4 Mose 31 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 31:1-54

Midianfo So Aweretɔ

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Esiane sɛ Midianfo daadaa mo de mo kɔɔ abosonsom mu no nti, tɔ so were ma Israelfo no. Eyi akyi no wubewu na woakɔ wʼagyanom nkyɛn.”

3Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo so se, “Munyi mo mmarima no mu bi na wɔnkɔ Awurade aweretɔ sa a ɔde tia Midianfo no. 4Momfa Israel abusua biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.” 5Wɔyɛɛ saa nyaa mmarima mpem dumien siesie wɔn maa ɔko no; Israel abusuakuw biara maa mmarima apem. 6Afei Mose ma wɔkɔe, nnipa apem baako a wofi abusuakuw biara mu. Ɔsɔfo Eleasar babarima Pinehas na odii wɔn anim kɔɔ ɔko no. Wɔrekɔ no, wɔde akronkronne a ɛwɔ kronkronbea hɔ ne ntorobɛnto a wɔbɛhyɛn de ama asraafo no nsɛnkyerɛnne kɔe.

7Wɔne Midiafo no koe, na sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no wokum Midian mmarima no nyinaa. 8Wɔn a wokum wɔn no bi ne Midian ahemfo baanum a wɔn din de Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Beor babarima Balaam nso, wɔde afoa kum no. 9Afei, Israel asraafo no kyekyeree Midian mmea ne mmofra nyinaa ne wɔn anantwi ne wɔn nguan fom nneɛma pii kaa ho sɛ asade. 10Wɔtoo Midian no atenae, nkurow ne nkuraa nyinaa mu gya, hyew no pasaa. 11Wɔfaa asade ne afowde a nnipa no ne mmoa ka ho. 12Wɔde nnommum no ne ɔko no mu nneɛma a wonyae no nyinaa brɛɛ Mose, ɔsɔfo Eleasar ne Israelfo a na wɔabɔ wɔn atenase wɔ Moab tataw so baabi a na ɛbɛn Asubɔnten Yordan a wotwa fi Yeriko baa hɔ no.

13Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano no fii atenae hɔ kohyiaa nkonimdifo no kwan. 14Nanso Mose bo fuw mpanyimfo a wotuatua nsraadɔm apem ne ɔha no ano a wofi ɔsa no bae no.

15Obisaa wɔn se, “So moankunkum mmea no? 16Wɔn ne nnipa no a wotie Balaam nti wɔtwetwee Israelfo na amma wɔanni Awurade nokware kɔsom abosom wɔ bepɔw Peor so a enti ɛmaa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bebree baa Awurade nkurɔfo so no. 17Munkunkum mmarimaa no nyinaa. Na munkunkum mmea a wɔne mmarima adeda no nyinaa. 18Mmeawa nketewa a wɔne mmarima nnae no na munnyaa wɔn na mo ne wɔn ntena.

19“Ɛsɛ sɛ obiara a wakum obi, anaa ɔde ne nsa kaa nea wɔakum no no, fi atenae ha nkɔtena baabi nnanson. Munnwira mo ho ne mo nnommum no nnansa ne ne nnanson so. 20Munnwira mo ntade ne biribiara a wɔde aboa nhoma, abirekyi nwi anaa dua ayɛ.”

21Afei, ɔsɔfo Eleasar ka kyerɛɛ mmarima a wɔkɔɔ ɔko no se, “Eyi ne mmara a Awurade ahyɛ a waka akyerɛ Mose: 22Sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dade, sanyaa, sumpii 23ne biribiara a etumi etumi gyina ogya ano no ɛsɛ sɛ wɔde fa ogya mu sɛnea ɛho bɛtew. Eyi akyi, ɛsɛ sɛ wɔde ahodwira nsu dwira ho ma ɛtew ho. Nanso, biribiara a ɛrentumi nnyina ogya ano no de, wɔmfa nsu nnwira ho. 24Nnanson so no, ɛsɛ sɛ mohoro mo ntade na mo ho afi. Afei mubetumi asan aba atenae hɔ.”

