Luka 17 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Luka 17:1-37

Bɔne, Gyidi Ne Asɛde

1Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɛyɛ dɛn ara a hintinnua no bɛba, nanso obiara a ebi bɛfa ne so aba no nnue. 2Eye ma saa onipa no sɛ wɔde ɔbo a mu yɛ duru bi bɛsen ne kɔn mu atow no akyene po mu sen sɛ ɔbɛto nkumaa yi mu baako hintidua. 3Enti monhwɛ mo ho so yiye.

“Sɛ wo nua fom wo a, ka nʼanim na sɛ onu ne ho a, fa ne bɔne kyɛ no. 4Sɛ nso ɔfom wo mpɛn ason da koro na mpɛn dodow a ɔfom wo no nyinaa, ɔde ahonu srɛ wo a fa kyɛ no.”

5Asomafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, to yɛn gyidi so.”

6Yesu buaa wɔn se, “Sɛ mowɔ gyidi te sɛ onyaa aba a, anka mubetumi aka akyerɛ ankye yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ɛbɛba mu saa.

7“Mo mu hena na ɔwɔ ɔsomfo a ɔyɛ nʼafuw mu adwuma anaasɛ ɔhwɛ ne mmoa na ofi afum ba a, ɔbɛka akyerɛ no se, ‘Wʼaduan si hɔ na kodidi?’ 8Na mmom ɔrenka nkyerɛ no se, ‘Noa aduan ma me na sɛ mididi wie a, wo nso woakodidi?’ 9Sɛ ɔsomfo yi yɛ nʼasɛde yi a ne wura no bɛda no ase ana? 10Saa ara nso na sɛ mo nso moyɛ mo asɛde a, ɛsɛ sɛ moka se, ‘Yɛyɛ asomfo a ayeyi mfata yɛn; yɛn asɛde a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛayɛ no.’ ”

Akwatafo Du No Ayaresa

11Bere bi a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hye so. 12Ɔrebɛn akuraa bi ase no, akwatafo du bi a na wogyinagyina kurotia no huu no 13teɛteɛɛ mu se, “Yesu, yɛn wura, hu yɛn mmɔbɔ!”

14Yesu huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfo!” Bere a akwatafo no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.

15Wɔn mu baako huu sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsan nʼakyi de ahurusi yii Onyankopɔn ayɛ se, “Anuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!” 16Ɔbɛkotow Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samariani.

17Yesu bisae se, “Ɛnyɛ nnipa du na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no wɔ he? 18Adɛn nti na ɔmamfrani yi nko na wasan aba sɛ ɔrebeyi Onyankopɔn ayɛ?” 19Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɔre kɔ, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den.”

20Da bi Farisifo bi bisaa Yesu se, “Bere bɛn na Onyankopɔn ahenni no bɛba?” Yesu buaa wɔn se, “Onyankopɔn ahenni no nnam nsɛnkyerɛnne bi a mubehu so na ɛbɛba, 21obi rentumi nkyerɛ mo sɛ, ‘Ɛwɔ ha anaa hɔ!’ Efisɛ Onyankopɔn ahenni no te mo mu.”

22Na ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mmere bi bɛba a mo ani begyina sɛ mubehu me bere tiaa bi wɔ mo nkyɛn, nanso morenhu me. 23Sɛ nnipa ka kyerɛ mo se Onipa Ba no wɔ ha anaa baabi foforo a, munnni wɔn akyi. 24Sɛnea anyinam pa gya wɔ wim ma nnipa nyinaa hu no, saa ara nso na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ. 25Nanso ansa na eyinom nyinaa bɛba mu no, ɛsɛ sɛ mihu amane na me nkurɔfo nso po me.

26“Sɛnea Noa bere so nnipa yɛɛ asoɔden no, saa ara nso na sɛ meba a ɛbɛyɛ ne no. 27Saa bere no, nnipa didi nomee, wareware kosii sɛ Noa kɔhyɛɛ hyɛn no mu na nsuyiri bɛfaa saa nnipa no nyinaa.

28“Saa ara nso na Lot bere so no, na ɛte. Nnipa didi nomee, dii gua, yɛɛ mfuw, sisii adan, 29kosii sɛ Lot fii Sodom, na ogya ne sufre fii soro bɛhyew saa nnipa no nyinaa.

30“Saa ara nso na da a mɛsan aba no bɛyɛ. 31Saa da no, ɛnsɛ sɛ obiara a ɔwɔ adwuma mu, afuw mu anaa gua so san nʼakyi ba fie sɛ ɔrebɛsesa nʼahode. 32Monkae asɛm a ɛtoo Lot yere. 33Obiara a ɔdɔ ne kra no, ebefi ne nsa. Na nea ɔbɛhwere ne kra no benya. 34Da no, wɔbɛfa nnipa baanu a wɔda faako no mu baako agyaw ɔbaako. 35Saa ara nso na wɔbɛfa mmea baanu a wɔrenoa aduan no mu baako agyaw ɔbaako. 36Mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afuw mu no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako.”

37Asuafo no bisaa Yesu se, “Awurade, ɛhe na wɔde wɔn bɛkɔ?”

Yesu buaa wɔn se, “Baabi a funu wɔ no, apete mpa hɔ!”

Asante Twi Contemporary Bible

Luka 17:1-37

Bɔne, Gyidie Ne Asɛdeɛ

1Ɛda bi Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ dɛn ara a sɔhwɛ a ɛde onipa kɔ bɔne mu no bɛba, nanso onipa a ɛnam ne so bɛba no, ɔnnue. 2Ɛyɛ ma saa onipa no sɛ wɔde ɛboɔ a emu yɛ duru bi bɛsɛn ne kɔn mu ato no atwene ɛpo mu sene sɛ ɔbɛto nkumaa yi mu baako suntidua ama wayɛ bɔne. 3Enti, monhwɛ mo ho so yie.

