Luka 18 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 18:1-43

Mpaebɔ Ho Bɛ

1Da bi, Yesu nam mmebu so kyerɛɛ nʼasuafo no hia a ehia sɛ wɔbɔ mpae daa a wɔmpa abaw. 2Yesu kae se, “Otemmufo bi tenaa kurow bi mu a na onsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara. 3Na ɔbea kunafo bi te saa kurow no mu a ɔne obi wɔ asɛm. Daa na saa okunafo yi kɔ otemmufo no nkyɛn kɔsrɛ no se onni nʼasɛm no mma no.

4“Mfiase no, otemmufo no ammua no. Nanso akyiri no ɔkae se, ‘Ɛwɔ mu sɛ minsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara de, 5nanso esiane sɛ daa ɔbea yi haw me nti, mɛhwɛ adi asɛm no yiye ama no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremmɛhaw me bio!’ ”

6Awurade toaa so se, “Moate asɛm a otemmufo yi a ɔnteɛ no kae. 7Munnnye nni sɛ Onyankopɔn bedi ama ne mma a daa wosu frɛ no awia ne anadwo no? Anaa ɔbɛtwentwɛn ne nan ase anaa? 8Merema moate ase sɛ ɔbɛyɛ wɔn apɛde ama wɔn ntɛm. Sɛ Onipa Ba no san ba a, nnipa dodow ahe na obehu sɛ wɔwɔ ne mu gyidi?”

Farisini Ne Towgyeni

9Yesu san buu bɛ bi faa nnipa a wobu wɔn ho sɛ atreneefo na ɛno nti wobu afoforo animtiaa no ho se, 10“Da bi nnipa baanu bi kɔɔ asɔredan mu kɔbɔɔ mpae. Na wɔn mu baako yɛ Farisini a obu ne ho, na ɔbaako no nso yɛ towgyeni. 11Farisini yi kogyinaa faako a obiara behu no bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a wɔaka no; apoobɔfo nkontompofo, aguamammɔfo ne saa towgyeni a ogyina hɔ yi. 12Nnaawɔtwe biara midi mmuada mprenu na nea minya biara nso, miyi mu nkyemu du mu baako de ma.’

13“Saa bere no na towgyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛni mmɔbɔ!’

14“Mereka akyerɛ mo se, nea towgyeni no yɛe no sɔɔ Onyankopɔn ani sen nea Farisini no yɛe no. Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”

Yesu Hyira Mmofra Nketewa

15Da bi, awofo bi de wɔn mma nketewa brɛɛ Yesu se ɔmfa ne nsa nka wɔn nhyira wɔn. Asuafo no huu awofo no, wɔkaa wɔn anim. 16Yesu frɛɛ mmofra no awofo no baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Momma mmofra nketewa no mmra me nkyɛn na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni no yɛ wɔn dea. 17Mereka akyerɛ mo se obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahenni no sɛ abofra no, ɔrentumi nhyɛn mu.”

Adefo Ne Ɔsoro Ahenni

18Da bi, Yudani sikani bi bisaa Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?”

19Yesu buaa no se, “Adɛn nti na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. 20Wunim Mose mmara no: ‘Mmɔ aguaman! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di wʼagya ne wo na ni!’ ”

21Osikani yi ka kyerɛɛ Yesu se, “Madi saa mmara yi nyinaa so fi me mmofraase.”

22Yesu tee nea osikani no kae no, ɔka kyerɛɛ no se, “Ade baako pɛ na aka wo a ɛsɛ sɛ woyɛ. Kɔ na kɔtɔn wʼahode nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafo na wubenya agyapade wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu, na afei bra bedi mʼakyi.”

23Osikani yi tee saa asɛm yi no, anyɛ no dɛ koraa efisɛ na ɔwɔ ahode pii. 24Yesu huu sɛ ne werɛ ahow no, ɔkae se, “Ɛyɛ den ma ahonyafo sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni no mu! 25Mereka akyerɛ mo se, ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bewura pane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.”

26Na wɔn a wɔtee nea Yesu kae no bisae se, “Ɛno de, na hena na wobegye no nkwa?”

27Yesu buae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”

28Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Yagyaw nea yɛwɔ nyinaa hɔ abedi wʼakyi.”

