Marko 1 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Marko 1:1-45

Osuboni Yohane Asɛnka

1Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no mfiase ni. 2Wɔakyerɛw wɔ Odiyifo Yesaia nhoma no mu se,

“Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan.

Ɔno na obesiesie ɔkwan ama wo.”

3“Obi nne reteɛ mu wɔ sare so,

‘Munsiesie ɔkwan mma Awurade,

mommɔ akwan a ɛteɛ mma no.’ ”

4Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ sare so, ɔkaa adwensakra asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm. 5Nnipa fifi Yerusalem ne Yudea nkurow nyinaa so kohuu Yohane tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. 6Na Yohane hyɛ atade a wɔde yoma nwi na apam a aboa nhoma abɔso nso bɔ mu. Na nʼaduan yɛ mmoadabi ne ɛwo. 7Ɔrekyerɛkyerɛ no, ɔkae se, “Ɛrenkyɛ koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sen me, a ne mpaboa hama mpo, mensɛ sɛ mekotow na masan. 8Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!”

Yesu Asubɔ Ne Ne Sɔhwɛ

9Saa bere no mu na Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu ba maa Yohane bɔɔ no asu wɔ asubɔnten Yordan mu. 10Yesu fii asu no mu sii konkɔn so ara pɛ, ohuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resian sɛ aborɔnoma aba ne so. 11Na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.”

12Ɛhɔ ara, Honhom Kronkron de Yesu kɔɔ sare so. 13Ɔtenaa hɔ adaduanan a na wuram mmoa na ɛka ne ho. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe. Akyiri no, abɔfo ba bɛsom no.

14Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ. 15Ɔkae se, “Bere no awie du! Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene na munnye asɛmpa no nni!”

Yesu Bɔ Asɛmpa No Ho Amanneɛ

16Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau. 17Yesu frɛɛ wɔn se, “Mummedi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifo.” 18Ɛhɔ ara, wogyaw wɔn asau no guu hɔ kodii nʼakyi.

19Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, na ɔbaako nso de Yakobo, sɛ wɔte ɔkorow mu reyɛ wɔn asau ho adwuma. 20Ɔfrɛɛ wɔn nso se wommedi nʼakyi. Ntɛm ara na wogyaw wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafo hɔ wɔ ɔkorow no mu bedii nʼakyi.

Yesu Tu Honhommɔne

21Yesu ne nʼakyidifo yi beduu Kapernaum. Na Homeda duu no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no. 22Nnipa no tee asɛm no maa wɔn ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no. 23Amono mu hɔ ara na ɔbarima bi a ɔwɔ wɔn hyiadan no mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne teɛɛ mu se, 24“Dɛn na wo Nasareni Yesu ne yɛn wɔ yɛ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn ana? Minim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no!”

25Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no se, “Mua wʼano! Fi ne mu kɔ!” 26Honhommɔne no wosow saa ɔbarima no na ɔteɛteɛɛ mu dennen maa ne tu kɔe.

27Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se. “Nkyerɛkyerɛ foforo bɛn ni? Ahonhommɔne mpo tie ne nne!” 28Saa anwonwade a ɔyɛe yi ho nsɛm trɛw faa Galileaman mu nyinaa.

Yesu Sa Nyarewa

29Wofii hyiadan no mu no, wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fi. 30Na Simon asebea da mpa so a atiridii akyere no, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu. 31Yesu kɔɔ faako a ɔda hɔ kosoo ne nsa ma ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara na atiridii no tu fii ne so ma ofii ase twɛn wɔn.

32Eduu anwummere no, nnipa no de ayarefo ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yare. 33Kurow mu no nyinaa bɛboaa wɔn ho ano wɔ ofi no abobow ano, 34na Yesu saa ayarefo bebree yare. Otuu ahonhommɔne bebree nso. Nanso, wamma ahonhommɔne no ankasa, efisɛ, na wonim no.

