3 Mose 3 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 3:1-17

Asomdwoe Afɔrebɔ

1“ ‘Sɛ obiara pɛ sɛ ɔbɔ asomdwoe afɔre ma Awurade a, otumi de nantwinini anaa nantwibere bɔ, nanso ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nea ne ho nni dɛm biara. 2Onipa a ɔde aboa no aba no de ne nsa begu aboa no apampam na wakum no wɔ Ahyiae Ntamadan no ano. Na Aaron mmabarima asɔfo no apete aboa no mogya agu afɔremuka no ho. 3Ɛsɛ sɛ mufi asomdwoe afɔre mu de nʼayamde ne srade a ɛwɔ ho nyinaa bɛbɔ aduan afɔre ma Awurade, 4a nʼasaabo abien no ne ne sisi ne nea ne mmerɛbo sa so a mubeyi aka asaabo no ho no. 5Na ɛsɛ sɛ Aaron mma hyew wɔ afɔremuka no so, wɔ ɔhyew afɔre a ɛda dua a ɛrehyew no so; ɛyɛ aduan afɔre, ehua a ɛsɔ Awurade ani.

6“ ‘Sɛ abirekyi anaa oguan na mode bɛbɔ asomdwoe afɔre ama Awurade a, ɛnsɛ sɛ dɛm biara ba ne ho na ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini anaa ɔbere. 7Sɛ mode oguan ba sɛ mo akyɛde a, 8momfa mo nsa ngu nʼapampam na munkum no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Afei, Aaron mmabarima no bɛpete mogya no agu afɔremuka no ho nyinaa. 9Saa asomdwoe afɔrebɔde yi fa bi na wɔmfa mma Awurade sɛ ɔhyew afɔrebɔde a ne dua ne mu nneɛma ne ɛho srade, srade a ɛwɔ nʼayamde ho no nyinaa, 10ne asaabo abien ne ɛho srade a ɛbɛn ne sisia ne ne merɛbo a wobeyi a nʼasaabo ka ho no. 11Ɔsɔfo no bɛhyew no wɔ afɔremuka no so sɛ aduan a ɛyɛ ɔhyew afɔre ama Awurade.

12“ ‘Sɛ wode abirekyi brɛ Awurade sɛ wʼafɔrebɔde a, 13fa wo nsa gu aboa no apampam na kum no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Aaron mmabarima de aboa no mogya bɛpete afɔremuka no ho nyinaa. 14Ɛsɛ sɛ wɔhyew saa afɔrebɔde yi fa bi ma Awurade. Saa afɔrebɔde fa no yɛ aboa no yam srade, 15nʼasaabo abien ne ɛho srade a ɛbɛn nʼasen mu ne ne mmerɛbo a wobeyi aka ne asaabo no ho no. 16Ɔsɔfo no bɛhyew wɔ afɔremuka no so sɛ ɔhyew afɔre. Awurade ani bɛsɔ saa ɔhyew afɔre no. Kae sɛ srade no nyinaa yɛ Awurade dea.

17“ ‘Eyi ne mmara a munni so daa nyinaa wɔ asase yi so baabiara. Munnni srade anaa mogya.’ ”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

利未記 3:1-17

獻平安祭的條例

1「如果有人用牛獻作平安祭,必須在耶和華面前獻上毫無殘疾的公牛或母牛。 2獻祭者要把手放在牛頭上,在會幕門口宰牛。祭司——亞倫的子孫要把牛血灑在祭壇四周。 3獻祭者要從平安祭中獻上火祭給耶和華。他要取出遮蓋內臟的脂肪和內臟上的脂肪、 4兩個腎臟和腎臟上靠近腰部的脂肪以及肝葉。 5祭司要把這一切放在祭壇燃燒的木柴上和燔祭一起焚燒,作為蒙耶和華悅納的馨香火祭。

6「如果用羊作祭物向耶和華獻平安祭,必須獻毫無殘疾的公羊或母羊。 7如果獻的是綿羊羔,獻祭者要把羊羔帶到耶和華面前, 8將手放在羊頭上,在會幕前宰殺。亞倫的子孫要把羊羔的血灑在祭壇四周。 9獻祭者要從平安祭中取出脂肪作為火祭獻給耶和華。他要從靠近脊椎骨處取下整條肥尾巴、遮蓋內臟的脂肪、 10兩個腎臟和腎臟上靠近腰部的脂肪以及肝葉。 11祭司要把這一切放在祭壇上焚燒,作為獻給耶和華的火祭。

12「如果獻的是山羊,獻祭者要把山羊帶到耶和華面前, 13將手放在羊頭上,在會幕門口宰殺。祭司要把羊血灑在祭壇四周。 14-15獻祭者要取出遮蓋內臟的脂肪和內臟上的脂肪、兩個腎臟和腎臟上面靠近腰部的脂肪以及肝葉,作為火祭獻給耶和華。 16祭司要把這一切放在祭壇上焚燒,作為蒙耶和華悅納的馨香火祭。所有的脂肪都屬於耶和華。 17你們無論住在哪裡,都不可吃脂肪和血,這是你們世代永遠要遵守的條例。」