“Sɛ wo nua fom wo a, ka nʼanim na sɛ ɔnu ne ho a, fa ne bɔne kyɛ no. 4Sɛ nso ɔfom wo mprɛnson da koro na mpɛn dodoɔ a ɔfom wo no nyinaa, ɔde ahonu srɛ wo a, fa kyɛ no.”

5Ɛda bi, asomafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, hyɛ yɛn gyidie mu den.”

6Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ mowɔ gyidie te sɛ onyina aba a, anka mobɛtumi aka akyerɛ akyee yi sɛ, ‘Tutu kɔgu ɛpo mu,’ na ɛbɛba mu saa.

7“Mo mu hwan na ɔwɔ ɔsomfoɔ a ɔyɛ nʼafuom adwuma anaasɛ ɔhwɛ ne mmoa na ɔfiri afuom ba a, ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Wʼaduane si hɔ na kɔdidi?’ 8Na mmom ɔrenka nkyerɛ no sɛ, ‘Noa aduane ma me na sɛ modidi wie a, wo nso woakɔdidi?’ 9Sɛ ɔsomfoɔ yi yɛ nʼasɛdeɛ yi a, ne wura no bɛda no ase anaa? 10Saa ara nso na sɛ mo nso moyɛ mo asɛdeɛ a, ɛsɛ sɛ moka sɛ, ‘Yɛyɛ asomfoɔ a ayɛyie mfata yɛn, yɛn asɛdeɛ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛayɛ no.’ ”

Akwatafoɔ Edu No Ayaresa

11Ɛberɛ bi a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hyeɛ so. 12Ɔrebɛn akuraa bi ase no, akwatafoɔ edu bi a na wɔgyinagyina kurotia no hunuu no 13teateaam sɛ, “Yesu, yɛn wura, hunu yɛn mmɔbɔ.”

14Yesu hunuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfoɔ!” Ɛberɛ a akwatafoɔ no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.

15Wɔn mu baako hunuu sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsanee nʼakyi de ahurisie yii Onyankopɔn ayɛ sɛ, “Animuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!” 16Ɔbɛkotoo Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samariani.

17Yesu bisaa sɛ, “Ɛnyɛ nnipa edu na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no wɔ he? 18Adɛn enti na ɔmamfrani yi nko na wasane aba sɛ ɔrebɛyi Onyankopɔn ayɛ?” 19Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre kɔ, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den.”

20Ɛda bi Farisifoɔ bi bisaa Yesu sɛ, “Ɛberɛ bɛn na Onyankopɔn Ahennie no bɛba?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Onyankopɔn Ahennie no nnam nsɛnkyerɛnneɛ bi a mobɛhunu so na ɛbɛba, 21na obi rentumi nkyerɛ mo sɛ, ‘Ɛwɔ ha anaa ɛhɔ!’ Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ahennie no te mo mu.”

22Na ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mmerɛ bi bɛba a mo ani bɛgyina sɛ mobɛhunu Onipa Ba no wɔ mo nkyɛn, nanso morenhunu no. 23Sɛ nnipa ka kyerɛ mo sɛ mewɔ ha anaa baabi foforɔ a, monnni wɔn akyi. 24Sɛdeɛ anyinam pa ogya wɔ ewiem ma nnipa nyinaa hunu no, saa ara nso na Onipa Ba no ba a ɔbɛsane aba no bɛyɛ. 25Nanso, ansa na yeinom nyinaa bɛba mu no, ɛsɛ sɛ mehunu amane na me nkurɔfoɔ nso po me.

26“Sɛdeɛ Noa ɛberɛ so nnipa yɛɛ asoɔden no, saa ara nso na sɛ Onipa Ba no ba a, ɛbɛyɛ no no. 27Saa ɛberɛ no, nnipa didi nomee, warewaree kɔsii sɛ Noa kɔhyɛɛ ɛhyɛn no mu na nsuyire bɛfaa saa nnipa no nyinaa.

28“Saa ara nso na Lot berɛ so no, na ɛte. Nnipa didi nomee, dii dwa, yɛɛ mfuo, sisii adan, 29kɔsii sɛ Lot firii Sodom na ogya ne sɔfe firi ɔsoro bɛhyee saa nnipa no nyinaa.

30“Saa ara nso na da a Onipa Ba no bɛsane aba no, ɛbɛyɛ. 31Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ obiara a ɔwɔ adwuma mu, afuo mu anaa edwa so sane nʼakyi ba efie sɛ ɔrebɛsesa nʼahodeɛ. 32Monkae asɛm a ɛtoo Lot yere. 33Obiara a ɔdɔ ne ɔkra no, ɛbɛfiri ne nsa. Na deɛ ɔbɛhwere ne ɔkra no, bɛnya. 34Ɛda no, wɔbɛfa nnipa baanu a wɔda faako no mu baako agya ɔbaako. 35Saa ara nso na wɔbɛfa mmaa baanu a wɔrenoa aduane no mu baako agya ɔbaako. 36Mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afuom no nso, wɔbɛfa ɔbaako agya ɔbaako.”

37Asuafoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Awurade, ɛhe na wɔde wɔn bɛkɔ?”

Yesu buaa wɔn sɛ, “Baabi a efunu wɔ no, apete mpa hɔ!”