29Yesu buaa Petro se, “Merema mo ate ase sɛ, obiara nni hɔ a, esiane Onyankopɔn ahenni no nti, wagyaw ne fi anaa ne nuanom anaa nʼawofo anaa ne mma 30na ɔrennya mma ɛmmoro nea wahwere no so saa bere yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a enni awiei.”

Yesu Hyɛ Ne Wu Ho Nkɔm A Ɛto So Abiɛsa

31Yesu frɛɛ asuafo dumien no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛrekɔ Yerusalem, na biribiara a adiyifo no aka afa Onipa Ba no ho no bɛba mu. 32Wobeyi no ama amanamanmufo ama wɔadi ne ho fɛw, na wɔabɔ no adapaa, ate ntasu agu ne so, 33aka no mpire, akum no na ne nnansa so no, wasɔre.”

34Asuafo no ante nea Yesu kaa no biara ase, efisɛ na asɛm no boro wɔn adwene so.

Onifuraefo Bi Ayaresa

35Yesu ne nʼasuafo no rebɛn Yeriko no, wohuu onifuraefo bi a ɔte kwankyɛn resrɛsrɛ ade. 36Onifuraefo no tee sɛ nkurɔfokuw bi retwa mu no, obisaa asɛm a asi. 37Wɔka kyerɛɛ no se, “Yesu Nasareni no na ɔretwam!”

38Ɔtee saa no, ɔteɛteɛɛ mu se, “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”

39Wɔn a wodi anim no teɛteɛɛ no se ommua nʼano, nanso wantie, na ɔkɔɔ so teɛteɛɛ mu denneennen se, “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”

40Yesu duu faako a onifuraefo no te no, ɔma wɔde no brɛɛ no. Wɔde no duu Yesu nkyɛn no, obisaa no se, 41“Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?”

Onifuraefo no buae se, “Awurade, ma minhu ade.”

42Yesu ka kyerɛɛ no se, “Hu ade, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den.” 43Amono mu hɔ ara, onifuraefo yi huu ade, na odii Yesu akyi yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wohuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ.

Asante Twi Contemporary Bible

Luka 18:1-43

Mpaeɛbɔ Ho Ɛbɛ

1Ɛda bi Yesu nam abɛbuo so kyerɛɛ nʼasuafoɔ no hia a ɛhia sɛ wɔbɔ mpaeɛ daa a wɔmpa aba. 2Yesu kaa sɛ, “Ɔtemmufoɔ bi tenaa kuro bi mu a na ɔnsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara. 3Na ɔbaa kunafoɔ bi te saa kuro yi mu, a ɔne obi wɔ asɛm. Daa na saa okunafoɔ yi kɔ ɔtemmufoɔ no nkyɛn kɔsrɛ no sɛ ɔnni nʼasɛm no mma no.

4“Mfitiaseɛ no, ɔtemmufoɔ no ammua no. Nanso, akyire no ɔkaa sɛ, ‘Ɛwom sɛ mensuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara deɛ, 5nanso ɛsiane sɛ daa ɔbaa yi ha me enti, mɛhwɛ adi asɛm no yie ama no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔremmɛha me bio!’ ”

6Awurade toaa so sɛ, “Moate asɛm a ɔtemmufoɔ yi a ɔntene no kaeɛ. 7Monnnye nni sɛ Onyankopɔn bɛdi ama ne mma a daa wɔsu frɛ no awia ne anadwo no no anaa ɔbɛtwentwɛn ne nan ase? 8Merema moate aseɛ sɛ, ɔbɛyɛ wɔn apɛdeɛ ama wɔn ntɛm. Sɛ Onipa Ba no sane ba a, nnipa dodoɔ ahe na ɔbɛhunu sɛ wɔwɔ ne mu gyidie?”

Farisini Ne Ɔtogyeni No

9Yesu sane buu ɛbɛ bi faa nnipa a wɔbu wɔn ho sɛ ateneneefoɔ na ɛno enti wɔbu afoforɔ animtia no ho sɛ, 10“Ɛda bi nnipa baanu bi kɔɔ asɔredan mu kɔbɔɔ mpaeɛ. Na wɔn mu baako yɛ Farisini a ɔbu ne ho, na ɔbaako no nso yɛ ɔtogyeni. 11Farisini yi kɔgyinaa baabi a obiara bɛhunu no bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no te sɛ apoobɔfoɔ nkontompofoɔ, adwamanfoɔ ne saa ɔtogyeni a ɔgyina hɔ yi. 12Nnawɔtwe biara mu, medi mmuada mprenu na deɛ menya biara nso, meyi mu nkyɛmu edu mu baako de ma.’

