3 Mose 5 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 5:1-19

Bɔne Ahorow A Ɛsɛ Sɛ Wɔbɔ Ho Afɔre

1“ ‘Obiara a ɔnka bɔne bi a onim ho biribi ho hwee no di ho fɔ.

2“ ‘Obiara a ɔde ne nsa ka ade bi a amanne kwan so no ɛho ntew, te sɛ aboa bi a ne ho ntew funu, sɛ ɔyɛ wuram aboa, sɛ ɔyɛ afieboa anaa aboa a ɔwea wɔ fam no, mpo sɛ onnim sɛ ne ho agu fi na akyiri no ogye nʼafɔdi to mu, 3anaa sɛ obi anhyɛ da na ɔde ne nsa ka biribi a efi onipa mu a ɛho ntew na ɔte ne ho ase sɛ odi ho fɔ, 4anaa sɛ obi annwene ho na ɔka ntam sɛ ɔbɛyɛ biribi a eye anaa ennye na akyiri no ohu nʼafɔdi; 5sɛ obi ani ba ne ho so wɔ eyinom biara mu a, ɛsɛ sɛ ɔpae mu ka ne bɔne a wayɛ. 6Ɛsɛ sɛ ɔde oguammere anaa abirekyibere bɔ afɔre ma Awurade wɔ ne bɔne ho asotwe ho. Ɔsɔfo na ɔbɛbɔ onipa ko no bɔne no ho afɔre ama no. Ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama no.

7“ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya oguamma mfa mma Awurade a, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnomamma abien mmra sɛ ne bɔne ho afɔrebɔde. Nnomaa no mu baako bɛyɛ ne bɔne no afɔrebɔde na ɔbaako ayɛ ne hyew afɔrebɔde. 8Ɔde bɛma ɔsɔfo no na ɔde anomaa a odi kan no abɔ bɔne afɔre no. Obekyim aboa no kɔn nanso ɔrentew ne ti mfi so, 9na wapete ne mogya no bi agu afɔremuka no ho. Mogya no nkae no, obehwie agu afɔremuka no ase. Eyi ne afɔrebɔ kwan a ɛpepa bɔne. 10Na ɔsɔfo no de anomaa a ɔto so abien no bɛbɔ ɔhyew afɔre sɛnea ɔbɔɔ afɔre a edi kan no ara pɛ. Ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama nea wayɛ bɔne no, na ɛnam so ama wɔde ne bɔne akyɛ no.

11“ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani buruburoo a ɔrentumi mfa nturukuku anaa mmorɔnomamma mmɛbɔ ne bɔne ho afɔre a, ɔde asikresiam muhumuhu lita abien ne fa bɛba sɛ ne bɔne ho afɔrebɔde. Ɛnsɛ sɛ ɔde ɔsra ngo fra. Ɛnsɛ sɛ ɔde aduhuam nso gu so, efisɛ ɛyɛ bɔne afɔre. 12Ɔde bɛma ɔsɔfo no. Na ɔsɔfo no asaw ne nsa ma de asi ne nyinaa anan na wahyew no wɔ afɔremuka no so ama Awurade sɛ afɔrebɔde biara. Eyi bɛyɛ ne bɔne ho afɔrebɔ. 13Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa no na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no. Asikresiam a aka no, wɔde bɛma ɔsɔfo no te sɛ nnɔbae afɔrebɔde no ara pɛ.’ ”

14Awurade hyɛɛ mmara maa Mose se, 15“Sɛ obi anhyɛ da na ogu ade kronkron ho fi a, ɔde odwennini a ne ho nni dɛm a ɔfata sɛ mpata wɔ nʼafɔdi no ho bɛba abɛbɔ Awurade afɔre. 16Ade kronkron a nipa no guu ho fi no nso, ɔde foforo besi anan na watua dekode no bo ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho sɛ asotwe. Ɔde ne nyinaa bɛma ɔsɔfo na ɔde Odwennini no abɔ bɔne afɔre no na wɔde ne bɔne akyɛ no.

17“Sɛ obi anhyɛ da na obu Awurade mmara no bi so a, odi fɔ nti ɛsɛ sɛ otua afɔbude a Mose bɛhyɛ no. 18Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini anaa ɔpapo a onni dɛm brɛ ɔsɔfo sɛ ne bɔne no ho afɔrebɔde. Na ɔsɔfo no de ayɛ mpata ama no wɔ bɔne biara a ɔyɛe a wanhyɛ da no ho, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no. 19Ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa afɔre no sɛ afɔdi afɔre, efisɛ odi fɔ pefee wɔ Awurade anim.”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

利未記 5:1-19

1「如果有人當庭作證,卻不肯把自己所知所見的說出來,就是犯罪,要擔負罪責。 2如果有人接觸了不潔淨之物,如野獸的屍體、家畜的屍體或爬蟲的屍體,即使無意也已不潔淨,是有罪的。 3如果有人無意中接觸了別人的不潔之物,當他意識到後,就有罪了。 4如果有人草率起誓,不論出於善意還是惡意,即使當初沒有察覺,後來才意識到,也是有罪的。 5如果有人犯了以上任何一種罪,就必須認罪。 6為了贖過,他必須獻給耶和華一隻母綿羊或母山羊作贖罪祭。祭司要為他贖罪。

7「他若獻不起羊,就要獻給耶和華兩隻斑鳩或兩隻雛鴿,一隻作贖罪祭,一隻作燔祭。 8他要把牠們帶到祭司那裡,祭司要先用一隻鳥獻贖罪祭,要扭斷鳥脖子,但不可扯掉頭。 9要把一些鳥血灑在祭壇邊,剩下的血要倒在壇腳旁。這是贖罪祭。 10祭司要依照獻燔祭的條例獻上另一隻鳥。這樣,祭司為他贖了罪,他就會得到赦免。

11「他若獻不起兩隻斑鳩或雛鴿,就要獻一公斤細麵粉作贖罪祭。細麵粉中不可澆油或加乳香,因為這是贖罪祭。 12他要把細麵粉帶到祭司那裡,祭司要從中取出一把作為象徵放在壇上,與獻給耶和華的火祭一起焚燒。這是贖罪祭。 13這樣,祭司為他贖了罪,他就會得到赦免。剩下的細麵粉要歸祭司,像獻素祭一樣。」

獻贖過祭的條例

14耶和華對摩西說: 15「如果有人無意中違犯了耶和華聖物的條例,為了贖過,他要從羊群中選一隻毫無殘疾的公綿羊獻給耶和華,或按聖所的秤獻上同等價值的銀子。這是贖過祭。 16他要賠償所造成的損失,並加賠五分之一,要把這些都交給祭司。祭司要為他獻上公綿羊作贖過祭,為他贖罪,他就會得到赦免。

17「如果有人觸犯耶和華的誡命,即使他不知道,也是有罪的,必須擔當罪責。 18他要從羊群中選一隻毫無殘疾的公綿羊,或把同等價值的銀子帶到祭司那裡作贖過祭。祭司要為他的無心之過贖罪,他就會得到赦免。 19這是贖過祭,因為他在耶和華面前確實有罪。」