Wɔkyɛ Asade

25Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 26“Ɛsɛ sɛ wo ne ɔsɔfo Eleasar ne mmusua no mpanyimfo nyinaa kan asade a nnipa ne mmoa a mofaa wɔ ɔko no mu no. 27Monkyɛ asade no mu abien pɛpɛɛpɛ mfa fa mma asraafo a wɔkɔɔ ɔko no na momfa fa a aka no mma nnipa a wɔaka no. 28Asraafo a wɔkoo no kyɛfa mu no, munyi ahannum biara so baako; sɛ ɛyɛ nnipa, anantwi, mfurum anaa nguan na momfa nsom Awurade. 29Fa saa kyɛfa yi ma ɔsɔfo Eleasar na onhim no afɔremuka no anim mfa mma Awurade. 30Afei Israelfo a wɔaka no kyɛfa no, munyi aduonum biara mu baako; sɛ ɛyɛ nnipa, anantwi, mfurum, nguanten anaa mmoa foforo biara no, momfa mma Lewifo a wɔhwɛ Awurade Ahyiae Ntamadan no so no.” 31Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar yɛɛ nea Awurade hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.

32Asade a ɛkae a akofo no fae no dodow yɛ nguan mpem ahansia ne aduɔson anum (675,000); 33anantwi mpem aduɔson abien (72,000); 34mfurum mpem aduosia baako (61,000); 35ne mmeawa mpem aduasa abien (32,000).

36Nneɛma no fa a wɔde maa asraafo no dodow ni:

Nguan mpem ahaasa aduasa ason ne ahannum (337,500) 37a wɔde mu ahansia aduɔson anum (675) som Awurade;

38Anantwi mpem aduasa asia (36,000) a wɔde mu aduɔson abien (72) som Awurade;

39mfurum mpem aduasa ne ahannum (30,500) a wɔde emu aduosia baako (61) som Awurade;

40mmeawa mpem dunsia (16,000); wɔde wɔn mu aduasa abien (32) som Awurade.

41Kyɛfa a wɔde Awurade no nyinaa no wɔde maa ɔsɔfo Eleasar sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.

42Asade no a Israelfo no nyaa no na edidi so yi: 43nguan mpem ahaasa aduasa ason ne ahannum (337,500), 44anantwi mpem aduasa asia (36,000), 45mfurum Mpem aduasa ne ahannum (30,500) ne 46mmeawa mpem dunsia (16,000). 47Nnipa no kyɛfa a wonyae no, Mose yiyii nnommum ne mmoa aduonum biara mu baako de maa Lewifo a wɔhwɛ Awurade Ahyiae Ntamadan so no. Wɔyɛɛ eyi nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

48Afei, asraafo no so mpanyimfo baa Mose nkyɛn 49bɛka kyerɛɛ no se, “Yɛabu nnipa a yɛde wɔn kɔɔ ɔko no nyinaa ano akyerɛ wo na ɔbaako koraa anyera. 50Ɛno nti, yefi nea yenyaa no ɔko no mu no bi mu rebɛda Awurade ase. Yɛn asedade no yɛ sika nnwinne, nkapo, nkaa, asokaa ne kɔnmuade. Eyinom bɛyɛ mpata ama yɛn kra wɔ Awurade anim.”

51Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee saa akyɛde yi a ɛyɛ sikakɔkɔɔ ne nnwinne no fii asraafo mpanyimfo no nkyɛn. 52Ne nyinaa mu sikakɔkɔɔ a asahene no de bae sɛ akyɛde a wɔde rebrɛ Awurade no ano si nkaribo kilogram ɔha ne aduɔkron. 53Na asraafo no afa ɔko no mu nneɛma a wonyae no bi. 54Enti Mose ne Eleasar gyee akyɛde no fii asraafo mpanyimfo no hɔ, na wɔde sikakɔkɔɔ no baa Ahyiae Ntamadan no mu sɛ ɛnyɛ nkae ade mma Awurade sɛ Israelfo yɛ ne dea.

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 31:1-54

Midianfoɔ So Aweretɔ

1Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Esiane sɛ Midianfoɔ daadaa mo de mo kɔɔ abosonsom mu no enti, tɔ wɔn so awere. Yei akyi no wɔbɛwu na wɔakɔ wɔn agyanom nkyɛn.”

3Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Monyi mmarima no mu bi na wɔnkɔ Awurade aweretɔ sa a ɔde tia Midianfoɔ no. 4Momfa Israel abusua biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.” 5Wɔyɛɛ saa nyaa mmarima mpem dumienu siesie wɔn maa ɔko no. 6Afei Mose ma wɔkɔeɛ, nnipa apem baako a wɔfiri abusuakuo biara mu. Ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas na ɔdii wɔn anim kɔɔ ɔko no. Wɔrekɔ no, wɔde kronkronneɛ a ɛwɔ kronkronbea hɔ ne totorobɛnto a wɔbɛhyɛn akanyane akodɔm no kɔeɛ.

7Na sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, wɔkumm Midian mmarima nyinaa wɔ ɔko no mu. 8Wɔn a wɔkumm wɔn no bi ne Midian ahemfo baanum a wɔn edin de Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Beor babarima Balaam nso, wɔkumm no. 9Afei, Israel asraafoɔ no kyekyeree Midian mmaa ne mmɔfra nyinaa ne wɔn anantwie ne wɔn nnwan fom nneɛma pii kaa ho. 10Wɔtoo Midian nkuro ne nkuraa nyinaa mu ogya, hyee no pasaa. 11Wɔfaa asadeɛ ne afodeɛ a nnipa no ne mmoa ka ho. 12Wɔde nneduafoɔ no ne ɔko no mu nneɛma a wɔnyaeɛ no nyinaa brɛɛ Mose, ɔsɔfoɔ Eleasa ne Israelfoɔ a na wɔabɔ wɔn atenaseɛ wɔ Moab bepɔ so baabi a na ɛbɛn Asubɔnten Yordan a wɔtwa firi Yeriko ba hɔ no.

13Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano no kɔhyiaa nkonimdifoɔ no ɛkwan. 14Nanso, Mose bo fuu mpanimfoɔ a wɔtuatua akodɔm no ano no.

15Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moankunkum mmaa no? 16Yeinom ara ne nnipa no a wɔtie Balaam enti wɔmaa Israelfoɔ gyaa Awurade kɔsom abosom wɔ bepɔ Peor so a enti ɛmaa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bebree baa yɛn so bɛsɛee yɛn no. 17Monkunkum mmarimaa no nyinaa. Afei, monkunkum mmaa a wɔne mmarima adeda no nyinaa. 18Mommfa mo nsa nka mmaayewa nketewa no. Wɔn deɛ, momfa wɔn na mo ne wɔn nkɔtena.

19“Afei, momfiri atenaeɛ ha nkɔtena baabi nnanson, ɛfiri sɛ, mo nyinaa moakum nnipa anaa mode mo nsa aka efunu. Monnwira mo ho ne mo nneduafoɔ ne nnansa ne ne nnanson so. 20Monkae na monnwira mo ntadeɛ ne biribiara a wɔde aboa nwoma, abirekyie nwi anaa dua ayɛ.”

21Afei, ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ mmarima a wɔkɔɔ ɔko no sɛ, “Yei ne mmara a Awurade ahyɛ a waka akyerɛ Mose. 22Biribiara a ɛtumi gyinaa ogya ano te sɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, sanya anaa sumpii no, 23ɛsɛ sɛ wɔde ka ogya sɛdeɛ ɛho bɛte. Yei akyi, ɛsɛ sɛ wɔde ahodwira nsuo dwira ho ma ɛho te. Nanso, biribiara a ɛrentumi nnyina ogya ano no deɛ, wɔmfa nsuo nnwira ho. 24Nnanson so, ɛsɛ sɛ mosi mo ntadeɛ na modwira mo ho ansa na moasane aba atenaeɛ hɔ.”

Wɔkyekyɛ Afodeɛ

25Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 26“Ɛsɛ sɛ wo ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmusua no mpanimfoɔ nyinaa twerɛ afodeɛ a nnipa ne mmoa ka ho a monyaa no ɔko no mu. 27Afei, monkyɛ afodeɛ no mu mmienu. Momfa ɛfa mma mmarima a wɔkɔɔ ɔko no na momfa ɛfa a aka no mma nnipa a aka no. 28Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ Awurade nya kyɛfa a ɛyɛ nneduafoɔ, anantwie, mfunumu, ne nnwan a ɛfiri akofoɔ no kyɛfa mu. Awurade kyɛfa no bɛyɛ ahanum biara mu baako. 29Fa saa kyɛfa yi ma ɔsɔfoɔ Eleasa na ɔnhim no afɔrebukyia no anim mfa mma Awurade. 30Afei Israelfoɔ a wɔaka no kyɛfa no, monyi aduonum biara mu baako. Momfa yei mma Lewifoɔ a wɔhwɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no so no.” 31Enti, Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.

32Afodeɛ a ɛkaeɛ a akofoɔ no faeɛ no dodoɔ yɛ nnwan mpem ahansia aduɔson enum (675,000); 33anantwie mpem aduɔson mmienu (72,000); 34mfunumu mpem aduosia baako (61,000); 35ne mmaayewa mpem aduasa mmienu (32,000).

36Nneɛma no fa a wɔde maa asraafoɔ no dodoɔ nie:

Nnwan mpem ahasa aduasa nson ne ahanum (337,500) 37a wɔde mu ahansia aduɔson enum (675) maa Awurade;

38Anantwie mpem aduasa nsia (36,000) a wɔde mu aduɔson mmienu (72) maa Awurade;

39mfunumu mpem aduasa ne ahanum (30,500) a emu aduosia baako (61) yɛ Awurade kyɛfa;

40mmaayewa mpem dunsia (16,000); wɔde wɔn mu aduasa mmienu (32) maa Awurade.

41Wɔde Awurade kyɛfa no nyinaa maa ɔsɔfoɔ Eleasa sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.

42Afodeɛ no a Israelfoɔ no nyaa no na ɛdidi soɔ yi: 43nnwan mpem ahasa aduasa nson ne ahanum (337,500), 44anantwie mpem aduasa nsia (36,000), 45mfunumu Mpem aduasa ne ahanum (30,500) ne 46mmaayewa mpem dunsia (16,000). 47Nnipa no kyɛfa a wɔnyaeɛ no, Mose yiyii nneduafoɔ ne mmoa aduonum biara mu baako de maa Lewifoɔ a wɔhwɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan so no. Wɔyɛɛ yei nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

48Afei, asraafoɔ mpanimfoɔ baa Mose nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, 49“Owura yɛabu nnipa a yɛde wɔn kɔɔ ɔko no nyinaa ano akyerɛ wo na yɛn mu baako koraa anyera. 50Ɛno enti, yɛfiri deɛ yɛnyaa no ɔko no mu no bi mu rebɛda Awurade ase. Yɛn asedadeɛ no yɛ sika adwinneɛ, nkapo, nkawa, nsonkawa ne kɔnmuadeɛ. Yeinom bɛyɛ mpatadeɛ ama yɛn kra wɔ Awurade anim.”

51Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa gyee saa akyɛdeɛ yi a ɛyɛ sikakɔkɔɔ ne adwinneɛ firii asraafoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn. 52Ne nyinaa mu sikakɔkɔɔ a asahene no de baeɛ sɛ akyɛdeɛ a wɔde rebrɛ Awurade no ano si nkariboɔ kilogram ɔha ne aduɔkron. 53Na asraafoɔ no afa ɔko no mu nneɛma a wɔnyaeɛ no bi. 54Enti Mose ne Eleasa gyee akyɛdeɛ no firii asraafoɔ mpanimfoɔ no hɔ, na wɔde sikakɔkɔɔ no baa Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ ɛnyɛ nkaeɛ adeɛ mma Awurade sɛ Israelfoɔ yɛ ne dea.