ a ɛfa towtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na obisaa no se, “Na wo Petro, wo nso wudwen ho dɛn? Ahemfo twa tow ma wɔn ara wɔn manfo tua anaasɛ wotwa ma ahɔho a wodi wɔn so no?”

26Petro buaa se, “Wotwa tow no ma ahɔho no.”

Yesu nso buae se, “Petro mo! Ɛno de na ɛnsɛ sɛ ɔman mma no tua tow biara. 27Na mmom, esiane sɛ mempɛ sɛ wɔfa yɛn ho abufuw no nti, kɔ asu no mu kɔto darewa. Apataa a wubeyi no adi kan no, bue nʼanom. Wubehu sika a ɛbɛso me ne wo tow no tua sɛ ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kotua ma wɔn.”

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 17:1-27

Yesu Animuonyam Da Adi

1Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tenten bi a ɛso yɛ dinn atifi. 2Wɔwɔ hɔ no, wɔhunuu sɛ ne onipadua asesa ama nʼanim ahyerɛn sɛ owia, ma nʼatadeɛ ayɛ fitafita sɛ nwera. 3Prɛko pɛ, Mose ne Elia bɛfirii hɔ a wɔne Yesu rekasa.

4Petro kaa sɛ, “Awurade, ɛyɛ nwanwa sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Sɛ wobɛpene so a, anka mɛbɔ asese mmiɛnsa na mede baako ama wo, na mede baako ama Mose, na mede baako ama Elia.”

5Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so ɛnna nne bi firi omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani. Montie no!”

6Asuafoɔ no tee nne no, wɔbɔɔ hu, maa wɔde wɔn anim butubutuu fam. 7Yesu baa wɔn nkyɛn, bɛsosɔɔ wɔn mu kaa sɛ, “Monsɔre! Monnsuro!” 8Wɔpagyaa wɔn ani nso, wɔanhunu obiara sɛ Yesu nko ara.

9Ɛbaa sɛ wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, “Monnka deɛ moahunu no nkyerɛ obiara kɔsi sɛ mɛnyane afiri awufoɔ mu.”

Elia Mmaeɛ A Ɛtɔ So Mmienu Ho Asɛm

10Yesu asuafoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na da biara Yudafoɔ mpanin ka ti mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia sane ba ansa na Agyenkwa no aba?”

11Yesu buaa wɔn sɛ, “Deɛ wɔreka no wom. Ɛsɛ sɛ Elia di ɛkan ba bɛtoto nneɛma yie. 12Na nokorɛ ni, Elia aba dada na wɔanhunu no, na dodoɔ no ara ne no anni no yie. Na me, Agyenkwa no nso, mɛhunu amane wɔ wɔn nsam saa ara.” 13Afei, asuafoɔ no hunuu sɛ, Yohane Osubɔni ho asɛm na ɔreka no.

Otwafoɔ Bi Ayaresa

14Ɛberɛ a ɔsiane duruu bepɔ no ase no, ɔhunuu sɛ nnipadɔm retwɛn no. Ɔbarima bi bɛbuu nkotodwe wɔ Yesu anim kaa sɛ, 15“Owura, hunu me ba bi a ɔtwa mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, ɔwɔ ɔhaw kɛseɛ mu. Sɛ otwa no ba a, ɛtumi twa no hwe ogya anaa nsuo mu. 16Enti, mede no brɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔnsa no yadeɛ; nanso wɔantumi.”

17Yesu kaa sɛ, “Mo asoɔdenfoɔ a monni gyidie! Me ne mo ntena nkɔsi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha.” 18Yesu teateaa honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma ɛtu firii ne mu ma amonom hɔ ara ne ho tɔɔ no.

Gyidie Mu Tumi

19Ɛkaa Yesu ne nʼasuafoɔ no, wɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na yɛantumi antu honhommɔne no?”

20Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛfiri sɛ, mo gyidie sua. Sɛ mowɔ gyidie sɛ onyina aba17.20 ɛgyina hɔ ma sinapi aba. a ɛsua koraa no a, anka mobɛtumi aka akyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔ nohoa!’ na ɛbɛtutu akɔ akyirikyiri. 21Na saa honhommɔne a ɛte sɛɛ yi deɛ, ɛrentumi ntu da, gye sɛ monam mpaeɛbɔ ne mmuada die so.”

Yesu Ka Ne Owuo Ho Asɛm

22Ɛda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ no wɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Wɔrebɛyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a 23wɔwɔ tumi no nsa, na wɔakum no na ne nnansa so no, wanyane aba nkwa mu bio.” Asuafoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn werɛ hoeɛ, na wɔn akoma nso tuiɛ.

Yesu Tua Asɔredan Mu Ɛtoɔ

24Ɛberɛ a wɔbɛduruu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu ɔtogyefoɔ baa Petro nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Enti, wo wura tua ɛtoɔ?”

25Petro buaa no sɛ, “Aane ɔtua.”

Petro firi hɔ no, ɔkɔɔ efie kɔbɔɔ Yesu amaneɛ a ɛfa ɛtoɔtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na ɔbisaa no sɛ, “Na wo Petro, wo nso wodwene ho sɛn? Ahemfo twa ɛtoɔ ma wɔn ara wɔn ɔmanfoɔ tua anaasɛ wɔtwa ma ahɔhoɔ a wɔdi wɔn so no?”

26Petro buaa sɛ, “Wɔtwa ɛtoɔ no ma ahɔhoɔ no.”

Yesu nso buaa sɛ, “Petro mo! Ɛnneɛ na ɛnsɛ sɛ ɔman mma no tua ɛtoɔ biara. 27Na mmom, ɛsiane sɛ mempɛ sɛ wɔfa yɛn ho abufuo no enti, kɔ asuo no mu kɔto darewa. Apataa a wobɛyi no adi ɛkan no, bue nʼanom. Wobɛhunu sika a ɛbɛso me ne wo ɛtoɔ no tua sɛ ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kɔtua ma wɔn.”