4 Mose 32 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 32:1-42

Mmusuakuw A Wɔwɔ Yordan Agya

1Na Ruben ne Gad mmusuakuw no wɔ nyɛmmoa pii, enti wuhuu sɛ Yaser ne Gilead nsase no beye ama wɔn nguan ne anantwi no. 2Enti wɔkɔɔ Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne nnipa no ntuanofo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, 3“Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon yɛ 4nsase a Awurade ako, agye ama Israelfo na eye ma yɛn nguan ne yɛn anantwi. 5Sɛ yɛanya adom wɔ mo anim a, yɛsrɛ mo momfa saa asase yi mma yɛn sɛ yɛn kyɛfa na munnyae Asubɔnten Yordan agya nohɔ a mopɛ sɛ mode ma yɛn no.”

6Mose nso bisaa Rubenfo ne Gadfo no se, “Mokyerɛ sɛ, mopɛ sɛ motena ha bere a mo nuanom atwa mu rekɔko? 7Adɛn nti na mopɛ sɛ mubu Israelfo no aba mu ma wɔsan sɛ wɔrenkɔ asase a Awurade de ama wɔn no so no? 8Ade koro yi ara na mo agyanom yɛe. Mesomaa wɔn fii Kades-Barnea sɛ wɔnkɔsra asase no. 9Wowiee nsra no na wofi Eskol subon mu bae no, wobuu nnipa no aba mu sɛ wɔnnkɔ asase a Awurade de ama wɔn no so. 10Da no Awurade abufuw sɔree na ɔkaa saa ntam yi: 11‘Esiane sɛ wɔamfi wɔn koma nyinaa mu anni mʼakyi nti wɔn mu biara nni hɔ a bere a wɔrefi Misraim no a na wadi mfe aduonu anaa nea ɛboro saa a no behu asase a mehyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob ho bɔ no, 12ɔbaako mpo nni hɔ, gye Kenesini32.12 Sɛnea 1 Mose 15.19 ne 36.11 kyerɛ no, Kenesifo yɛ Kanaanfo a wɔyɛ Esau asefo. Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa dii Awurade akyi, hyɛɛ nnipa nkuran sɛ wɔnkɔ Bɔhyɛ Asase no so.’ 13Awurade maa yekyinkyin sare no so hɔ mfirihyia aduanan kosii sɛ saa awo ntoatoaso amumɔyɛfo no nyinaa wuwui.

14“Nanso monhwɛ, abɔnefo, moregyina mo agyanom anan mu ama Awurade bo afuw Israel nea ɛkyɛn so. 15Sɛ mosan fi nʼakyi a, ɔbɛsan agyaw ne nnipa no nyinaa wɔ sare so hɔ na wɔn sɛe no befi mo.”

16Wɔteɛɛ mu se, “Ɛnte saa koraa! Yɛbɛyɛ yɛn nguannan na yɛakyekyere nkurow akɛse ama yɛn mmea ne mmofra. 17Na yɛn ankasa de akode bɛhyehyɛ yɛn ho adi Israelfo a wɔaka no anim akosi sɛ yɛde wɔn bɛba asomdwoe mu ama wɔabɛfa wɔn agyapade. Na nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛkyekye nkurow a yebegye afasu afa ho ama yɛn nkurɔfo atena mu na ɛhɔfo no ankɔtow anhyɛ wɔn so. 18Sɛ Israelfo no nyinaa nsa nkaa wɔn agyapade no a, yɛrensan mma yɛn afi mu. 19Yɛne wɔn renkyɛ Yordan agya hɔ asase biara, efisɛ yɛanya yɛn agyapade no wɔ Yordan apuei fam hɔ.”

20Mose kae se, “Sɛ mobɛyɛ sɛnea moaka no, sɛ mobɛhyehyɛ mo ho wɔ Awurade anim ama ɔko, 21na mode mo asraafo no atwa Yordan kosi sɛ Awurade bɛpam nʼatamfo no, 22na sɛ asase no ho asɛm dwo brɛoo wɔ Awurade anim a, ɛno de mutumi san ba. Ɛba saa a, na ɛkyerɛ sɛ, moayɛ mo asɛde ama Awurade ne Israelfo nyinaa. Na asase a ɛda apuei no nso, Awurade de bɛma mo.

23“Sɛ moanni asɛm a moaka no so a, na moayɛ bɔne atia Awurade, munhu sɛ, ɛho asotwe bɛba mo so. 24Monkɔ so nkyekyere nkurow mma mo fifo na monyɛ nguannan mma mo nguan na munni asɛm a mokae no nyinaa so.”

25Ruben ne Gad nkurɔfo no kae se, “Yebedi wʼahyɛde no so pɛpɛɛpɛ. 26Yɛn mma, yɛn yerenom, yɛn nguan ne yɛn anantwi bɛtena Gilead nkuropɔn mu. 27Nanso yɛn a wɔakyere yɛn sɛ asraafo no bɛko ama Awurade sɛnea woaka no.”

28Enti Mose penee so ka kyerɛɛ Eleasar, Yosua ne mpanyimfo a wotuatua Israel mmusuakuw ano no se, 29“Sɛ Gad ne Ruben abusuakuw mu mmarima nyinaa a wɔakyere wɔn ayɛ wɔn asraafo sɛ wɔnkɔko mma Awurade no ne me kɔ Yordan na sɛ wɔkɔko di nkonim wɔ hɔ a, momfa Gilead asase no mma wɔn; 30na sɛ wɔankɔ a, ɛno de, wɔmpene so mfa nsase a mowɔ wɔ Kanaan asase so no bi.”

31Gad ne Ruben abusuafo kaa bio se, “Wo nkoa bedi Awurade asɛm so; 32yɛde akode bɛhyehyɛ yɛn ho adi Awurade akyi akɔ Kanaan, nanso yɛn ara yɛn asase bɛda Yordan fa ha.”

33Enti Mose ma wɔde Amorihene Sihon ne Basanhene Og nsasetam ne wɔn nkurow akɛse maa Gad, Ruben ne Yosef babarima Manase mmusuakuw.

34Gad nkurɔfo na wɔkyekyeree saa nkurow yi: Dibon, Atarot, Aroer. 35Atrot-Sofan, Yaser Yogbeha, 36Bet-Nimra ne Betharan. Na ɛyɛ nkurow a nguan wɔ mu yiye. 37Ruben mmabarima na wɔkyekyeree saa nkurow a edidi so yi: Hesbon, Eleale ne Kiriataim, 38Nebo, Baal-Meon a akyiri no wɔsesaa wɔn din, ne Sibma. Wɔtotoo nkurow a wɔsan kyekyee no din.

39Makir asefo a wofi Manase abusuakuw mu kɔɔ Gilead kɔko dii hɔ so pam Amorifo a saa bere no na wɔte hɔ no nyinaa. 40Enti Mose de Gilead maa Makirfo a wɔyɛ Manase asefo no, ma wɔtenaa hɔ. 41Manase abusuakuw mu nnipa foforo bi a wofi Yair nso tenatenaa Gilead nkurow bebree so, sesaa beae a wɔwɔ hɔ no din frɛɛ hɔ Hafrotyair. 42Ɔbarima bi a ne din de Noba dii asraafo bi anim de wɔn kɔɔ Kenat ne ne nkuraase kɔbɔɔ wɔn atenae wɔ hɔ enti ɔde ne din Noba too saa beae hɔ.

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 32:1-42

Mmusuakuo A Wɔwɔ Yordan Apueeɛ Fam

1Na Ruben ne Gad mmusuakuo no wɔ nyɛmmoa pii, enti wohunuu sɛ Yaser ne Gilead nsase no bɛyɛ ama wɔn nnwan ne anantwie no, 2wɔkɔɔ Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne nnipa no ntuanofoɔ no nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, 3“Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon. 4Saa nsase yi nyinaa, Awurade ako, agye ama Israelfoɔ. Ɛbɛyɛ ama yɛn nnwan ne yɛn anantwie. 5Sɛ yɛanya adom wɔ mo anim a, yɛsrɛ mo momfa saa asase yi mma yɛn sɛ yɛn kyɛfa na monnyae Asubɔnten Yordan fa nohoa a mopɛ sɛ mode ma yɛn no.”

6Mose nso bisaa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no sɛ, “Mokyerɛ sɛ, mopɛ sɛ motena ha wɔ ɛberɛ a mo nuanom atwa mu rekɔko? 7Mopɛ sɛ mobu nnipa a aka no aba mu ma wɔsane sɛ wɔrenkɔ asase a Awurade de ama wɔn no so no? 8Ade koro yi ara na mo agyanom yɛeɛ. Mesomaa wɔn firii Kades-Barnea sɛ wɔnkɔsra asase no 9nanso ɛberɛ a wɔwiee nsra no na wɔfiri Eskol subɔnhwa mu baeɛ no, wɔbuu nnipa no aba mu sɛ wɔrenkɔ Awurade Bɔhyɛ Asase no so. 10Na Awurade bo fuu wɔn enti ɔkaa ntam sɛ, 11wɔn a wɔayi wɔn afiri Misraim asase so no, wɔn mu biara nni hɔ a wadi boro mfirinhyia aduonu a ɔbɛhunu asase a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob ho bɔ no, ɛfiri sɛ, wɔanni ne mmara so. 12Agye Kenesini32.12 Sɛdeɛ 1 Mose 15.19 ne 36.11 kyerɛ no, Kenesifoɔ yɛ Kanaanfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ. Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua na wɔnka ho, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn akoma nyinaa dii Awurade akyi, hyɛɛ nnipa nkuran sɛ wɔnkɔ Bɔhyɛ Asase no so. 13Awurade ma yɛkyinkyinii ɛserɛ no so hɔ mfirinhyia aduanan kɔsii sɛ saa awoɔ ntoatoasoɔ amumuyɛfoɔ no nyinaa wuwuiɛ.

14“Nanso, monhwɛ, abɔnefoɔ, moreyɛ saa bɔne koro no ara bi. Esiane sɛ mo dɔɔso enti, Awurade bo a afu Israel no ano bɛyɛ den sen kane no. 15Sɛ motwe mo ho firi Onyankopɔn ho sei a, ɔbɛma nnipa no atena ɛserɛ so hɔ akyɛre na sɛ nnome bi ba wɔn so a, ɛho asodie da mo so.”

16Wɔteaam sɛ, “Ɛnte saa koraa! Yɛbɛyɛ yɛn nnwammuo na yɛakyekyere nkuro akɛseɛ asi nketewa no anan 17na yɛn ankasa de akodeɛ bɛhyehyɛ yɛn ho adi Israelfoɔ a aka no anim kɔsi sɛ yɛde wɔn bɛba asomdwoeɛ mu ama wɔabɛfa wɔn agyapadeɛ. Na deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ yɛkyekyere nkuro a yɛbɛgye afasuo afa ho ama yɛn nkurɔfoɔ atena mu na ɛhɔfoɔ no ankɔto anhyɛ wɔn so. 18Sɛ Israelfoɔ no nsa nkaa wɔn agyapadeɛ no a, yɛrentena ha. 19Yɛmpɛ Yordan ho asase biara. Mmom, yɛpɛ asase a ɛda apueeɛ fam hɔ no.”

20Mose kaa sɛ, “Ɛyɛ. Sɛ mobɛyɛ sɛdeɛ moaka no, na mode akodeɛ ahyehyɛ mo ho ama Awurade ɔko no, 21na mode mo akodɔm no atware Yordan kɔsi sɛ Awurade bɛpamo nʼatamfoɔ no a, 22ɛnneɛ, sɛ asase no ho asɛm dwo brɛoo wɔ Awurade anim a, motumi sane ba. Ɛba saa a, na ɛkyerɛ sɛ, moayɛ mo asɛdeɛ ama Awurade ne Israelfoɔ nyinaa. Na asase a ɛda apueeɛ no nso, Awurade de bɛma mo.

23“Sɛ moanni asɛm a moaka no so a, na moayɛ bɔne atia Awurade, na sɛ ɛba saa a, monhunu sɛ, ɛho asotwe bɛba mo so. 24Monkɔ so nkyekyere nkuro mma mo fiefoɔ na monyɛ nnwammuo mma mo nnwan na monni asɛm a mokaeɛ no nyinaa so.”

25Ruben ne Gad nkurɔfoɔ no kaa sɛ, “Yɛbɛdi wʼahyɛdeɛ no so pɛpɛɛpɛ. 26Yɛn mma, yɛn yerenom, yɛn nnwan ne yɛn anantwie bɛtena Gilead nkuropɔn mu. 27Nanso, yɛn a wɔakyere yɛn sɛ asraafoɔ no bɛko ama Awurade sɛdeɛ woaka no.”

28Enti, Mose penee so ka kyerɛɛ Eleasa, Yosua ne mpanimfoɔ a wɔtuatua Israel mmusuakuo ano no sɛ, 29“Sɛ Gad ne Ruben abusuakuo mu mmarima nyinaa a wɔakyere wɔn ahyɛ sraa mu sɛ wɔnkɔko mma Awurade no ne me kɔ Yordan na sɛ wɔkɔko di nkonim wɔ hɔ a, momfa Gilead asase no mma wɔn; 30na sɛ wɔankɔ a, ɛnneɛ wɔmpene so mfa nsase a mowɔ wɔ Kanaan asase so no bi.”

31Gad ne Ruben abusuafoɔ kaa bio sɛ, “Yɛbɛdi Awurade asɛm so; 32yɛde akodeɛ bɛhyehyɛ yɛn ho adi Awurade akyi akɔ Kanaan nanso, yɛn ara yɛn asase bɛda Yordan fa ha.”

33Enti, Mose maa wɔde Amorifoɔhene Sihon ne Basanhene Og nsasetam ne wɔn nkuro akɛseɛ maa Gad, Ruben ne Yosef babarima Manase mmusuakuo.

34Gad nkurɔfoɔ na wɔkyekyeree saa nkuro yi: Dibon, Atarot, Aroer. 35Atrot-Sofan, Yaser Yogbeha, 36Bet-Nimra ne Betharan. Na ɛyɛ nkuro a nnwan wɔ mu yie. 37Ruben mmammarima na wɔkyekyeree saa nkuro a ɛdidi so yi: Hesbon, Eleale Kiriataim, 38Nebo, Baal-Meon ne Sibma. Wɔtotoo nkuro a wɔakyekyere no edin foforɔ.

39Afei, Makir asefoɔ a wɔfiri Manase abusuakuo mu kɔɔ Gilead kɔko dii hɔ so pamoo Amorifoɔ a saa ɛberɛ no na wɔte hɔ no nyinaa. 40Enti, Mose de Gilead maa Makirfoɔ, Manase asefoɔ, ma wɔtenaa hɔ. 41Manase abusuakuo mu nnipa foforɔ bi a wɔfiri Yair nso tenatenaa Gilead nkuro bebree so, sesaa beaeɛ a wɔwɔ hɔ no din frɛɛ hɔ Hafrotyair. 42Ɔbarima bi a ne din de Noba dii asraafoɔ bi anim de wɔn kɔɔ Kenat ne ne nkuraaseɛ kɔbɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ hɔ, enti ɔde ne din Noba too saa beaeɛ hɔ.