Yesu Twee Ne Ho Kɔbɔɔ Mpae

35Ahemadakye a na anim ntetewee no, Yesu sɔre fii fie hɔ kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn, kɔbɔɔ mpae wɔ hɔ. 36Simon ne wɔn a wɔka ne ho fii adi kɔhwehwɛɛ no, 37na wohuu no no, wɔteɛɛ mu kae se, “Nnipa bebree rehwehwɛ wo!”

38Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkurow a aka no so, na mekɔka mʼasɛm kyerɛ wɔn, efisɛ, ɛno nti na mebae.” 39Enti, ɔkɔɔ Galileaman mu baabiara kɔkaa asɛmpa no wɔ asɔredan mu, tuu ahonhommɔne bebree nso.

Yesu Sa Ɔkwatani Bi Yare

40Ɔkwatani bi bɛkotow no srɛɛ no sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, wubetumi ama me ho afi.”

41Yesu huu ɔkwatani no mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kae se, “Mepɛ! Wo ho mfi!” 42Amono mu hɔ ara, ne ho fi maa ne ho tɔɔ no!

43Yesu bɔɔ nʼano denneennen se, 44“Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo. Sɛ worekɔ a fa wʼafɔrebɔde a Mose ahyɛ sɛ akwatafo a wɔasa wɔn yare mfa nka wɔn ho nkɔ no ka wo ho kɔ sɛnea ɛbɛma obiara ahu sɛ wo ho atɔ wo.” 45Nanso ɔrekɔ no nyinaa, na ɔde nteɛteɛmu rebɔ nʼayaresa no ho dawuru. Esiane eyi nti sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm betwa ne ho hyia. Ɛno nti na baabiara a ɔbɛkɔ no onnyi ne ho adi. Enti ɔtenaa sare so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn.

Asante Twi Contemporary Bible

Marko 1:1-45

Yohane Osubɔni Asɛnka

1Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no, ahyɛaseɛ nie. 2Wɔatwerɛ wɔ Odiyifoɔ Yesaia nwoma no mu sɛ,

“Mɛsoma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim ɛkan.

Ɔno na ɔbɛsiesie ɛkwan ama wo.”

3“Nne bi reteam firi ɛserɛ so sɛ,

‘Monsiesie ɛkwan mma Awurade,

mommɔ akwan a ɛtene mma no.’ ”

4Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm. 5Nnipa fifiri Yerusalem ne Yudea nkuro so kɔhunuu Yohane, tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. 6Na Yohane hyɛ atadeɛ a wɔde yoma nhoma na apam a aboa nhoma abɔsoɔ nso bɔ mu. Na nʼaduane yɛ ntutummɛ ne ɛwoɔ. 7Ne nkyerɛkyerɛ no mu, ɔkaa sɛ, “Ɛrenkyɛre koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sene me a, ne mpaboa ahoma mpo, mensɛ sɛ mekoto mesane. 8Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!”

Yesu Asubɔ Ne Ne Sɔhwɛ

9Ɛda bi, Yesu firii Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu ba maa Yohane bɔɔ no asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. 10Yesu firi nsuo no mu sii konkɔn so ara pɛ, ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resiane sɛ aborɔnoma aba ne so. Saa ɛberɛ no ara mu, 11ɛnne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.”

12Ɛhɔ ara, Honhom Kronkron de Yesu kɔɔ ɛserɛ so. 13Ɔtenaa hɔ adaduanan a na obiara nka ne ho ka wiram mmoa nko ara. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛeɛ. Akyire yi, abɔfoɔ ba bɛsom no.

14Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ. 15Ɔkaa sɛ, “Ɛberɛ no awie du! Onyankopɔn Ahennie no abɛn. Monnu mo ho na monnye asɛmpa no nni!”

Asuafoɔ A Wɔdi Ɛkan No Frɛ

16Ɛda bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau. 17Yesu frɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifoɔ.” 18Ɛhɔ ara, wɔgyaa wɔn asau no guu hɔ bɛdii nʼakyi.

19Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, ɛnna ɔbaako nso Yakobo, sɛ wɔte kodoɔ mu reyɛ wɔn asau ho adwuma. 20Ɔfrɛɛ wɔn nso sɛ wɔmmɛdi nʼakyi. Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafoɔ hɔ wɔ kodoɔ no mu bɛdii nʼakyi.

Yesu Tu Honhommɔne

21Yesu ne nʼakyidifoɔ yi bɛduruu Kapernaum. Na Homeda duruiɛ no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no. 22Nnipa no tee asɛm no no, wɔn ho dwirii wɔn, ɛfiri sɛ, ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no. 23Amonom hɔ ara, ɔbarima bi a ɔwɔ wɔn hyiadan no mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne teaam mu sɛ, 24“Ɛdeɛn na wo Nasareni Yesu ne yɛn wɔ yɛ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no!”

25Yesu teateaa honhommɔne no sɛ, “Mua wʼano! Firi ne mu kɔ!” 26Honhommɔne no wosoo saa ɔbarima no, ma ɔteateaam den na ɛtu kɔeɛ.

27Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn, ma wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ. “Nkyerɛkyerɛ foforɔ bɛn ni? Ahonhommɔne mpo tie ne nne!” 28Saa anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ yi ho nsɛm trɛ faa Galileaman mu nyinaa.

Yesu Sa Nyarewa

29Wɔfirii hyiadan no mu no, wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea efie. 30Na Simon ase baa ɛda mpa so a huraeɛ akyere no, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu. 31Yesu kɔɔ baabi a ɔda hɔ, kɔsɔɔ ne nsa, ma ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara, huraeɛ no tu firii ne so. Ɔsɔre noaa aduane maa wɔn.

32Ɛduruu anwummerɛ no, nnipa no de ayarefoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yadeɛ. 33Kuro mu no nyinaa bɛboaa wɔn ho ano wɔ efie no aboboano, 34na Yesu saa ayarefoɔ bebree yadeɛ. Ɔtuu ahonhommɔne bebree nso. Nanso, wamma ahonhommɔne no ankasa, ɛfiri sɛ, na wɔnim no.

Yesu Twee Ne Ho Kɔbɔɔ Mpaeɛ

35Ahemadakye a na ɛnim nteteeɛ no, Yesu sɔre firii efie hɔ kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn, kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ. 36Simon ne wɔn a wɔka ne ho firii adi kɔhwehwɛɛ no, 37na wɔhunuu no no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnipa bebree rehwehwɛ wo.”

38Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkuro a aka no so, na mekɔka mʼasɛm kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ, ɛno enti na mebaeɛ.” 39Enti, ɔkɔɔ Galileaman mu baabiara kɔkaa asɛmpa no wɔ asɔredan mu, tuu ahonhommɔne bebree nso.

Yesu Sa Ɔkwatani Bi Yadeɛ

40Ɔkwatani bi bɛkotoo no srɛɛ no sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, wobɛtumi ama me ho ate.”

41Yesu hunuu ɔkwatani no mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kaa sɛ, “Mepɛ! Wo ho mfi!” 42Amonom hɔ ara, ne ho teeɛ, maa ne ho tɔɔ no!

43Yesu bɔɔ nʼano dendeenden sɛ, 44“Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ. Sɛ worekɔ a, fa wʼafɔrebɔdeɛ a Mose ahyɛ sɛ akwatafoɔ a wɔasa wɔn yadeɛ mfa nka wɔn ho nkɔ no ka wo ho kɔ, sɛdeɛ ɛbɛma obiara ahunu sɛ wo ho atɔ wo bio.” 45Nanso, ɔrekorɔ no nyinaa, na ɔde nteateamu rebɔ nʼayaresa no ho dawuro. Esiane yei enti, sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm bɛtwa ne ho hyia. Ɛno enti, afei baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔnnyi ne ho adi. Enti, ɔtenaa ɛserɛ so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn wɔ hɔ.