13“Saa ɛberɛ no na ɔtogyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, hunu me ɔdebɔneyɛfoɔ mmɔbɔ!’

14“Mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ ɔtogyeni no yɛeɛ no sɔɔ Onyankopɔn ani sene deɛ Farisini no yɛeɛ no. Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”

Yesu Hyira Mmɔfra Nketewa

15Ɛda bi, awofoɔ bi de wɔn mma nketewa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn, nhyira wɔn. Asuafoɔ no hunuu awofoɔ no, wɔkaa wɔn anim. 16Yesu frɛɛ mmɔfra no awofoɔ no baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma mmɔfra nketewa no mmra me nkyɛn na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Onyankopɔn Ahennie no yɛ wɔn dea. 17Mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahennie no sɛ abɔfra no, ɔrentumi nhyɛne mu.”

Osikani Bi

18Ɛda bi Yudani sikani bi bisaa Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?”

19Yesu buaa no sɛ, “Adɛn enti na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ papa, gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. 20Wonim Mose mmara no: ‘Mmɔ adwaman! Nni awu! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Di wʼagya ne wo maame ni!’ ”

21Osikani yi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Madi saa mmara yi nyinaa so firi me mmɔfraase.”

22Yesu tee deɛ osikani no kaeɛ no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ baako pɛ na aka wo a ɛsɛ sɛ woyɛ. Kɔ na kɔtɔn wʼahodeɛ nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafoɔ na wobɛnya agyapadeɛ wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu, na afei, bra bɛdi mʼakyi.”

23Osikani yi tee saa asɛm yi no, anyɛ no dɛ koraa ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahodeɛ pii. 24Yesu hunuu sɛ ne werɛ ahoɔ no, ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ den ma ahonyafoɔ sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu! 25Mereka akyerɛ mo sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛwura paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔhonyafoɔ bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.”

26Na wɔn a wɔtee deɛ Yesu kaeɛ no bisaa sɛ, “Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛgye no nkwa?”

27Yesu buaa sɛ, “Biribiara nni hɔ a Onyankopɔn ntumi nyɛ.”

28Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Yɛagya deɛ yɛwɔ nyinaa hɔ abɛdi wʼakyi.”

29Yesu buaa Petro sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, obiara nni hɔ a, ɛsiane Onyankopɔn Ahennie no enti, wagya ne fie anaa ne nuanom anaa nʼawofoɔ anaa ne mma 30na ɔrennya mma ɛmmoro deɛ wahwere no so saa ɛberɛ yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a ɛnni awieeɛ.”

Yesu Sane Hyɛ Ne Wuo Ho Nkɔm

31Yesu frɛɛ asuafoɔ dumienu no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛrekɔ Yerusalem, na biribiara a nkɔmhyɛfoɔ no aka afa Onipa Ba no ho no bɛba mu. 32Wɔbɛyi no ama amanamanmufoɔ ama wɔadi ne ho fɛw, na wɔabɔ no adapaa, ate ntasuo agu ne so, 33aka no mpire, akum no na ne nnansa so no, wasɔre.”

34Asuafoɔ no ante deɛ Yesu kaaeɛ no biara ase, ɛfiri sɛ, na asɛm no boro wɔn adwene so.

Onifirani Bi Ayaresa

35Yesu ne nʼasuafoɔ no rebɛn Yeriko no, wɔhunuu onifirani bi a ɔte kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ. 36Onifirani no tee sɛ nkurɔfokuo bi retwam no, ɔbisaa asɛm a asi. 37Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yesu Nasareni no na ɔretwam!”

38Ɔtee saa no, ɔteateam sɛ, “Yesu, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ!”

39Wɔn a wɔdi anim no trantram no sɛ ɔmmua nʼano, nanso wantie, na ɔkɔɔ so teateaam dendeenden sɛ, “Yesu Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ!”

40Yesu duruu baabi a onifirani no te no, ɔmaa wɔde no brɛɛ no. Wɔde no duruu Yesu nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, 41“Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?”

Onifirani no buaa sɛ, “Awurade, ma menhunu adeɛ.”

42Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hunu adeɛ, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den.” 43Amonom hɔ ara, onifirani yi hunuu adeɛ, na ɔdii Yesu akyi, yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wɔhunuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ.