4 Mose 31 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

4 Mose 31:1-54

Midianfo So Aweretɔ

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Esiane sɛ Midianfo daadaa mo de mo kɔɔ abosonsom mu no nti, tɔ so were ma Israelfo no. Eyi akyi no wubewu na woakɔ wʼagyanom nkyɛn.”

3Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo so se, “Munyi mo mmarima no mu bi na wɔnkɔ Awurade aweretɔ sa a ɔde tia Midianfo no. 4Momfa Israel abusua biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.” 5Wɔyɛɛ saa nyaa mmarima mpem dumien siesie wɔn maa ɔko no; Israel abusuakuw biara maa mmarima apem. 6Afei Mose ma wɔkɔe, nnipa apem baako a wofi abusuakuw biara mu. Ɔsɔfo Eleasar babarima Pinehas na odii wɔn anim kɔɔ ɔko no. Wɔrekɔ no, wɔde akronkronne a ɛwɔ kronkronbea hɔ ne ntorobɛnto a wɔbɛhyɛn de ama asraafo no nsɛnkyerɛnne kɔe.

7Wɔne Midiafo no koe, na sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no wokum Midian mmarima no nyinaa. 8Wɔn a wokum wɔn no bi ne Midian ahemfo baanum a wɔn din de Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Beor babarima Balaam nso, wɔde afoa kum no. 9Afei, Israel asraafo no kyekyeree Midian mmea ne mmofra nyinaa ne wɔn anantwi ne wɔn nguan fom nneɛma pii kaa ho sɛ asade. 10Wɔtoo Midian no atenae, nkurow ne nkuraa nyinaa mu gya, hyew no pasaa. 11Wɔfaa asade ne afowde a nnipa no ne mmoa ka ho. 12Wɔde nnommum no ne ɔko no mu nneɛma a wonyae no nyinaa brɛɛ Mose, ɔsɔfo Eleasar ne Israelfo a na wɔabɔ wɔn atenase wɔ Moab tataw so baabi a na ɛbɛn Asubɔnten Yordan a wotwa fi Yeriko baa hɔ no.

13Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano no fii atenae hɔ kohyiaa nkonimdifo no kwan. 14Nanso Mose bo fuw mpanyimfo a wotuatua nsraadɔm apem ne ɔha no ano a wofi ɔsa no bae no.

15Obisaa wɔn se, “So moankunkum mmea no? 16Wɔn ne nnipa no a wotie Balaam nti wɔtwetwee Israelfo na amma wɔanni Awurade nokware kɔsom abosom wɔ bepɔw Peor so a enti ɛmaa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bebree baa Awurade nkurɔfo so no. 17Munkunkum mmarimaa no nyinaa. Na munkunkum mmea a wɔne mmarima adeda no nyinaa. 18Mmeawa nketewa a wɔne mmarima nnae no na munnyaa wɔn na mo ne wɔn ntena.

19“Ɛsɛ sɛ obiara a wakum obi, anaa ɔde ne nsa kaa nea wɔakum no no, fi atenae ha nkɔtena baabi nnanson. Munnwira mo ho ne mo nnommum no nnansa ne ne nnanson so. 20Munnwira mo ntade ne biribiara a wɔde aboa nhoma, abirekyi nwi anaa dua ayɛ.”

21Afei, ɔsɔfo Eleasar ka kyerɛɛ mmarima a wɔkɔɔ ɔko no se, “Eyi ne mmara a Awurade ahyɛ a waka akyerɛ Mose: 22Sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dade, sanyaa, sumpii 23ne biribiara a etumi etumi gyina ogya ano no ɛsɛ sɛ wɔde fa ogya mu sɛnea ɛho bɛtew. Eyi akyi, ɛsɛ sɛ wɔde ahodwira nsu dwira ho ma ɛtew ho. Nanso, biribiara a ɛrentumi nnyina ogya ano no de, wɔmfa nsu nnwira ho. 24Nnanson so no, ɛsɛ sɛ mohoro mo ntade na mo ho afi. Afei mubetumi asan aba atenae hɔ.”

Wɔkyɛ Asade

25Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 26“Ɛsɛ sɛ wo ne ɔsɔfo Eleasar ne mmusua no mpanyimfo nyinaa kan asade a nnipa ne mmoa a mofaa wɔ ɔko no mu no. 27Monkyɛ asade no mu abien pɛpɛɛpɛ mfa fa mma asraafo a wɔkɔɔ ɔko no na momfa fa a aka no mma nnipa a wɔaka no. 28Asraafo a wɔkoo no kyɛfa mu no, munyi ahannum biara so baako; sɛ ɛyɛ nnipa, anantwi, mfurum anaa nguan na momfa nsom Awurade. 29Fa saa kyɛfa yi ma ɔsɔfo Eleasar na onhim no afɔremuka no anim mfa mma Awurade. 30Afei Israelfo a wɔaka no kyɛfa no, munyi aduonum biara mu baako; sɛ ɛyɛ nnipa, anantwi, mfurum, nguanten anaa mmoa foforo biara no, momfa mma Lewifo a wɔhwɛ Awurade Ahyiae Ntamadan no so no.” 31Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar yɛɛ nea Awurade hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.

32Asade a ɛkae a akofo no fae no dodow yɛ nguan mpem ahansia ne aduɔson anum (675,000); 33anantwi mpem aduɔson abien (72,000); 34mfurum mpem aduosia baako (61,000); 35ne mmeawa mpem aduasa abien (32,000).

36Nneɛma no fa a wɔde maa asraafo no dodow ni:

Nguan mpem ahaasa aduasa ason ne ahannum (337,500) 37a wɔde mu ahansia aduɔson anum (675) som Awurade;

38Anantwi mpem aduasa asia (36,000) a wɔde mu aduɔson abien (72) som Awurade;

39mfurum mpem aduasa ne ahannum (30,500) a wɔde emu aduosia baako (61) som Awurade;

40mmeawa mpem dunsia (16,000); wɔde wɔn mu aduasa abien (32) som Awurade.

41Kyɛfa a wɔde Awurade no nyinaa no wɔde maa ɔsɔfo Eleasar sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.

42Asade no a Israelfo no nyaa no na edidi so yi: 43nguan mpem ahaasa aduasa ason ne ahannum (337,500), 44anantwi mpem aduasa asia (36,000), 45mfurum Mpem aduasa ne ahannum (30,500) ne 46mmeawa mpem dunsia (16,000). 47Nnipa no kyɛfa a wonyae no, Mose yiyii nnommum ne mmoa aduonum biara mu baako de maa Lewifo a wɔhwɛ Awurade Ahyiae Ntamadan so no. Wɔyɛɛ eyi nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

48Afei, asraafo no so mpanyimfo baa Mose nkyɛn 49bɛka kyerɛɛ no se, “Yɛabu nnipa a yɛde wɔn kɔɔ ɔko no nyinaa ano akyerɛ wo na ɔbaako koraa anyera. 50Ɛno nti, yefi nea yenyaa no ɔko no mu no bi mu rebɛda Awurade ase. Yɛn asedade no yɛ sika nnwinne, nkapo, nkaa, asokaa ne kɔnmuade. Eyinom bɛyɛ mpata ama yɛn kra wɔ Awurade anim.”

51Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee saa akyɛde yi a ɛyɛ sikakɔkɔɔ ne nnwinne no fii asraafo mpanyimfo no nkyɛn. 52Ne nyinaa mu sikakɔkɔɔ a asahene no de bae sɛ akyɛde a wɔde rebrɛ Awurade no ano si nkaribo kilogram ɔha ne aduɔkron. 53Na asraafo no afa ɔko no mu nneɛma a wonyae no bi. 54Enti Mose ne Eleasar gyee akyɛde no fii asraafo mpanyimfo no hɔ, na wɔde sikakɔkɔɔ no baa Ahyiae Ntamadan no mu sɛ ɛnyɛ nkae ade mma Awurade sɛ Israelfo yɛ ne dea.