Mateo 16 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 16:1-28

Farisifo Ne Sadukifo Pɛ Nsɛnkyerɛnne

1Da koro bi, Farisifo ne Sadukifo baa Yesu nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛɛ wɔ frɛ a ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba no ho. Wɔka kyerɛɛ no se ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi a efi ɔsoro nkyerɛ wɔn.

2Yesu buaa wɔn se, “Munim wim nsakrae ho nkyerɛase. Sɛ owia rekɔtɔ, na wim yɛ kɔkɔɔ a, moka se ɔkyena wim bɛtew. 3Sɛ edu anɔpa na wim yɛ kɔɔ a, moka se wim rentew da mu no nyinaa. Nanso muntumi nkyerɛ mmere mu nsɛnkyerɛnne no ase. 4Saa ɔman nnebɔneyɛfo a wonnye hwee nni yi hwehwɛ sɛ wobehu ɔsoro nsɛnkyerɛnne bi, nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne foforo biara ka anwonwade a woyi kyerɛɛ Yona no ho.” Yesu kaa saa wiee no, ogyaw wɔn hɔ kɔe.

Farisifo Ne Sadukifo Mmɔkaw

5Asuafo no twa kɔɔ asuogya nohɔ no, wɔkae se anka ɛsɛ sɛ wɔfa aduan. 6Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo nyaatwom a ɛte sɛ mmɔkaw no ho.”

7Asuafo no susuw sɛ gyama wonkura aduan biara no nti na Yesu kaa saa.

8Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo a mo gyidi sua! Adɛn na ɛhaw mo sɛ moamfa aduan? 9Enti ebesi nnɛ monte ase ana? Mo werɛ afi brodo anum a mibubuu mu maa nnipa mpem anum no ne ase mporoporowa kɛntɛn a ɛkae no? 10Mo werɛ asan afi brodo ason a mede maa nnipa mpem anan ne nea ɛkae no? 11Adɛn nti na modwene sɛ aduan ho asɛm na mereka akyerɛ mo? Meresan aka bio sɛ, ‘Monhwɛ mo ho yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho.’ ” 12Afei asuafo no tee nea ɔkae no ase sɛ, Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho asɛm a ɔreka akyerɛ no yɛ Farisifo ne Sadukifo nkyerɛkyerɛ bɔne bi no ho asɛm na ɔreka.

Petro Kyerɛ Onipa Ko A Yesu Yɛ

13Bere a Yesu baa Kaesarea Filipi fam no, obisaa nʼasuafo no se “Nnipa ka se Onipa Ba no ne hena?”

14Wobuaa no se, “Ebinom se wone Yohane Osuboni. Ebinom nso se Elia. Afoforo nso se wone Yeremia anaa adiyifo no mu baako.”

15Afei Yesu bisaa wɔn se “Na mo nso, muse mene hena?”

16Simon Petro buaa no se, “Wone Kristo no, Onyankopɔn Teasefo no Ba no!”

17Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nhyira ne wo, Yona ba Simon. Efisɛ ɛnyɛ onipa na oyii eyi kyerɛɛ wo, na mmom ɛyɛ mʼAgya a ɔwɔ ɔsoro no. 18Wone Petro, Ɔbotan, na ɔbotan yi so na mede mʼasafo besi, na tumi a ɛwɔ ɔbonsam gya mu no rentumi mmubu no da. 19Mede Ɔsoro Ahenni no safe bɛma wo, na ɔpon biara a wobɛto mu wɔ asase so no, wɔbɛto mu wɔ ɔsoro; na ɔpon biara a wubebue wɔ asase so no, wobebue wɔ ɔsoro!” 20Afei Yesu bɔɔ nʼasuafo no ano se wɔnnka nkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Agyenkwa no.

Yesu Hyɛ Ne Wu Ne Ne Wusɔre Ho Nkɔm

21Efi saa bere no, Yesu fii ase kyerɛkyerɛɛ ɔkɔ a ɔbɛkɔ Yerusalem, ne amane a obehu wɔ Yudafo mpanyin, asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo ne akyerɛkyerɛfo no nsam na wɔakum no, na nnansa so no wanyan no mu pefee kyerɛɛ nʼasuafo no.

22Petro frɛɛ Yesu kɔɔ nkyɛn na ɔkaa nʼanim se, “Adɛn nti na woka asɛm a ɛte saa! Onyame mpa ngu! Nea woreka yi remma wo so da!”

23Yesu dan ne ho kaa Petro anim se, “Ɔbonsam, fi me so! Woyɛ hintidua kɛse ma me. Wudwen nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn de.”

24Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma nʼasennua so, na onni mʼakyi. 25Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa, na obiara a me nti, ne kra befi ne nsa no, ne nsa bɛsan aka. 26Na sɛ onipa nya wiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Dɛn na onipa betumi de asi ne kra anan mu? 27Na me, Onipa Ba no, mɛba wɔ mʼagya anuonyam mu a mʼabɔfo ka me ho na mabebu obiara nneyɛe ho atɛn.

28“Nokware mise mo sɛ: Mo mu bi renwu kosi sɛ mubehu Onipa Ba no sɛ ɔreba nʼahenni mu.”

