3 Mose 4 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 4:1-35

Bɔne Ho Afɔrebɔ

1Afei Awurade hyɛɛ mmara foforo maa Mose sɛ: 2“Ka kyerɛ Israelfo se saa mmara yi na ɛwɔ hɔ ma obiara a wanhyɛ da na obebu me mmara no bi so.

3“ ‘Sɛ ɔsɔfo bi anhyɛ da na ɔfom mmara bi na ɛnam so de afɔbu ba nnipa no so a, ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba a onnii dɛm bɔ bɔne ho afɔre de ma Awurade. 4Ɛsɛ sɛ ɔde aboa no ba Ahyiae Ntamadan no pon ano na ɔde ne nsa gu nʼapampam na okum no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. 5Ɔsɔfo no de aboa no mogya bɛkɔ Ahyiae Ntamadan no mu. 6Ɔde ne nsateaa baako bɛbɔ mogya no mu apete mpɛn ason wɔ Awurade anim wɔ ntama a ɛsɛn kronkron mu kronkron no anim. 7Afei, ɔsɔfo no de mogya no bi begu aduhuam no tumpan a esi afɔremuka no so no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no mu; mogya no a ɛbɛka no, wobehwie agu afɔremuka no ase de abɔ ɔhyew afɔre wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. 8Afei ɔbɛtetew srade a ɛwɔ ne nsono no ho nyinaa, 9ne asaabo abien no ne sisia srade ne ne bɔnwoma kotoku, 10na wahyew no wɔ ɔhyew afɔremuka no so te sɛ nantwinini anaa nantwibere a wɔde no bɔ asomdwoe afɔre no pɛ. 11Nanso nantwi ba no ho nneɛma a ɛbɛka a ɛyɛ ne nwoma, ne nam, ne ti, ne nan, nʼayamde, ne ne nsono no de, 12wɔmfa nkɔ afahyɛbea bi a ɛhɔ tew wɔ akyiri baabi a wɔde nsõ fi afɔremuka no so kɔ hɔ kɔhyew no nnyansin so no.

13“ ‘Sɛ Israelfo nyinaa yɛ bɔne a etia Awurade, na sɛ ɛnyɛ ɔboayɛ a, nnipa no nyinaa bedi ho fɔ. 14Na sɛ wohu wɔn bɔne a, wɔde nantwi ba bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔre wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. 15Sɛ wɔrebɔ saa afɔre no a, ɔman no mu mpanyimfo de wɔn nsa begu aboa no apampam na wɔakum no wɔ Awurade anim. 16Na ɔsɔfo no de ne mogya aba Ahyiae Ntamadan no mu, 17na ɔde ne nsateaa baako abɔ mogya no mu apete mpɛn ason wɔ Awurade ne ntama a etwa ɔdan no mu no anim. 18Ɔde mogya begu mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no so wɔ Ahyiae Ntamadan no mu wɔ Awurade anim. Afei obehwie mogya a aka wɔ ɔhyew afɔre no afɔremuka no ase no agu wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. 19Ɛsɛ sɛ woyi na wɔhyew srade a ɛwɔ aboa no mu no nyinaa wɔ afɔremuka no so. 20Ɔbɛfa ɔkwan a wɔfa so bɔ bɔne ho afɔre no so pɛpɛɛpɛ. Eyi bɛma ɔsɔfo no abɛyɛ mpata ama ɔman no, na wɔde obiara bɔne bɛkyɛ no. 21Afei asɔfo no bɛtwe nantwinini ba no de no akɔ beae foforo bi akɔhyew no wɔ hɔ te sɛnea ɔrebɔ ɔbaakofo bɔne ho afɔre no. Nanso eyi de, ɛyɛ ɔman mu no nyinaa afɔrebɔde.

22“ ‘Sɛ mpanyimfo no bi yɛ bɔne a onnim sɛ wafom Onyankopɔn mmara no baako 23na wɔma no te ne ho ase a, ɛsɛ sɛ ɔde ɔpapo a ne ho nni dɛm ba sɛ nʼafɔrebɔde. 24Ɔde ne nsa begu aboa no apampam na wakum no wɔ beae a wokum ɔhyew afɔre mmoa no de ama Awurade no. Eyi yɛ ne bɔne ho afɔrebɔde. 25Afei, ɔsɔfo no de ne nsateaa baako bɛbɔ afɔrebɔde mogya no mu na ɔde asra afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no mmɛn no ho; na afei wɔahwie mogya no nkae agu afɔremuka no ase. 26Wɔbɛhyew srade no nyinaa wɔ afɔremuka no so te sɛ nea wɔhyew asomdwoe afɔre srade no ara pɛ; ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama ɔpanyin ko no wɔ ne bɔne no ho; na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no.

27“ ‘Sɛ apapahwekwa bi yɛ bɔne a onnim sɛ wafom a, odi ho fɔ. 28Nanso onya te ne ho ase ara pɛ a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibere a ne ho nni dɛm ba ma wɔde pata ne bɔne no. 29Ɔde no bɛba beae a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wokum wɔn de wɔn bɔ ɔhyew afɔre hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne ho afɔrebɔde no apampam na wɔakum no. 30Na ɔsɔfo no de mogya no bi asra ne nsateaa baako ho na ɔde asra ɔhyew afɔremuka mmɛn no ho. Afei, ɔsɔfo no behwie mogya no nkae no agu afɔremuka no ase. 31Wobeyi srade no nyinaa afi mu te sɛ nea wɔfa bɔ asomdwoe afɔre no ara. Na ɔsɔfo no bɛhyew no wɔ afɔremuka no so. Na Awurade ani bɛsɔ. Ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama saa onipa no na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.

32“ ‘Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔde oguamma bɛbɔ ne bɔne ho afɔre nso a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbere a dɛm biara nni ne ho. 33Ɔde no bɛba beae a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wokum wɔn de wɔn bɔ ɔhyew afɔre hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne ho afɔrebɔde no apampam na wakum no sɛ bɔne ho afɔrebɔde. 34Na ɔsɔfo no de mogya no bi asra ne nsateaa baako ho na ɔde asra ɔhyew afɔremuka mmɛn no ho. Na wahwie mogya no nkae no agu afɔremuka no ase. 35Wɔbɛyɛ srade no sɛnea wɔyɛ asomdwoe oguamma srade no. Ɔsɔfo no bɛhyew srade no wɔ afɔremuka no so te sɛ afɔre ahorow a wɔde ogya bɔ ma Awurade no ara pɛ. Ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa ko no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

利未記 4:1-35

獻贖罪祭的條例

1耶和華對摩西說: 2「你把以下條例告訴以色列人。

「如果有人無意中觸犯耶和華的誡命,要按以下方式獻贖罪祭。

3「若大祭司犯罪,禍及眾民,他必須獻給耶和華一頭毫無殘疾的公牛犢作贖罪祭。 4他要把公牛犢牽到會幕門口,將手放在牛頭上,在耶和華面前宰牛。 5他要取一些牛血帶進會幕裡, 6在耶和華面前用手指蘸血向聖所的幔子彈灑七次, 7也要把一些血抹在耶和華面前的香壇的四角上,然後把剩下的血倒在會幕門口的燔祭壇腳旁。 8他要取出作贖罪祭的公牛犢的所有脂肪,包括遮蓋內臟的脂肪和內臟上的脂肪、 9兩個腎臟和腎臟上靠近腰部的脂肪以及肝葉, 10正如取出平安祭牲的脂肪一樣。他要將這一切放在燔祭壇上焚燒。 11-12至於公牛剩下的部分,即皮、所有的肉、頭顱、腿、內臟和糞便,他要帶到營外潔淨之處,就是倒壇灰的地方,放在柴上焚燒。

13以色列全體會眾若無意中觸犯耶和華的誡命,即使沒有意識到,也是犯罪。 14他們意識到後,必須獻上一頭公牛犢作贖罪祭。要將公牛犢帶到會幕前, 15眾長老要把手放在牛頭上,在耶和華面前宰牛。 16大祭司要帶一些牛血進入會幕, 17在耶和華面前用手指蘸血向幔子彈灑七次, 18也要把一些血抹在耶和華面前的香壇的四角上,然後把剩下的血倒在會幕門前的燔祭壇腳旁。 19他要取出公牛犢的所有脂肪,放在祭壇上焚燒, 20正如取出贖罪祭牲的脂肪一樣。這樣,大祭司為全體會眾贖了罪,他們就會得到赦免。 21他要把這公牛犢剩下的部分拿到營外焚燒,像焚燒前一頭公牛犢一樣。這是為全體會眾所獻的贖罪祭。

22「首領若無意中觸犯他的上帝耶和華的誡命,也是犯罪。 23他意識到自己犯罪後,必須獻上一隻毫無殘疾的公山羊作祭物。 24他要把手放在羊頭上,在殺燔祭牲的地方,在耶和華面前宰羊。這是他的贖罪祭。 25祭司要用手指蘸一些羊血抹在燔祭壇的角上,剩下的血要倒在燔祭壇腳旁。 26要像焚燒平安祭牲的脂肪一樣,把羊的所有脂肪都放在壇上焚燒。這樣,祭司為他贖了罪,他就會得到赦免。

27「平民若無意中觸犯耶和華的誡命,也是犯罪。 28他意識到自己犯罪後,必須獻上一隻毫無殘疾的母山羊作贖罪祭。 29他要把手放在羊頭上,在殺燔祭牲的地方宰羊。 30祭司要用手指蘸一些羊血抹在燔祭壇的角上,剩下的血要倒在燔祭壇腳旁。 31獻祭者要像取出平安祭牲的脂肪一樣,取出母山羊的所有脂肪。祭司要把這一切放在壇上焚燒,作為蒙耶和華悅納的馨香之祭。這樣,祭司為他贖了罪,他就會得到赦免。

32「他若獻綿羊作贖罪祭,必須獻一隻毫無殘疾的母綿羊。 33他要把手放在羊頭上,在殺燔祭牲的地方宰羊。 34祭司要用手指蘸一些羊血抹在燔祭壇的角上,剩下的血要倒在燔祭壇腳旁。 35獻祭者要像取出平安祭牲的脂肪一樣,取出母綿羊的所有脂肪。祭司要把這一切放在壇上,與獻給耶和華的祭物一起焚燒。這樣,祭司為他贖了罪,他就會得到赦免。