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 16:1-28

Farisifoɔ Ne Sadukifoɔ Pɛ Nsɛnkyerɛnneɛ

1Ɛda koro bi, Farisifoɔ ne Sadukifoɔ baa Yesu nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛeɛ wɔ frɛ a ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba no ho. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi a ɛfiri ɔsoro nkyerɛ wɔn.

2Yesu buaa wɔn sɛ, “Monim ewiem nsakraeɛ ho nkyerɛaseɛ. Sɛ owia rekɔtɔ, na ewiem yɛ kɔkɔɔ a, moka sɛ ɔkyena ewiem bɛte. 3Sɛ ɛduru anɔpa na ewiem yɛ kɔkɔɔ a, moka sɛ ewiem rente da mu no nyinaa. Nanso, montumi nkyerɛ mmerɛ mu nsɛnkyerɛnneɛ no ase. 4Saa ɔman nnebɔneyɛfoɔ a wɔnnye hwee nni yi hwehwɛ sɛ wɔbɛhunu ɛsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi, nanso wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ biara ka anwanwadeɛ a wɔyi kyerɛɛ Yona no ho.” Yesu kaa saa wieeɛ no, ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.

Farisifoɔ Ne Sadukifoɔ Mmɔka

5Asuafoɔ no tware kɔɔ asuogya nohoa no, wɔkaee sɛ anka ɛsɛ sɛ wɔfa aduane. 6Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nyaatwom a ɛte sɛ mmɔreka no ho.”

7Asuafoɔ no susuu sɛ gyama wɔnkura aduane biara no enti na Yesu kaa saa.

8Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua! Adɛn na ɛha mo sɛ moamfa aduane? 9Enti, morente aseɛ da? Mo werɛ afiri burodo enum a mebubuu mu maa nnipa mpemnum no ne aseɛ mporoporowa nkɛntɛmma a ɛkaeɛ no? 10Mo werɛ asane afiri burodo nson a mede maa nnipa mpemnan ne deɛ ɛkaeɛ no? 11Adɛn enti na modwene sɛ aduane ho asɛm na mereka akyerɛ mo? Meresane aka bio sɛ, ‘Monhwɛ mo ho yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho.’ ” 12Afei, asuafoɔ no tee deɛ ɔkaeɛ no ase sɛ, Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho asɛm a ɔreka akyerɛ no yɛ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nkyerɛkyerɛ bɔne bi no ho asɛm na ɔreka.

Petro Kyerɛ Onipa Ko A Yesu Yɛ

13Ɛberɛ a Yesu baa Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Nnipa ka sɛ Onipa Ba no ne hwan?”

14Wɔbuaa no sɛ, “Ebinom se wone Yohane Osubɔni. Ebinom nso se Elia. Afoforɔ nso se wone Yeremia anaa adiyifoɔ no mu baako.”

15Afei, Yesu bisaa wɔn sɛ “Na mo nso, mose mene hwan?”

16Simon Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo no, Onyankopɔn Teasefoɔ no Ba no!”

17Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Onyankopɔn ahyira wo, Yona ba Simon. Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ onipa na ɔyii yei kyerɛɛ wo, na mmom, mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no. 18Wone Petro, Ɔbotan, na ɔbotan yi so na mede mʼasafo bɛsie, na tumi a ɛwɔ ɔbonsam gyam no rentumi mmubu no da. 19Mede Ɔsoro Ahennie no nsafoa bɛma wo, na ɛpono biara a wobɛto mu wɔ asase so no, wɔbɛto mu wɔ ɔsoro; na ɛpono biara a wobɛbue wɔ asase so no, wɔbɛbue wɔ ɔsoro!” 20Afei, Yesu bɔɔ nʼasuafoɔ no ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Agyenkwa no.

Yesu Hyɛ Ne Owuo Ne Ne Owusɔreɛ Ho Nkɔm

21Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yesu hyɛɛ aseɛ kaa kɔ a ɔbɛkɔ Yerusalem, ne amaneɛ a ɛbɛto no wɔ hɔ wɔ Yudafoɔ mpanin, asɔfoɔ mpanin ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no nsam na wɔakum no, na nnansa so no wanyane no ho asɛm pefee kyerɛɛ nʼasuafoɔ no.

22Petro frɛɛ Yesu kɔɔ nkyɛn na ɔkaa nʼanim sɛ, “Adɛn enti na woka asɛm a ɛte saa! Onyame mpa ngu! Deɛ woreka yi remma wo so da!”

23Yesu danee ne ho kaa Petro anim sɛ, “Ɔbonsam, firi me so! Woyɛ suntidua kɛseɛ ma me. Wodwene nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn deɛ.”

24Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma nʼasɛnnua so, na ɔnni mʼakyi. 25Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne ɔkra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a me enti, ne ɔkra bɛfiri ne nsa no, ne nsa bɛsane aka. 26Na sɛ onipa nya ewiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne ɔkra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Ɛdeɛn na onipa bɛtumi de asi ne ɔkra ananmu? 27Na me, Onipa Ba no, mɛba wɔ mʼagya animuonyam mu a mʼabɔfoɔ ka me ho na mabɛbu obiara nneyɛeɛ ho atɛn.

28“Nokorɛ mese mo sɛ: Mo mu bi renwu kɔsi sɛ mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba nʼahennie mu.”